Revert to Islam, click here
Islam Al-Haq: Koran ne Hadith
(Nokware Islam)

Q.S Al-Anfal na ɔkyerɛwee (اَلْأَنْفَال) - 75 Nkyekyem Dodow

(Ɔko mu Asade)

Qari

Murottal Audio

1

يَسْـَٔلُوْنَكَ عَنِ الْاَنْفَالِۗ قُلِ الْاَنْفَالُ لِلّٰهِ وَالرَّسُوْلِۚ فَاتَّقُوا اللّٰهَ وَاَصْلِحُوْا ذَاتَ بَيْنِكُمْ ۖوَاَطِيْعُوا اللّٰهَ وَرَسُوْلَهٗٓ اِنْ كُنْتُمْ مُّؤْمِنِيْنَ

yas'alūnaka ‘anil-anfāl(i), qulil-anfālu lillāhi war-rasūl(i), fattaqullāha wa aṣliḥū żāta bainikum, wa aṭī‘ullāha wa rasūlahū in kuntum mu'minīn(a).

Wobisa wo (Muhammad) fa (kyekyɛ) ɔko mu asade ho. Ka se, "Akodie mu asade no ye Allah ne 3somafoo no dea (sedee Allah ne Ne Somafoo no nsiesie te), enti monsuro Allah na momma mo nkurofoo ntam abusuabɔ ntu mpɔn, na sɛ moyɛ agyidifoɔ a, montie Allah ne Ne Somafoɔ no.'


2

اِنَّمَا الْمُؤْمِنُوْنَ الَّذِيْنَ اِذَا ذُكِرَ اللّٰهُ وَجِلَتْ قُلُوْبُهُمْ وَاِذَا تُلِيَتْ عَلَيْهِمْ اٰيٰتُهٗ زَادَتْهُمْ اِيْمَانًا وَّعَلٰى رَبِّهِمْ يَتَوَكَّلُوْنَۙ

innamal-mu'minūnal-lażīna iżā żukirallāhu wajilat qulūbuhum wa iżā tuliyat ‘alaihim āyātuhū zādathum īmānaw wa ‘alā rabbihim yatawakkalūn(a).

Ampa ara se, nkurafoa a wogye die no ne nkurafoa a wan akoma wosow wo Allah din a wobo no ho, na se wokenkan Ne nkyeremu kyere won a, won gyidie no nyin (ye den) na wode won ho to Allah nkoaa so.


3

الَّذِيْنَ يُقِيْمُوْنَ الصَّلٰوةَ وَمِمَّا رَزَقْنٰهُمْ يُنْفِقُوْنَۗ

al-lażīna yuqīmūnaṣ-ṣalāta wa mimmā razaqnāhum yunfiqūn(a).

(Ɛne sɛ) wɔn a wɔyɛ mpaebɔ na wɔde aduane a Yema wɔn no fã bi di dwuma


4

اُولٰۤىِٕكَ هُمُ الْمُؤْمِنُوْنَ حَقًّاۗ لَهُمْ دَرَجٰتٌ عِنْدَ رَبِّهِمْ وَمَغْفِرَةٌ وَّرِزْقٌ كَرِيْمٌۚ

ulā'ika humul-mu'minūna ḥaqqā(n), lahum darajātun ‘inda rabbihim wa magfiratuw wa rizqun karīm(un).

Eyinom ne nnipa a wogye di ampa. Wɔbɛnya abodin krataa (a ɛkorɔn) wɔ wɔn Awurade ani so ne bɔne fafirie ne aduane (adom) a ɛyɛ animuonyam.


5

كَمَآ اَخْرَجَكَ رَبُّكَ مِنْۢ بَيْتِكَ بِالْحَقِّۖ وَاِنَّ فَرِيْقًا مِّنَ الْمُؤْمِنِيْنَ لَكٰرِهُوْنَ

kamā akhrajaka rabbuka mim baitika bil-ḥaqq(i), wa inna farīqam minal-mu'minīna lakārihūn(a).

Sɛnea mo Awurade hyɛɛ mo sɛ momfa nokware no mfi mo afie mu, ɛwom mpo sɛ agyidifo kuw bi ani nnye ho.


6

يُجَادِلُوْنَكَ فِى الْحَقِّ بَعْدَمَا تَبَيَّنَ كَاَنَّمَا يُسَاقُوْنَ اِلَى الْمَوْتِ وَهُمْ يَنْظُرُوْنَ ۗ

yujādilūnaka fil-ḥaqqi ba‘da mā tabayyana ka'annamā yusāqūna ilal-mauti wa hum yanẓurūn(a).

Wɔne wo (O Muhammad) gyee akyinnyeɛ wɔ nokorɛ no ho wɔ berɛ a ɛdaa adi pefee (sɛ akyinnyeɛ biara nni ho sɛ wɔbɛdi nkonim), te sɛ deɛ wɔrepia wɔn akɔ owuo mu berɛ a wɔrehwɛ.


7

وَاِذْ يَعِدُكُمُ اللّٰهُ اِحْدَى الطَّاۤىِٕفَتَيْنِ اَنَّهَا لَكُمْ وَتَوَدُّوْنَ اَنَّ غَيْرَ ذَاتِ الشَّوْكَةِ تَكُوْنُ لَكُمْ وَيُرِيْدُ اللّٰهُ اَنْ يُّحِقَّ الْحَقَّ بِكَلِمٰتِهٖ وَيَقْطَعَ دَابِرَ الْكٰفِرِيْنَۙ

wa iż ya‘idukumullāhu iḥdaṭ-ṭā'ifataini annahā lakum wa tawaddūna anna gaira żātisy-syaukati takūnu lakum wa yurīdullāhu ay yuḥiqqal-ḥaqqa bikalimātihī wa yaqṭa‘a dābiral-kāfirīn(a).

Na (kae) bere a Allah hyɛɛ mo bɔ sɛ akuo mmienu no mu baako (a mohyiaeɛ) bɛyɛ mo dea, berɛ a mopɛ sɛ deɛ onni akodeɛ no yɛ mo dea. Nanso Allah abɔ ne tirim sɛ ɔnam Ne Nsɛnkyerɛnneɛ so de nokorɛ no besi hɔ na watu atiafoɔ no ase koraa, .


8

لِيُحِقَّ الْحَقَّ وَيُبْطِلَ الْبَاطِلَ وَلَوْ كَرِهَ الْمُجْرِمُوْنَۚ

liyuḥiqqal-ḥaqqa wa yubṭilal-bāṭila wa lau karihal-mujrimūn(a).

sedee ebeye na 3behye nokore (Islam) no den na Wayi atoro (shirk) afiri mu ewom se nneboneyofoo no ani nnye ho.


9

اِذْ تَسْتَغِيْثُوْنَ رَبَّكُمْ فَاسْتَجَابَ لَكُمْ اَنِّيْ مُمِدُّكُمْ بِاَلْفٍ مِّنَ الْمَلٰۤىِٕكَةِ مُرْدِفِيْنَ

iż tastagīṡūna rabbakum fastajāba lakum annī mumiddukum bi'alfim minal-malā'ikati murdifīn(a).

(Kae) bere a wohwehwɛɛ mmoa fii w’Awurade hɔ na Ɔbuaa wo sɛ, “Nokwarem no, mede abɔfo apem bɛbrɛ wo, a wɔbɛba nnidiso nnidiso.”


10

وَمَا جَعَلَهُ اللّٰهُ اِلَّا بُشْرٰى وَلِتَطْمَىِٕنَّ بِهٖ قُلُوْبُكُمْۗ وَمَا النَّصْرُ اِلَّا مِنْ عِنْدِ اللّٰهِ ۗاِنَّ اللّٰهَ عَزِيْزٌ حَكِيْمٌ ࣖ

wa mā ja‘alahullāhu illā busyrā wa litaṭma'inna bihī qulūbukum, wa man-naṡru illā min ‘indillāh(i), innallāha ‘azīzun ḥakīm(un).

Na Allah annye no gyese asem pa, sedee ebeye na mo akoma bedwo wo ho. Na nkonimdie firi Allah nkoaa. Ampa ara se, Allah ye tumi nyinaa, onyansafoa.


11

اِذْ يُغَشِّيْكُمُ النُّعَاسَ اَمَنَةً مِّنْهُ وَيُنَزِّلُ عَلَيْكُمْ مِّنَ السَّمَاۤءِ مَاۤءً لِّيُطَهِّرَكُمْ بِهٖ وَيُذْهِبَ عَنْكُمْ رِجْزَ الشَّيْطٰنِ وَلِيَرْبِطَ عَلٰى قُلُوْبِكُمْ وَيُثَبِّتَ بِهِ الْاَقْدَامَۗ

iż yugasysyīkumun-nu‘āsa amanatam minhu wa yunazzilu ‘alaikum minas-samā'i mā'al liyuṭahhirakum bihī wa yużhiba ‘ankum rijzasy-syaiṭāni wa liyarbiṭa ‘alā qulūbikum wa yuṡabbita bihil-aqdām(a).

