Revert to Islam, click here
Islam Al-Haq: Koran ne Hadith
(Nokware Islam)

Q.S As-Sajdah na ɔkyerɛwee (اَلسَّجْدَة) - 30 Nkyekyem Dodow

(Sajdah na ɛyɛ)

Qari

Murottal Audio

1

الۤمّۤ ۗ

alif lām mīm.

Alif Lam Mim.


2

تَنْزِيْلُ الْكِتٰبِ لَا رَيْبَ فِيْهِ مِنْ رَّبِّ الْعٰلَمِيْنَۗ

tanzīlul-kitābi lā raiba fīhi mir rabbil-‘ālamīn(a).

Akyinnye biara nni ho se Kur'aan no adiyie no firi ewiase nyinaa Awurade.


3

اَمْ يَقُوْلُوْنَ افْتَرٰىهُ ۚ بَلْ هُوَ الْحَقُّ مِنْ رَّبِّكَ لِتُنْذِرَ قَوْمًا مَّآ اَتٰىهُمْ مِّنْ نَّذِيْرٍ مِّنْ قَبْلِكَ لَعَلَّهُمْ يَهْتَدُوْنَ

am yaqūlūnaftarāhu balhuwal-ḥaqqu mir rabbika litunżira qaumam mā atāhum min nażīrim min qablika la‘allahum yahtadūn(a).

Nanso adɛn nti na wɔn (wɔn a wɔnnye nni) ka sɛ, "Ɔno (Muhammad) na wayɛ no." Dabi, Kur’aan no ne nokore (a efiri w’Awurade ho bae) sedee ebeye na woabo nnipa a obiara a odii w’anim na waba wo kɔkɔ no nkɔɔ wɔn nkyɛn da no kɔkɔ; enti wobetumi anya akwankyerɛ.


4

اَللّٰهُ الَّذِيْ خَلَقَ السَّمٰوٰتِ وَالْاَرْضَ وَمَا بَيْنَهُمَا فِيْ سِتَّةِ اَيَّامٍ ثُمَّ اسْتَوٰى عَلَى الْعَرْشِۗ مَا لَكُمْ مِّنْ دُوْنِهٖ مِنْ وَّلِيٍّ وَّلَا شَفِيْعٍۗ اَفَلَا تَتَذَكَّرُوْنَ

allāhul-lażī khalaqas-samāwāti wal-arḍa wa mā bainahumā fī sittati ayyāmin ṡummastawā ‘alal-‘arsy(i), mā lakum min dūnihī miw waliyyiw wa lā syafī‘(in), afalā tatażakkarūn(a).

Allah bɔɔ esoro ahoroa ne asaase no ne dee ewo won ntam wo mfee nsia mu, afei 3tenaa 'Arsh so. Mo deɛ, obiara nni hɔ a ɔyɛ ɔboafoɔ anaa ɔgyinafoɔ gyese Ɔno. Ɛnde so wonyɛ aso?


5

يُدَبِّرُ الْاَمْرَ مِنَ السَّمَاۤءِ اِلَى الْاَرْضِ ثُمَّ يَعْرُجُ اِلَيْهِ فِيْ يَوْمٍ كَانَ مِقْدَارُهٗٓ اَلْفَ سَنَةٍ مِّمَّا تَعُدُّوْنَ

yudabbirul-amra minas-samā'i ilal-arḍi ṡumma ya‘ruju ilaihi fī yaumin kāna miqdāruhū alfa sanatim mimmā ta‘uddūn(a).

Ɔhwɛ nsɛm nyinaa so firi ɔsoro kɔ asaase so, afei (nsɛm) foro kɔ Ne nkyɛn wɔ da baako a ne tenten (ne tenten) yɛ mfeɛ apem sɛdeɛ wo akontabuo teɛ.


6

ذٰلِكَ عٰلِمُ الْغَيْبِ وَالشَّهَادَةِ الْعَزِيْزُ الرَّحِيْمُۙ

Żālika ‘ālimul-gaibi wasy-syahādatil-‘azīzur-raḥīm(u).

Ɛno ne Onyankopɔn a onim nea wonhu ne nea ɛwɔ hɔ ankasa, Ade Nyinaa so Tumfoɔ, Mmɔborohunufo.


7

الَّذِيْٓ اَحْسَنَ كُلَّ شَيْءٍ خَلَقَهٗ وَبَدَاَ خَلْقَ الْاِنْسَانِ مِنْ طِيْنٍ

allażī aḥsana kulla syai'in khalaqahū wa bada'a khalqal-insāni min ṭīn(in).

Ɔno na ɔhyɛɛ biribiara a Ɔbɔɔ no fɛfɛɛfɛ na ɔhyɛɛ onipa bɔeɛ ase firii fam, .