(Kae), bere a Allah ma mo dae se obema mo asomdwoe afiri Ne ho no, Na Allah soma nsuo (osuo) firi esoro so ba mo so ma enam so tew mo ho na yi Satan bone firi mo mu na 3de mo akoma mu den na 3ye mo nan den.


12

اِذْ يُوْحِيْ رَبُّكَ اِلَى الْمَلٰۤىِٕكَةِ اَنِّيْ مَعَكُمْ فَثَبِّتُوا الَّذِيْنَ اٰمَنُوْاۗ سَاُلْقِيْ فِيْ قُلُوْبِ الَّذِيْنَ كَفَرُوا الرُّعْبَ فَاضْرِبُوْا فَوْقَ الْاَعْنَاقِ وَاضْرِبُوْا مِنْهُمْ كُلَّ بَنَانٍۗ

iż yūḥī rabbuka ilal-malā'ikati annī ma‘akum fa ṡabbitul-lażīna āmanū, sa'ulqī fī qulūbil-lażīna kafarur-ru‘ba faḍribū fauqal-a‘nāqi waḍribū minhum kulla banān(in).

(Kae), bere a w'Awurade yii adi kyerɛɛ abɔfo no sɛ, "Ampa ara me ne mo wɔ hɔ no, enti hyɛ (gyinabea) wɔn a wɔagye adi no den." Da bi mede ehu bɛhyɛ atiafoɔ no akoma mu, enti bɔ wɔn wɔ wɔn kɔn so na bɔ wɔn nsateaa ano biara.


13

ذٰلِكَ بِاَنَّهُمْ شَاۤقُّوا اللّٰهَ وَرَسُوْلَهٗۚ وَمَنْ يُّشَاقِقِ اللّٰهَ وَرَسُوْلَهٗ فَاِنَّ اللّٰهَ شَدِيْدُ الْعِقَابِ

Żālika bi'annahum syāqqullāha wa rasūlah(ū), wa may yusyāqiqillāha wa rasūlahū fa innallāha syadīdul-‘iqāb(i).

Saa (nsiesiei) no te saa efirise woresɔre atia Allah ne Ne Somafoa no ankasa; na obiara a obetia Allah ne Ne Somafoa no, ampa ara se Allah betwe No aso denden.


14

ذٰلِكُمْ فَذُوْقُوْهُ وَاَنَّ لِلْكٰفِرِيْنَ عَذَابَ النَّارِ

Żālikum fa żūqūhu wa anna lil-kāfirīna ‘ażāban-nār(i).

Enti (wɔde wiase asotwe no ato wo so), enti te saa asotwe no nka. Ampa ara se, nkurafoa a wannye nni no, (bio) hell asotwe wo ho.


15

يٰٓاَيُّهَا الَّذِيْنَ اٰمَنُوْٓا اِذَا لَقِيْتُمُ الَّذِيْنَ كَفَرُوْا زَحْفًا فَلَا تُوَلُّوْهُمُ الْاَدْبَارَۚ

yā ayyuhal-lażīna āmanū iżā laqītumul-lażīna kafarū zaḥfan falā tuwallūhumul-adbār(a).

O agyidifoɔ! Sɛ wohyia wɔn a wonnye nni a wɔpɛ sɛ wɔtow hyɛ wo so a, ɛnde mma w’akyi nkyerɛ wɔn (san n’akyi).


16

وَمَنْ يُّوَلِّهِمْ يَوْمَىِٕذٍ دُبُرَهٗٓ اِلَّا مُتَحَرِّفًا لِّقِتَالٍ اَوْ مُتَحَيِّزًا اِلٰى فِئَةٍ فَقَدْ بَاۤءَ بِغَضَبٍ مِّنَ اللّٰهِ وَمَأْوٰىهُ جَهَنَّمُ ۗ وَبِئْسَ الْمَصِيْرُ

wa may yuwallihim yauma'iżin duburahū illā mutaḥarrifal liqitālin au mutaḥayyizan ilā fi'atin faqad bā'a bigaḍabim minallāhi wa ma'wāhu jahannam(u), wa bi'sal-maṣīr(u).

Na obiara a ɔbɛsan n’akyi saa berɛ no, gye sɛ ɔdan kɔ (ɔkwan a wɔfa so yɛ) ɔko so anaase ɔpɛ sɛ ɔne asraafoɔ foforɔ bi bom a, ɛnneɛ ampa ara, saa onipa no de abufuo firi Allah hɔ san ba, na ne bea ne Amanehunu, bea a enye koraa a ɛsɛ sɛ ɔsan kɔ.


17

فَلَمْ تَقْتُلُوْهُمْ وَلٰكِنَّ اللّٰهَ قَتَلَهُمْۖ وَمَا رَمَيْتَ اِذْ رَمَيْتَ وَلٰكِنَّ اللّٰهَ رَمٰىۚ وَلِيُبْلِيَ الْمُؤْمِنِيْنَ مِنْهُ بَلَاۤءً حَسَنًاۗ اِنَّ اللّٰهَ سَمِيْعٌ عَلِيْمٌ

falam taqtulūhum wa lākinnallāha qatalahum, wa mā ramaita iż ramaita wa lākinallāha ramā, wa liyubliyal-mu'minīna minhu balā'an ḥasanā(n), innallāha samī‘un ‘alīm(un).

Enti (nokwarem no) ennye mo na wokum won, na mmom Allah na wokum won, na ennye mo na wotoo bere a woto, na mmom Allah na wotoo. (Allah yɛɛ wei de sɛee wɔn) na ɔde nkonimdie maa agyidifoɔ no, a nkonimdie pa ka ho. Ampa ara se Allah ye Tiefoa, 3nimdee nyinaa.


18

ذٰلِكُمْ وَاَنَّ اللّٰهَ مُوْهِنُ كَيْدِ الْكٰفِرِيْنَ

Żālikum wa annallāha mūhinu kaidil-kāfirīn(a).

Saa na (Allah adom na wode ama mo), na ampa ara se, Allah ma atiafoa no nnaadaa ase.


19

اِنْ تَسْتَفْتِحُوْا فَقَدْ جَاۤءَكُمُ الْفَتْحُۚ وَاِنْ تَنْتَهُوْا فَهُوَ خَيْرٌ لَّكُمْۚ وَاِنْ تَعُوْدُوْا نَعُدْۚ وَلَنْ تُغْنِيَ عَنْكُمْ فِئَتُكُمْ شَيْـًٔا وَّلَوْ كَثُرَتْۙ وَاَنَّ اللّٰهَ مَعَ الْمُؤْمِنِيْنَ ࣖ

in tastaftiḥū faqad jā'akumul-fatḥ(u), wa in tantahū fa huwa khairul lakum, wa in ta‘ūdū na‘ud, wa lan tugniya ‘ankum fi'atukum syai'aw wa lau kaṡurat, wa anallāha ma‘al-mu'minīn(a).

Sɛ wobisa gyinaesi a, ɛnde ampa ara gyinaesi no aba wo so; na se mogyae (atane a wode ma Somafoa no) a, ennee na eye ma mo; na se wosan ba a, esi pi se Yebesan aba (de mmoa ama); na w’asraafoɔ no rentumi nnyina asiane ketewa bi a ɛfiri wo hɔ ano, sɛ wɔn (asraafoɔ) dodoɔ mpo a. Ampa ara se, Allah ka agyidifoa no ho.


20

يٰٓاَيُّهَا الَّذِيْنَ اٰمَنُوْٓا اَطِيْعُوا اللّٰهَ وَرَسُوْلَهٗ وَلَا تَوَلَّوْا عَنْهُ وَاَنْتُمْ تَسْمَعُوْنَ

yā ayyuhal-lażīna āmanū aṭī‘ullāha wa rasūlahū wa lā tawallau ‘anhu wa antum tasma‘ūn(a).

O mo a mogye die! Montie Allah ne Ne Somafoa, na mma monntwe mo ho mfi Ne ho, ewom se mote (N'ahyedee) .


21

وَلَا تَكُوْنُوْا كَالَّذِيْنَ قَالُوْا سَمِعْنَا وَهُمْ لَا يَسْمَعُوْنَۚ

wa lā takūnū kal-lażīna qālū sami‘nā wa hum lā yasma‘ūn(a).

na mma monnyɛ sɛ wɔn (nyaatwomfoɔ) a wɔka sɛ, "Yɛtie," ɛwom mpo sɛ wɔntie (efiri sɛ wɔn akoma pow).


22

۞ اِنَّ شَرَّ الدَّوَاۤبِّ عِنْدَ اللّٰهِ الصُّمُّ الْبُكْمُ الَّذِيْنَ لَا يَعْقِلُوْنَ

inna syarrad-dawābbi ‘indallāhiṣ-ṣummul-bukmul-lażīna lā ya‘qilūn(a).

Ampa ara se, ateasefoa a enye koraa wo Allah ani so ne nkurafoa a woye asotifo ne mum (wonnte anaase wonnte nokore no ase), enom ne nkurafoa a wonnte ase.


23

وَلَوْ عَلِمَ اللّٰهُ فِيْهِمْ خَيْرًا لَّاَسْمَعَهُمْۗ وَلَوْ اَسْمَعَهُمْ لَتَوَلَّوْا وَّهُمْ مُّعْرِضُوْنَ

wa lau ‘alimallāhu fīhim khairal la'asma‘ahum, wa lau asma‘ahum latawallau wa hum mu‘riḍūn(a).

Na se Allah nim se papa wo mu a, anka 3ma watumi ate. Na se Allah maa wotumi tiee a, anka wobedane won ho, wo abere a wodane won ho.


24

يٰٓاَيُّهَا الَّذِيْنَ اٰمَنُوا اسْتَجِيْبُوْا لِلّٰهِ وَلِلرَّسُوْلِ اِذَا دَعَاكُمْ لِمَا يُحْيِيْكُمْۚ وَاعْلَمُوْٓا اَنَّ اللّٰهَ يَحُوْلُ بَيْنَ الْمَرْءِ وَقَلْبِهٖ وَاَنَّهٗٓ اِلَيْهِ تُحْشَرُوْنَ

yā ayyuhal-lażīna āmanustajībū lillāhi wa lir-rasūli iżā da‘ākum limā yuḥyīkum, wa‘lamū annallāha yaḥūlu bainal-mar'i wa qalbihī wa annahū ilaihi tuḥsyarūn(a).

O mo a mogye die! Momma Allah ne Somafoa no frɛ no mma mu, bere a ɔfrɛ mo kɔ biribi a ɛma mo nkwa mu, na monhunu sɛ Allah abɔ ɔhyeɛ wɔ onipa ne n’akoma ntam na ampa ara ɛyɛ 3no na wɔbɛboaboa mo ano.


25

وَاتَّقُوْا فِتْنَةً لَّا تُصِيْبَنَّ الَّذِيْنَ ظَلَمُوْا مِنْكُمْ خَاۤصَّةً ۚوَاعْلَمُوْٓا اَنَّ اللّٰهَ شَدِيْدُ الْعِقَابِ

wattaqū fitnatal lā tuṣībannal-lażīna ẓalamū minkum khāṣṣah(tan), wa‘lamū annallāha syadīdul-‘iqāb(i).

Na mommɔ mo ho ban firi ayayadeɛ a ɛnyɛ mo mu atirimɔdenfoɔ nko ara na ɛba no ho. Monhunu se Allah ye den paa wo asotwe mu.


26

وَاذْكُرُوْٓا اِذْ اَنْتُمْ قَلِيْلٌ مُّسْتَضْعَفُوْنَ فِى الْاَرْضِ تَخَافُوْنَ اَنْ يَّتَخَطَّفَكُمُ النَّاسُ فَاٰوٰىكُمْ وَاَيَّدَكُمْ بِنَصْرِهٖ وَرَزَقَكُمْ مِّنَ الطَّيِّبٰتِ لَعَلَّكُمْ تَشْكُرُوْنَ

ważkurū iż antum qalīlum mustaḍ‘afūna fil-arḍi takhāfūna ay yatakhaṭṭafakumun-nāsu fa āwākum wa ayyadakum binaṣrihī wa razaqakum minaṭ-ṭayyibāti la‘allakum tasykurūn(a).

Na kae sɛ, bere a na mo (Muhajirinfo) da so ara (wɔ) kakraa bi, wɔhyɛ mo so wɔ asaase (Mecca) so, na mosuro sɛ nnipa (Mecca) bɛkyere mo, afei Ɔmaa mo baabi a mobɛtena (Medina) na Ɔmaa mo den wɔ Ne mmoa so na Ɔmaa mo aduan pa sɛnea ɛbɛyɛ a mobɛda ase.


27

يٰٓاَيُّهَا الَّذِيْنَ اٰمَنُوْا لَا تَخُوْنُوا اللّٰهَ وَالرَّسُوْلَ وَتَخُوْنُوْٓا اَمٰنٰتِكُمْ وَاَنْتُمْ تَعْلَمُوْنَ

yā ayyuhal-lażīna āmanū lā takhūnullāha war-rasūla wa takhūnū amānātikum wa antum ta‘lamūn(a).

O mo a mogye die! Mma nnyi Allah ne Somafoa no mma na (so) mma monnyi ahotoso a wode ahye mo nsa no ma, wo abere a monim.


28

وَاعْلَمُوْٓا اَنَّمَآ اَمْوَالُكُمْ وَاَوْلَادُكُمْ فِتْنَةٌ ۙوَّاَنَّ اللّٰهَ عِنْدَهٗٓ اَجْرٌ عَظِيْمٌ ࣖ

wa‘lamū annamā amwālukum wa aulādukum fitnah(tun), wa annallāha ‘indahū ajrun ‘aẓīm(un).

Na monhunu se mo ahonyadee ne mo mma dee ye nhwehweemu nkoaa na ampa ara se akatua kesee wo Allah ho.


29

يٰٓاَيُّهَا الَّذِيْنَ اٰمَنُوْٓا اِنْ تَتَّقُوا اللّٰهَ يَجْعَلْ لَّكُمْ فُرْقَانًا وَّيُكَفِّرْ عَنْكُمْ سَيِّاٰتِكُمْ وَيَغْفِرْ لَكُمْۗ وَاللّٰهُ ذُو الْفَضْلِ الْعَظِيْمِ

yā ayyuhal-lażīna āmanū in tattaqullāha yaj‘al lakum furqānaw wa yukaffir ‘ankum sayyi'ātikum wa yagfir lakum, wallāhu żul-faḍlil-‘aẓīm(i).

O mo a mogye die! Se mosuro Allah a, esi pi se 3bema mo furqan (tumi a wode hunu nsonsonoee a ɛda papa ne bɔne ntam) na wapopa mo mfomsoɔ nyinaa na ɔde mo (mo bɔne) akyɛ mo. Onyankopɔn wɔ adom kɛse.


30

وَاِذْ يَمْكُرُ بِكَ الَّذِيْنَ كَفَرُوْا لِيُثْبِتُوْكَ اَوْ يَقْتُلُوْكَ اَوْ يُخْرِجُوْكَۗ وَيَمْكُرُوْنَ وَيَمْكُرُ اللّٰهُ ۗوَاللّٰهُ خَيْرُ الْمٰكِرِيْنَ

wa iż yamkuru bikal-lażīna kafarū liyuṡbitūka au yaqtulūka au yukhrijūk(a), wa yamkurūna wa yamkurullāh(u), wallāhu khairul-mākirīn(a).

Na (kae), bere a atiafoɔ (Quraish) susuu sɛ wɔbɛbɔ wo (Muhammad) pɔw sɛ wɔbɛkyere wo na wɔde wo ato afiase anaa wɔbɛkum wo, anaa wɔbɛpam wo. Wɔbɔɔ nnaadaa na Allah siw nnaadaa no kwan. Allah ne nnaadaa ho werefoa a oye paa.


31

وَاِذَا تُتْلٰى عَلَيْهِمْ اٰيٰتُنَا قَالُوْا قَدْ سَمِعْنَا لَوْ نَشَاۤءُ لَقُلْنَا مِثْلَ هٰذَآ ۙاِنْ هٰذَآ اِلَّآ اَسَاطِيْرُ الْاَوَّلِيْنَ

wa iżā tutlā ‘alaihim āyātunā qālū qad sami‘nā lau nasyā'u laqulnā miṡla hāżā, in hāżā illā asāṭīrul-awwalīn(a).

Na bere a wɔkenkan Yɛn nkyekyem ahorow kyerɛɛ wɔn no, wɔkaa sɛ, "Nokwarem no, yɛate (nkyekyem ahorow a ɛte sɛ eyi), sɛ yɛpɛ a, akyinnye biara nni ho sɛ yebetumi akenkan biribi a ɛte sɛ eyi. Eyi (Al-Qur'an) nyɛ hwee sɛ tetefo ho asɛm."


32

وَاِذْ قَالُوا اللّٰهُمَّ اِنْ كَانَ هٰذَا هُوَ الْحَقَّ مِنْ عِنْدِكَ فَاَمْطِرْ عَلَيْنَا حِجَارَةً مِّنَ السَّمَاۤءِ اَوِ ائْتِنَا بِعَذَابٍ اَلِيْمٍ

wa iż qālullāhumma in kāna hāżā huwal-ḥaqqa min ‘indika fa amṭir ‘alainā ḥijāratam minas-samā'i awi'tinā bi‘ażābin alīm(in).

Na (kae), bere a wonom (onyame-mukafo) kaa se, "O Allah, se wei (Al-Qur'an) ye nokore (Adiyie) a efiri Wo ho a, ennee fa abo nsuo firi soro, anaase fa asotwe a eye yaw brɛ yen.'


33

وَمَا كَانَ اللّٰهُ لِيُعَذِّبَهُمْ وَاَنْتَ فِيْهِمْۚ وَمَا كَانَ اللّٰهُ مُعَذِّبَهُمْ وَهُمْ يَسْتَغْفِرُوْنَ

wa mā kānallāhu liyu‘ażżibahum wa anta fīhim, wa mā kānallāhu mu‘ażżibahum wa hum yastagfirūn(a).

Nanso Allah rentwe won aso, bere tenten a wo (Muhammad) ka wan ho. Na Allah rentwe won aso (aso) wo abere a wanom (da so ara) sre banefakye.


34

وَمَا لَهُمْ اَلَّا يُعَذِّبَهُمُ اللّٰهُ وَهُمْ يَصُدُّوْنَ عَنِ الْمَسْجِدِ الْحَرَامِ وَمَا كَانُوْٓا اَوْلِيَاۤءَهٗۗ اِنْ اَوْلِيَاۤؤُهٗٓ اِلَّا الْمُتَّقُوْنَ وَلٰكِنَّ اَكْثَرَهُمْ لَا يَعْلَمُوْنَ

wa mā lahum allā yu‘ażżibahumullāhu wa hum yaṣuddūna ‘anil-masjidil-ḥarāmi wa mā kānū auliyā'ah(ū), in auliyā'uhū illal-muttaqūna wa lākinna akṡarahum lā ya‘lamūn(a).

Na adɛn nti na Allah ntwe wɔn aso ɛmfa ho sɛ wɔsiw (nnipa) kwan sɛ (wɔnkɔsra) Asɔredan Kɛseɛ no na wɔnyɛ nnipa a wɔwɔ ho kwan sɛ wɔdi so? Nnipa a wɔwɔ hokwan sɛ wodi so nkutoo ne wɔn a wɔyɛ nyamesomfo, nanso wɔn mu dodow no ara nnim.


35

وَمَا كَانَ صَلَاتُهُمْ عِنْدَ الْبَيْتِ اِلَّا مُكَاۤءً وَّتَصْدِيَةًۗ فَذُوْقُوا الْعَذَابَ بِمَا كُنْتُمْ تَكْفُرُوْنَ

wa mā kāna ṣalātuhum ‘indal-baiti illā mukā'aw wa taṣdiyah(tan), fa żūqul-‘ażāba bimā kuntum takfurūn(a).

Na wɔn mpaebɔ a wɔde twaa Baitullah ho hyiae no nyɛ hwee sɛ abɛn ne nsam a wɔbɔ. Enti te asotwe a wo gyidi a wunnye nni de ba no nka.


36

اِنَّ الَّذِيْنَ كَفَرُوْا يُنْفِقُوْنَ اَمْوَالَهُمْ لِيَصُدُّوْا عَنْ سَبِيْلِ اللّٰهِ ۗفَسَيُنْفِقُوْنَهَا ثُمَّ تَكُوْنُ عَلَيْهِمْ حَسْرَةً ثُمَّ يُغْلَبُوْنَ ەۗ وَالَّذِيْنَ كَفَرُوْٓا اِلٰى جَهَنَّمَ يُحْشَرُوْنَۙ

innal-lażīna kafarū yunfiqūna amwālahum liyaṣuddū ‘an sabīlillāh(i), fa sayunfiqūnahā ṡumma takūnu ‘alaihim ḥasratan ṡumma yuglabūn(a), wal-lażīna kafarū ilā jahannama yuḥsyarūn(a).

Ampa ara se, nkurafoa a wannye nni no de wan ahonyadee siw (nnipa) kwan firi Allah kwan so. Wɔbɛ (kɔ so) sɛe saa ahonyadeɛ no, afei wɔn ankasa bɛnu wɔn ho, na awieeɛ koraa no wɔbɛdi wɔn so nkonim. Wɔbɛboaboa atiafo no ano akɔ Hell, .


37

لِيَمِيْزَ اللّٰهُ الْخَبِيْثَ مِنَ الطَّيِّبِ وَيَجْعَلَ الْخَبِيْثَ بَعْضَهٗ عَلٰى بَعْضٍ فَيَرْكُمَهٗ جَمِيْعًا فَيَجْعَلَهٗ فِيْ جَهَنَّمَۗ اُولٰۤىِٕكَ هُمُ الْخٰسِرُوْنَ ࣖ

liyamīzallāhul-khabīṡa minaṭ-ṭayyibi wa yaj‘alal-khabīṡa ba‘ḍahū ‘alā ba‘ḍin fa yarkumahū jamī‘an fa yaj‘alahū fī jahannam(a), ulā'ika humul-khāsirūn(a).

sedee ebeye na Allah betete bone (akuo) no afiri papa mu na wama bone (akuo) no bi aboro afoforɔ no so, afei Ɔbɛboaboa wɔn nyinaa ano, na ɔde wɔn akɔto asaman. Wɔn na wɔhwere.


38

قُلْ لِّلَّذِيْنَ كَفَرُوْٓا اِنْ يَّنْتَهُوْا يُغْفَرْ لَهُمْ مَّا قَدْ سَلَفَۚ وَاِنْ يَّعُوْدُوْا فَقَدْ مَضَتْ سُنَّتُ الْاَوَّلِيْنَ

qul lil-lażīna kafarū in yantahū yugfar lahum mā qad salaf(a), wa iy ya‘ūdū faqad maḍat sunnatul-awwalīn(a).

Ka kyere nkurafoa a wannye nni (Abu Sufyan ne n'ahokafo) no se, "Se wogyae (firi won atiafoo) a, esi pi se Allah de won bone a woadi kan no befiri; na se wosan ba bio (de wobeko Akomhyeni no) ampa ara a, (won) sunnah (Allah) a etia) tetefoo (woasɛee) no fa ho."


39

وَقَاتِلُوْهُمْ حَتّٰى لَا تَكُوْنَ فِتْنَةٌ وَّيَكُوْنَ الدِّيْنُ كُلُّهٗ لِلّٰهِۚ فَاِنِ انْتَهَوْا فَاِنَّ اللّٰهَ بِمَا يَعْمَلُوْنَ بَصِيْرٌ

wa qātilūhum ḥattā lā takūna fitnatuw wa yakunad-dīnu kulluhū lillāh(i),fa inintahau fa innallāha bimā ya‘malūna baṣīr(un).

Na ko wanom kopem se nsensanee biara nni ho bio, na nyamesom ye Allah nkoaa dea. Se wogyae (firi atoro) a, ennee esi pi se Allah na 3hunu dee woyo nyinaa.


40

وَاِنْ تَوَلَّوْا فَاعْلَمُوْٓا اَنَّ اللّٰهَ مَوْلٰىكُمْ ۗنِعْمَ الْمَوْلٰى وَنِعْمَ النَّصِيْرُ ۔

wa in tawallau fa‘lamū annallāha maulākum, ni‘mal-maulā wa ni‘man-naṣīr(u).

Na se wodane won ho a, ennee monhunu se Allah ye mo banbofoo. Ɔno ne ɔbɔfo a ɔsen biara ne ɔboafo a ɔsen biara.


41

۞ وَاعْلَمُوْٓا اَنَّمَا غَنِمْتُمْ مِّنْ شَيْءٍ فَاَنَّ لِلّٰهِ خُمُسَهٗ وَلِلرَّسُوْلِ وَلِذِى الْقُرْبٰى وَالْيَتٰمٰى وَالْمَسٰكِيْنِ وَابْنِ السَّبِيْلِ اِنْ كُنْتُمْ اٰمَنْتُمْ بِاللّٰهِ وَمَآ اَنْزَلْنَا عَلٰى عَبْدِنَا يَوْمَ الْفُرْقَانِ يَوْمَ الْتَقَى الْجَمْعٰنِۗ وَاللّٰهُ عَلٰى كُلِّ شَيْءٍ قَدِيْرٌ

wa‘lamū annamā ganimtum min syai'in fa anna lillāhi khumusahū wa lir-rasūli wa liżil-qurbā wal-yatāmā wal-masākīni wabnis-sabīli in kuntum āmantum billāhi wa mā anzalnā ‘alā ‘abdinā yaumal-furqāni yaumal-taqal-jam‘ān(i), wallāhu ‘alā kulli syai'in qadīr(un).

Na monhunu, ampa se, biribiara a mobenya se akodi mu asade no, ennee nkyekyem anum mu baako ye ma Allah, Somafoa no, Somafoa no abusuafo, nyisaa, ahiafoa ne Ibn Sabil, (enti) se mogye Allah di ne dee Yedaa no adi kyeree Yen akoa (Muhammad) wo Furqan da no, a ese eda a asraafoo mmienu no hyiae no. Allah ye Ade Nyinaa so Tumfoɔ wɔ biribiara so.


42

اِذْ اَنْتُمْ بِالْعُدْوَةِ الدُّنْيَا وَهُمْ بِالْعُدْوَةِ الْقُصْوٰى وَالرَّكْبُ اَسْفَلَ مِنْكُمْۗ وَلَوْ تَوَاعَدْتُّمْ لَاخْتَلَفْتُمْ فِى الْمِيْعٰدِۙ وَلٰكِنْ لِّيَقْضِيَ اللّٰهُ اَمْرًا كَانَ مَفْعُوْلًا ەۙ لِّيَهْلِكَ مَنْ هَلَكَ عَنْۢ بَيِّنَةٍ وَّيَحْيٰى مَنْ حَيَّ عَنْۢ بَيِّنَةٍۗ وَاِنَّ اللّٰهَ لَسَمِيْعٌ عَلِيْمٌۙ

iż antum bil-‘udwatid-dun-yā wa hum bil-‘udwatil-quṣwā war-rakbu asfala minkum, wa lau tawā‘attum lakhtalaftum fil-mī‘ād(i), wa lākil liyaqḍiyallāhu amran kāna maf‘ūlā(n), liyahlika man halaka ‘am bayyinatiw wa yaḥyā may ḥayya ‘am bayyinah(tin), wa innallāha lasamī‘un ‘alīm(un).

(Ɛne sɛ) bere a wowɔ bon bi a ɛbɛn no ano na wɔwɔ bon bi a ɛwɔ akyirikyiri ano na akwantufo no sua sen wo. Sɛ mopenee so (sɛ mobɛkyerɛ ɔko da no) a, esi pi sɛ mobɛnya adwene soronko wɔ (ɔko da no) a mobɛsi no mu, nanso Allah pɛ sɛ ɔdi asɛm bi a ɛsɛ sɛ wɔdi ho dwuma, a ɛne sɛ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a onipa a ɔreyera no bɛyera de adanseɛ a ɛda adi pefee na ama onipa a ɔte aseɛ no de adanseɛ ankasa bɛtena ase. Ampa ara se Allah ye Tiefoa, 3nimdee nyinaa.


43

اِذْ يُرِيْكَهُمُ اللّٰهُ فِيْ مَنَامِكَ قَلِيْلًاۗ وَلَوْ اَرٰىكَهُمْ كَثِيْرًا لَّفَشِلْتُمْ وَلَتَنَازَعْتُمْ فِى الْاَمْرِ وَلٰكِنَّ اللّٰهَ سَلَّمَۗ اِنَّهٗ عَلِيْمٌۢ بِذَاتِ الصُّدُوْرِ

iż yurīkahumullāhu fī manāmika qalīlā(n), wa lau arākahum kaṡīral lafasyiltum wa latanāza‘tum fil-amri wa lākinnallāha sallam(a), innahū ‘alīmum biżātiṣ-ṣudūr(i).

(Kae) bere a Allah kyerɛɛ wan wo dae mu (wɔ dodow mu) no, na wɔn mu kakraa bi. Na se Allah kyeree won (dodoo bebree) a anka mosuro na ampa ara mobegye akyinnyee wo asem no ho, nanso Allah agye mo nkwa. Ampa ara se Allah nim dee ewo mo akoma mu.


44

وَاِذْ يُرِيْكُمُوْهُمْ اِذِ الْتَقَيْتُمْ فِيْٓ اَعْيُنِكُمْ قَلِيْلًا وَّيُقَلِّلُكُمْ فِيْٓ اَعْيُنِهِمْ لِيَقْضِيَ اللّٰهُ اَمْرًا كَانَ مَفْعُوْلًا ۗوَاِلَى اللّٰهِ تُرْجَعُ الْاُمُوْرُ ࣖ

wa iż yurīkumūhum iżil-taqaitum fī a‘yunikum qalīlaw wa yuqallilukum fī a‘yunihim liyaqḍiyallāhu amran kāna maf‘ūlā(n), wa ilallāhi turja‘ul-umūr(u).

Na se Allah kyekyere wonom kyere mo a, se mohyia won ne dodoo ketewa bi sedee mo ani te ho na wokyere mo ne dodoo ketewa bi sedee won ani te ho a, efiri se Allah pe se odi asem bi a ewo se wodi ho dwuma. Allah nkoaa na wosan de nsem nyinaa ba.


45

يٰٓاَيُّهَا الَّذِيْنَ اٰمَنُوْٓا اِذَا لَقِيْتُمْ فِئَةً فَاثْبُتُوْا وَاذْكُرُوا اللّٰهَ كَثِيْرًا لَّعَلَّكُمْ تُفْلِحُوْنَۚ

yā ayyuhal-lażīna āmanū iżā laqītum fi'atan faṡbutū ważkurullāha kaṡīral la‘allakum tufliḥūn(a).

O mo a mogye die! Sɛ wohyia asraafoɔ (atamfo) a, ɛnde yɛ den na ka (din) Allah pii (dhikr na wobɔ mpaeɛ) sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wobɛnya anigyeɛ.


46

وَاَطِيْعُوا اللّٰهَ وَرَسُوْلَهٗ وَلَا تَنَازَعُوْا فَتَفْشَلُوْا وَتَذْهَبَ رِيْحُكُمْ وَاصْبِرُوْاۗ اِنَّ اللّٰهَ مَعَ الصّٰبِرِيْنَۚ

wa aṭī‘ullāha wa rasūlahū wa lā tanāza‘ū fa tafsyalū wa tażhaba rīḥukum waṣbirū, innallāha ma‘aṣ-ṣābirīn(a).

Na montie Allah ne Ne Somafoa no na mma nnye akyinnye, a ema mo suro na mo ahoɔden yera na monya abotare. Ampa ara se, Allah ka nkurofoo no ho.


47

وَلَا تَكُوْنُوْا كَالَّذِيْنَ خَرَجُوْا مِنْ دِيَارِهِمْ بَطَرًا وَّرِئَاۤءَ النَّاسِ وَيَصُدُّوْنَ عَنْ سَبِيْلِ اللّٰهِ ۗوَاللّٰهُ بِمَايَعْمَلُوْنَ مُحِيْطٌ

wa lā takūnū kal-lażīna kharajū min diyārihim baṭaraw wa ri'ā'an-nāsi wa yaṣuddūna ‘an sabīlillāh(i), wallāhu bimā ya‘malūna muḥīṭ(un).

Na mma monnyɛ te sɛ saa nnipa a wofi wɔn kurom a wɔte nka sɛ wɔyɛ ahantan na wɔpɛ sɛ nnipa (ria) kamfo wɔn na wosiw (nnipa) kwan fi Allah kwan so. Allah kata biribiara a woyo so


48

وَاِذْ زَيَّنَ لَهُمُ الشَّيْطٰنُ اَعْمَالَهُمْ وَقَالَ لَا غَالِبَ لَكُمُ الْيَوْمَ مِنَ النَّاسِ وَاِنِّيْ جَارٌ لَّكُمْۚ فَلَمَّا تَرَاۤءَتِ الْفِئَتٰنِ نَكَصَ عَلٰى عَقِبَيْهِ وَقَالَ اِنِّيْ بَرِيْۤءٌ مِّنْكُمْ اِنِّيْٓ اَرٰى مَا لَا تَرَوْنَ اِنِّيْٓ اَخَافُ اللّٰهَ ۗوَاللّٰهُ شَدِيْدُ الْعِقَابِ ࣖ

wa iż zayyana lahumusy-syaiṭānu a‘mālahum wa qāla lā gāliba lakumul-yauma minan-nāsi wa innī jārul lakum, falammā tarā'atil-fi'atāni nakaṣa ‘alā ‘aqibaihi wa qāla innī barī'um minkum innī arā mā lā tarauna innī akhāfullāh(a), wallāhu syadīdul-‘iqāb(i).

Na (kae) berɛ a Satan maa wɔn nnwuma (bɔne) yɛɛ sɛ ɛyɛ fɛ maa wɔn na ɔkaa sɛ, "Obiara (onipa) ntumi nni wo so nkonim nnɛ, na ampa ara, me ne wo boafoɔ." Enti berɛ a asraafoɔ mmienu no hunuu wɔn ho wɔn ho (anim ne anim) no, Satan danee n'akyi na ɔkaa sɛ, "Ampa ara metetew me ho afiri mo ho; metumi ahunu deɛ mo ntumi nhunu; ampa ara mesuro Allah." Allah ye den paa wo asotwe mu.


49

اِذْ يَقُوْلُ الْمُنٰفِقُوْنَ وَالَّذِيْنَ فِيْ قُلُوْبِهِمْ مَّرَضٌ غَرَّ هٰٓؤُلَاۤءِ دِيْنُهُمْۗ وَمَنْ يَّتَوَكَّلْ عَلَى اللّٰهِ فَاِنَّ اللّٰهَ عَزِيْزٌ حَكِيْمٌ

iż yaqūlul-munāfiqūna wal-lażīna fī qulūbihim maraḍun garra hā'ulā'i dīnuhum, wa may yatawakkal ‘alallāhi fa innallāha ‘azīzun ḥakīm(un).

(Kae), bere a nyaatwomfo ne nkurafoa a nyarewa wo won akoma mu ka se, "Woadaadaa won (agyidifoo) wo won som mu." (Allah se), "Obiara a wode ne ho to Allah so no, hunu se Allah ye Tumfoɔ, Nyansafoɔ nyinaa."


50

وَلَوْ تَرٰٓى اِذْ يَتَوَفَّى الَّذِيْنَ كَفَرُوا الْمَلٰۤىِٕكَةُ يَضْرِبُوْنَ وُجُوْهَهُمْ وَاَدْبَارَهُمْۚ وَذُوْقُوْا عَذَابَ الْحَرِيْقِ

wa lau tarā iż yatawaffal-lażīna kafarul-malā'ikatu yaḍribūna wujūhahum wa adbārahum, wa żūqū ‘ażābal-ḥarīq(i).

Na se wohunuu berɛ a abɔfoɔ no faa wɔn a wɔannye nni no nkwa, bɔɔ wɔn anim ne wɔn akyi (na wɔkaa sɛ), "Ka hell ayayadeɛ a ɛredɛre no nhwɛ."


51

ذٰلِكَ بِمَا قَدَّمَتْ اَيْدِيْكُمْ وَاَنَّ اللّٰهَ لَيْسَ بِظَلَّامٍ لِّلْعَبِيْدِۙ

Żālika bimā qaddamat aidīkum wa annallāha laisa biẓallāmil lil-‘abīd(i).

Eyi te saa esiane w’ankasa wo nsa ano adwuma nti. Na ampa ara se Allah nnye Ne nkoa bone, .


52

كَدَأْبِ اٰلِ فِرْعَوْنَۙ وَالَّذِيْنَ مِنْ قَبْلِهِمْۗ كَفَرُوْا بِاٰيٰتِ اللّٰهِ فَاَخَذَهُمُ اللّٰهُ بِذُنُوْبِهِمْۗ اِنَّ اللّٰهَ قَوِيٌّ شَدِيْدُ الْعِقَابِ

kada'bi āli fir‘aun(a), wal-lażīna min qablihim, kafarū bi'āyātillāhi fa akhażahumullāhu biżunūbihim, innallāha qawiyyun syadīdul-‘iqāb(i).

(Wɔn tebea) te sɛ Farao akyidifo ne wɔn a wodii wɔn anim no tebea no. Wopoo Allah nkyekyem ahoroo no, enti Allah twee won aso wo won bone ho. Ampa ara se Allah ye Otumfoo na N'asotwe no mu ye den paa.


53

ذٰلِكَ بِاَنَّ اللّٰهَ لَمْ يَكُ مُغَيِّرًا نِّعْمَةً اَنْعَمَهَا عَلٰى قَوْمٍ حَتّٰى يُغَيِّرُوْا مَا بِاَنْفُسِهِمْۙ وَاَنَّ اللّٰهَ سَمِيْعٌ عَلِيْمٌۙ

Żālika bi'annallāha lam yaku mugayyiran ni‘matan an‘amahā ‘alā qaumin ḥattā yugayyirū mā bi'anfusihim, wa annallāha samī‘un ‘alīm(un).

Wei te saa efirise Allah rensesa adom bi a Wade ama nkurofoo bi, kapem se saa nkurofoo no besesa dee ewo won ankasa mu. Ampa ara se, Allah ye Tiefoa, Nimdee nyinaa, .


54

كَدَأْبِ اٰلِ فِرْعَوْنَۙ وَالَّذِيْنَ مِنْ قَبْلِهِمْۚ كَذَّبُوْا بِاٰيٰتِ رَبِّهِمْ فَاَهْلَكْنٰهُمْ بِذُنُوْبِهِمْ وَاَغْرَقْنَآ اٰلَ فِرْعَوْنَۚ وَكُلٌّ كَانُوْا ظٰلِمِيْنَ

kada'bi āli fir‘aun(a), wal-lażīna min qablihim, każżabū bi'āyāti rabbihim fa ahlaknāhum biżunūbihim wa agraqnā āla fir‘aun(a), wa kullun kānū ẓālimīn(a).

(Wɔn tebea) te sɛ Farao akyidifo ne wɔn a wodii wɔn anim no tebea no. Wopoo wan Awurade nkyekyem ahoroo no, enti Yeseee won enam won bone nti na Yemenee Farao ne n'akyidifoo; efisɛ wɔyɛ nnipa a wɔnteɛ.


55

اِنَّ شَرَّ الدَّوَاۤبِّ عِنْدَ اللّٰهِ الَّذِيْنَ كَفَرُوْا فَهُمْ لَا يُؤْمِنُوْنَۖ

inna syarrad-dawābbi ‘indallāhil-lażīna kafarū fahum lā yu'minūn(a).

Ampa ara se, ateasefoa a enye koraa wo Allah ani so ne atiafoa no, efirise wonnye nni.


56

الَّذِيْنَ عَاهَدْتَّ مِنْهُمْ ثُمَّ يَنْقُضُوْنَ عَهْدَهُمْ فِيْ كُلِّ مَرَّةٍ وَّهُمْ لَا يَتَّقُوْنَ

allażīna ‘āhatta minhum ṡumma yanquḍūna ‘ahdahum fī kulli marratiw wa hum lā yattaqūn(a).

(Ene) nkurafoa a apam bi akyekyere wo ne mo, nanso bere biara a wobehye bo no woto won bohye so, na wonsuro (Allah).


57

فَاِمَّا تَثْقَفَنَّهُمْ فِى الْحَرْبِ فَشَرِّدْ بِهِمْ مَّنْ خَلْفَهُمْ لَعَلَّهُمْ يَذَّكَّرُوْنَ

fa immā taṡqafannahum fil-ḥarbi fa syarrid bihim man khalfahum la‘allahum yażżakkarūn(a).

Enti sɛ wo (Muhammad) di wɔn so nkonim wɔ ɔko mu a, ɛnde bɔ wɔn a wɔwɔ wɔn akyi no pete denam (ɔsɛe) wɔn so, sɛnea ɛbɛyɛ a wobesua asuade bi.


58

وَاِمَّا تَخَافَنَّ مِنْ قَوْمٍ خِيَانَةً فَانْۢبِذْ اِلَيْهِمْ عَلٰى سَوَاۤءٍۗ اِنَّ اللّٰهَ لَا يُحِبُّ الْخَاۤىِٕنِيْنَ ࣖ

wa immā takhāfanna min qaumin khiyānatan fambiż ilaihim ‘alā sawā'(in), innallāha lā yuḥibbul-khā'inīn(a).

Na sɛ wo (Muhammad) haw wo ho wɔ (sɛnea ɛbɛba) atoro a efi kuw bi hɔ ho a, ɛnde fa apam no san ma wɔn wɔ nokwaredi kwan so. Ampa ara se, Allah mpɛ nnipa a woyi ama


59

وَلَا يَحْسَبَنَّ الَّذِيْنَ كَفَرُوْا سَبَقُوْاۗ اِنَّهُمْ لَا يُعْجِزُوْنَ

wa lā yaḥsabannal-lażīna kafarū sabaqū, innahum lā yu‘jizūn(a).

Na mma nkurafoa a wannye nnie no nnsusu se wabetumi aguan (firi Allah tumi mu). Ampa ara se, wonntumi mma (Allah) mmra.


60

وَاَعِدُّوْا لَهُمْ مَّا اسْتَطَعْتُمْ مِّنْ قُوَّةٍ وَّمِنْ رِّبَاطِ الْخَيْلِ تُرْهِبُوْنَ بِهٖ عَدُوَّ اللّٰهِ وَعَدُوَّكُمْ وَاٰخَرِيْنَ مِنْ دُوْنِهِمْۚ لَا تَعْلَمُوْنَهُمْۚ اَللّٰهُ يَعْلَمُهُمْۗ وَمَا تُنْفِقُوْا مِنْ شَيْءٍ فِيْ سَبِيْلِ اللّٰهِ يُوَفَّ اِلَيْكُمْ وَاَنْتُمْ لَا تُظْلَمُوْنَ

wa a‘iddū lahum mastaṭa‘tum min quwwatiw wa mir ribāṭil-khaili turhibūna bihī ‘aduwwallāhi wa ‘aduwwakum wa ākharīna min dūnihim, lā ta‘lamūnahum, allāhu ya‘lamuhum, wa mā tunfiqū min syai'in fī sabīlillāhi yuwaffa ilaikum wa antum lā tuẓlamūn(a).

Na siesie wo ho de wo tumi nyinaa siesie wo ho de ahoɔden a wowɔ ne apɔnkɔsotefoɔ a wɔbɛtumi asiw Allah atamfoɔ, w’atamfo ne wɔn a wɔnyɛ wɔn a wonnim wɔn no kwan; nanso Allah nim. Biribiara a mosɛee wo Allah kwan so no, esi pi se wobetua mo yie na wɔrennyɛ mo bɔne (apira).


61

۞ وَاِنْ جَنَحُوْا لِلسَّلْمِ فَاجْنَحْ لَهَا وَتَوَكَّلْ عَلَى اللّٰهِ ۗاِنَّهٗ هُوَ السَّمِيْعُ الْعَلِيْمُ

wa in janaḥū lis-salmi fajnaḥ lahā wa tawakkal ‘alallāh(i), innahū huwas-samī‘ul-‘alīm(u).

Nanso se wanom ani gye asomdwoe ho a, ennee gye tom na fa wo ho to Allah so. Ampa ara se, 3no na 3te biribiara, 3nim biribiara.


62

وَاِنْ يُّرِيْدُوْٓا اَنْ يَّخْدَعُوْكَ فَاِنَّ حَسْبَكَ اللّٰهُ ۗهُوَ الَّذِيْٓ اَيَّدَكَ بِنَصْرِهٖ وَبِالْمُؤْمِنِيْنَۙ

wa iy yurīdū ay yakhda‘ūka fa inna ḥasbakallāh(u), huwal-lażī ayyadaka binaṣrihī wa bil-mu'minīn(a).

Na se wope se wodaadaa mo a, ennee ampa ara se Allah dɔɔso (sɛ ɔbɔfoɔ) ma mo. Ɛyɛ Ɔno na ɔnam Ne mmoa so na ɔde (mmoa a) agyidifoɔ ma mo ahoɔden, .


63

وَاَلَّفَ بَيْنَ قُلُوْبِهِمْۗ لَوْاَنْفَقْتَ مَا فِى الْاَرْضِ جَمِيْعًا مَّآ اَلَّفْتَ بَيْنَ قُلُوْبِهِمْ وَلٰكِنَّ اللّٰهَ اَلَّفَ بَيْنَهُمْۗ اِنَّهٗ عَزِيْزٌ حَكِيْمٌ

wa allafa baina qulūbihim, lau anfaqta mā fil-arḍi jamī‘am mā allafta baina qulūbihim wa lākinnallāha allafa bainahum, innahū ‘azīzun ḥakīm(un).

na Ɔno (Allah) ka wɔn akoma (agyidifoɔ) bom. Sɛ mpo sɛ mosɛe (ahonyadeɛ) nyinaa wɔ asaase so a, anka morentumi nka wɔn akoma nkabom, nanso Allah aka wɔn akoma abom. Ampa ara se, 3ye tumi nyinaa, onyansafo nyinaa.


64

يٰٓاَيُّهَا النَّبِيُّ حَسْبُكَ اللّٰهُ وَمَنِ اتَّبَعَكَ مِنَ الْمُؤْمِنِيْنَ ࣖ

yā ayyuhan-nabiyyu ḥasbukallāhu wa manittaba‘aka minal-mu'minīn(a).

O Ɔkɔmhyɛni (Muhammad)! Allah dɔɔso (sɛ ɔbɛyɛ banbɔfoɔ) ma wo ne agyidifoɔ a wɔdi w’akyi.


65

يٰٓاَيُّهَا النَّبِيُّ حَرِّضِ الْمُؤْمِنِيْنَ عَلَى الْقِتَالِۗ اِنْ يَّكُنْ مِّنْكُمْ عِشْرُوْنَ صٰبِرُوْنَ يَغْلِبُوْا مِائَتَيْنِۚ وَاِنْ يَّكُنْ مِّنْكُمْ مِّائَةٌ يَّغْلِبُوْٓا اَلْفًا مِّنَ الَّذِيْنَ كَفَرُوْا بِاَنَّهُمْ قَوْمٌ لَّا يَفْقَهُوْنَ

yā ayyuhan-nabiyyu ḥarriḍil-mu'minīna ‘alal-qitāl(i), iy yakum minkum ‘isyrūna ṣabirūna yaglibū mi'atain(i), wa iy yakum minkum mi'atuy yaglibū alfam minal-lażīna kafarū bi'annahum qaumul lā yafqahūn(a).

O Ɔkɔmhyɛni (Muhammad)! Hyehyɛ agyidifo honhom ma wɔko. Sɛ nnipa a wɔwɔ abotare aduonu wɔ mo mu a, esi pi sɛ wɔbɛtumi adi atamfo ahanu so nkonim. Na se nnipa ɔha (abodwokyɛre) wɔ mo mu a, esi pi sɛ wɔbɛtumi adi agyidifoɔ apem so nkonim, ɛfiri sɛ atiafoɔ no yɛ nkurofoɔ a wɔnte aseɛ.


66

اَلْـٰٔنَ خَفَّفَ اللّٰهُ عَنْكُمْ وَعَلِمَ اَنَّ فِيْكُمْ ضَعْفًاۗ فَاِنْ يَّكُنْ مِّنْكُمْ مِّائَةٌ صَابِرَةٌ يَّغْلِبُوْا مِائَتَيْنِۚ وَاِنْ يَّكُنْ مِّنْكُمْ اَلْفٌ يَّغْلِبُوْٓا اَلْفَيْنِ بِاِذْنِ اللّٰهِ ۗوَاللّٰهُ مَعَ الصّٰبِرِيْنَ

al'āna khaffafallāhu ‘ankum wa ‘alima anna fīkum ḍa‘fā(n), fa iy yakum minkum mi'atun ṣābiratuy yaglibū mi'atain(i), wa iy yakum minkum alfuy yaglibū alfaini bi'iżnillāh(i), wallāhu ma‘aṣ-ṣābirīn(a).

Afei Allah ama ayɛ mmerɛ ama mo ɛfiri sɛ Ɔnim sɛ mmerɛyɛ wɔ mo mu. Enti sɛ mo mu nnipa ɔha na wɔwɔ abodwokyɛre a, esi pi sɛ wɔbɛtumi adi (atamfo) ahanu so nkonim; na se nkurofoo apem (a wodi abotere) wo mo mu a, esi pi se wobetumi adi nnipa mpem mmienu so nkonim wo Allah kwan so. Allah ka nkurafoa a wanya abotare ho.


67

مَاكَانَ لِنَبِيٍّ اَنْ يَّكُوْنَ لَهٗٓ اَسْرٰى حَتّٰى يُثْخِنَ فِى الْاَرْضِۗ تُرِيْدُوْنَ عَرَضَ الدُّنْيَاۖ وَاللّٰهُ يُرِيْدُ الْاٰخِرَةَۗ وَاللّٰهُ عَزِيْزٌحَكِيْمٌ

mā kāna linabiyyin ay yakūna lahū asrā ḥattā yuṡkhina fil-arḍ(i), turīdūna ‘araḍad-dun-yā, wallāhu yurīdul-ākhirah(ta), wallāhu ‘azīzun ḥakīm(un).

Ɛremfata sɛ odiyifo benya nneduafo ansa na watumi adi n’atamfo a wɔwɔ asase so no dɛm. Mope ewiase ahonyadee wo abere a Allah pe (akatua) wo owuo akyi asetena mu (ma mo). Allah ye tumi nyinaa, onyansafo nyinaa.


68

لَوْلَاكِتٰبٌ مِّنَ اللّٰهِ سَبَقَ لَمَسَّكُمْ فِيْمَآ اَخَذْتُمْ عَذَابٌ عَظِيْمٌ

lau lā kitābum minallāhi sabaqa lamassakum fīmā akhażtum ‘ażābun ‘aẓīm(un).

Sɛ na ahyɛdeɛ biara nni hɔ a ɛfiri Allah hɔ a, anka wɔde ayayadeɛ kɛseɛ bɛbɔ mo ɛnam (agyedeɛ) a mofaa no nti.


69

فَكُلُوْا مِمَّاغَنِمْتُمْ حَلٰلًا طَيِّبًاۖ وَّاتَّقُوا اللّٰهَ ۗاِنَّ اللّٰهَ غَفُوْرٌ رَّحِيْمٌ

fa kulū mimmā ganimtum ḥalālan ṭayyibā(n), wattaqullāh(a), innallāha gafūrur raḥīm(un).

Enti monni akodie mu asade a moanya no bi, se aduane a ewo ho kwan na eye, na monsuro Allah. Ampa ara se Allah ye Banefakyefoa, Mmoborohunufoa paa.


70

يٰٓاَيُّهَا النَّبِيُّ قُلْ لِّمَنْ فِيْٓ اَيْدِيْكُمْ مِّنَ الْاَسْرٰٓىۙ اِنْ يَّعْلَمِ اللّٰهُ فِيْ قُلُوْبِكُمْ خَيْرًا يُّؤْتِكُمْ خَيْرًا مِّمَّآ اُخِذَ مِنْكُمْ وَيَغْفِرْ لَكُمْۗ وَاللّٰهُ غَفُوْرٌ رَّحِيْمٌ ࣖ

yā ayyuhan-nabiyyu qul liman fī aidīkum minal-asrā, iy ya‘lamillāhu fī qulūbikum khairay yu'tikum khairam mimmā ukhiża minkum wa yagfir lakum, wallāhu gafūrur raḥīm(un).

O Ɔkɔmhyɛni (Muhammad)! Ka kyerɛ ɔko mu nneduafoɔ a wɔwɔ mo nsam no sɛ, "Sɛ Allah nim sɛ papayɛ wɔ mo akoma mu a, esi pi sɛ ɔbɛma mo biribi a ɛyɛ papa sene deɛ wɔagye afiri mo nsam na Ɔde mo bɔne akyɛ mo." Allah ye Banefakyefoa, Mmoborohunufoa paa.


71

وَاِنْ يُّرِيْدُوْا خِيَانَتَكَ فَقَدْ خَانُوا اللّٰهَ مِنْ قَبْلُ فَاَمْكَنَ مِنْهُمْ وَاللّٰهُ عَلِيْمٌ حَكِيْمٌ

wa iy yurīdū khiyānataka faqad khānullāha min qablu fa amkana minhum wallāhu ‘alīmun ḥakim(un).

Nanso se wanom (nnommum no) pe se woyi mo (Muhammad) ma a, ennee ampa ara ansa na wayi Allah ama, enti Wama mo tumi wo wan so. Allah nim ade nyinaa, Nyansafoa.


72

اِنَّ الَّذِيْنَ اٰمَنُوْا وَهَاجَرُوْا وَجَاهَدُوْا بِاَمْوَالِهِمْ وَاَنْفُسِهِمْ فِيْ سَبِيْلِ اللّٰهِ وَالَّذِيْنَ اٰوَوْا وَّنَصَرُوْٓا اُولٰۤىِٕكَ بَعْضُهُمْ اَوْلِيَاۤءُ بَعْضٍۗ وَالَّذِيْنَ اٰمَنُوْا وَلَمْ يُهَاجِرُوْا مَا لَكُمْ مِّنْ وَّلَايَتِهِمْ مِّنْ شَيْءٍ حَتّٰى يُهَاجِرُوْاۚ وَاِنِ اسْتَنْصَرُوْكُمْ فِى الدِّيْنِ فَعَلَيْكُمُ النَّصْرُ اِلَّا عَلٰى قَوْمٍۢ بَيْنَكُمْ وَبَيْنَهُمْ مِّيْثَاقٌۗ وَاللّٰهُ بِمَا تَعْمَلُوْنَ بَصِيْرٌ

innal-lażīna āmanū wa hājarū wa jāhadū bi'amwālihim wa anfusihim fī sabīlillāhi wal-lażīna āwaw wa naṣarū ulā'ika ba‘ḍuhum auliyā'u ba‘ḍ(in), wal-lażīna āmanū wa lam yuhājirū mā lakum miw walāyatihim min syai'in ḥattā yuhājirū, wa inistanṣarūkum fid-dīni fa ‘alaikumun naṣru illā ‘alā qaumim bainakum wa bainahum mīṡāq(un), wallāhu bimā ta‘malūna baṣīr(un).

Ampa ara se, nkurafoa a wogye die na wotu na wode won ahonyadee ne won akra di apere wo Allah kwan so ne nkurafoa a woma dabere na woboa (ma Muhajirin) no, wobo won ho won ho ban. Na (ma) nkurafoa a wogye di nanso wonntu ntu no, asodie biara nni ho mma mo se mobo won ho ban, kopem se wobetu. (Nanso) sɛ wɔsrɛ wo mmoa wɔ (defense of) nyamesom mu a, ɛnde ɛyɛ w’asɛde sɛ wode mmoa ma gyese nnipa a wɔayɛ apam wɔ wo ne wɔn ntam. Na Allah ne dee moyo nyinaa hunu.


73

وَالَّذِيْنَ كَفَرُوْا بَعْضُهُمْ اَوْلِيَاۤءُ بَعْضٍۗ اِلَّا تَفْعَلُوْهُ تَكُنْ فِتْنَةٌ فِى الْاَرْضِ وَفَسَادٌ كَبِيْرٌۗ

wal-lażīna kafarū ba‘ḍuhum auliyā'u ba‘ḍ(in), illā taf‘alūhu takun fitnatun fil-arḍi wa fasādun kabīr(un).

Na nkurofoo a wonnye nni no, won mu binom boa ebinom ho ban. Sɛ moannyɛ dee Allah ahyɛ sɛ (mommɔ mo ho mo ho ban) a, akyinnyeɛ biara nni ho sɛ basabasayɛ bɛba asaase so na ɔsɛeɛ kɛseɛ.


74

وَالَّذِيْنَ اٰمَنُوْا وَهَاجَرُوْا وَجَاهَدُوْا فِيْ سَبِيْلِ اللّٰهِ وَالَّذِيْنَ اٰوَوْا وَّنَصَرُوْٓا اُولٰۤىِٕكَ هُمُ الْمُؤْمِنُوْنَ حَقًّاۗ لَهُمْ مَّغْفِرَةٌ وَّرِزْقٌ كَرِيْمٌ

wal-lażīna āmanū wa hājarū wa jāhadū fī sabīlillāhi wal-lażīna āwaw wa naṣarū ulā'ika humul-mu'minūna ḥaqqā(n), lahum magfirtuw wa rizqun karīm(un).

Na nkurofoo a wogye die na wotu na wopere wo Allah kwan so, ene nkurafoa a woma dabere na woboa (ma Muhajirin) no, wenom ne agyidifoo nokore no. Wonya bɔne fafiri ne aduane a ɛkorɔn (adom).


75

وَالَّذِيْنَ اٰمَنُوْا مِنْۢ بَعْدُ وَهَاجَرُوْا وَجَاهَدُوْا مَعَكُمْ فَاُولٰۤىِٕكَ مِنْكُمْۗ وَاُولُوا الْاَرْحَامِ بَعْضُهُمْ اَوْلٰى بِبَعْضٍ فِيْ كِتٰبِ اللّٰهِ ۗاِنَّ اللّٰهَ بِكُلِّ شَيْءٍ عَلِيْمٌ ࣖ

wal-lażīna āmanū mim ba‘du wa hājarū wa jāhadū ma‘akum fa ulā'ika minkum, wa ulul-arḥāmi ba‘ḍuhum aulā biba‘ḍin fī kitābillāh(i), innallāha bikulli syai'in ‘alīm(un).

Na wɔn a wɔgye diiɛ wɔ ɛno akyi, afei wɔtu kɔɔ baabi foforɔ na wɔne wo koe jihad no, wɔka mo kuo no ho. Nnipa binom a wowo abusuafoo no wo ho kwan pii wo won ho won ho (sen nkurofoo a wonnye abusuafoo) sedee Allah Nwoma no ka no. Ampa ara se Allah nim biribiara.