8

ثُمَّ جَعَلَ نَسْلَهٗ مِنْ سُلٰلَةٍ مِّنْ مَّاۤءٍ مَّهِيْنٍ ۚ

Ṡumma ja‘ala naslahū min sulālatim mim mā'im mahīn(in).

afei Ɔde nsuo a ɛba fam (semen) mu nsuo na ɛyɛɛ n’asefoɔ.


9

ثُمَّ سَوّٰىهُ وَنَفَخَ فِيْهِ مِنْ رُّوْحِهٖ وَجَعَلَ لَكُمُ السَّمْعَ وَالْاَبْصَارَ وَالْاَفْـِٕدَةَۗ قَلِيْلًا مَّا تَشْكُرُوْنَ

Ṡumma sawwāhu wa nafakha fīhi mir rūḥihī wa ja‘ala lakumus-sam‘a wal-abṣāra wal-af'idah(ta), qalīlam mā tasykurūn(a).

Afei Ɔmaa no yɛɛ pɛ na ɔhome Ne honhom (abɔdeɛ) guu ne (nipadua) mu na Ɔyɛɛ aso, ahunu ne akoma maa mo, (nanso) moannya aseda ketewaa bi koraa.


10

وَقَالُوْٓا ءَاِذَا ضَلَلْنَا فِى الْاَرْضِ ءَاِنَّا لَفِيْ خَلْقٍ جَدِيْدٍ ەۗ بَلْ هُمْ بِلِقَاۤءِ رَبِّهِمْ كٰفِرُوْنَ

wa qālū a'iżā ḍalalnā fil-arḍi a'innā lafī khalqin jadīd(in), bal hum biliqā'i rabbihim kāfirūn(a).

Na wɔkaa sɛ, “Sɛ yɛyera (asɛe) wɔ asase so a, so yɛbɛtena abɔdeɛ foforɔ mu anaa?” Wɔpow sɛ wɔahyia wɔn Nyankopɔn mpo.


11

۞ قُلْ يَتَوَفّٰىكُمْ مَّلَكُ الْمَوْتِ الَّذِيْ وُكِّلَ بِكُمْ ثُمَّ اِلٰى رَبِّكُمْ تُرْجَعُوْنَ ࣖ

qul yatawaffākum malakul-mautil-lażī wukkila bikum ṡumma ilā rabbikum turja‘ūn(a).

Ka se, "Owuo bofoo a wode no hyɛɛ ne nsa sɛ (ɔmfa wo kra) no bɛkum wo, afei w'Awurade nkyɛn na wɔbɛsan de wo aba."


12

وَلَوْ تَرٰىٓ اِذِ الْمُجْرِمُوْنَ نَاكِسُوْا رُءُوْسِهِمْ عِنْدَ رَبِّهِمْۗ رَبَّنَآ اَبْصَرْنَا وَسَمِعْنَا فَارْجِعْنَا نَعْمَلْ صَالِحًا اِنَّا مُوْقِنُوْنَ

wa lau tarā iżil-mujrimūna nākisū ru'ūsihim ‘inda rabbihim, rabbanā abṣarnā wa sami‘nā farji‘nā na‘mal ṣāliḥan innā mūqinūn(a).

Na (ɛyɛ hu bɛn ara ni), sɛ wohunuu saa nnebɔneyɛfoɔ no sɛ wɔrekoto wɔn tiri mu wɔ wɔn Awurade anim a, (wɔkaa sɛ), "Yɛn Awurade, yɛahunu na yɛate, enti san yɛn (kɔ wiase) mu, ampa ara yɛbɛyɛ nnwuma pa. Ampa ara, yɛyɛ nnipa a yɛgye di.


13

وَلَوْ شِئْنَا لَاٰتَيْنَا كُلَّ نَفْسٍ هُدٰىهَا وَلٰكِنْ حَقَّ الْقَوْلُ مِنِّيْ لَاَمْلَـَٔنَّ جَهَنَّمَ مِنَ الْجِنَّةِ وَالنَّاسِ اَجْمَعِيْنَ

wa lau syi'nā la'ātainā kulla nafsin hudāhā wa lākin ḥaqqal-qaulu minnī la'amla'anna jahannama minal-jinnati wan-nāsi ajma‘īn(a).

Na se Yepee a, anka Yema okra biara kwankyere (ma) ho, nanso woahye asem (ahyedee) bi afiri Me ho se, "Esi pi se, mede jinn ne nnipa abom hye Hell ma."


14

فَذُوْقُوْا بِمَا نَسِيْتُمْ لِقَاۤءَ يَوْمِكُمْ هٰذَاۚ اِنَّا نَسِيْنٰكُمْ وَذُوْقُوْا عَذَابَ الْخُلْدِ بِمَا كُنْتُمْ تَعْمَلُوْنَ

fa żūqū bimā nasītum liqā'a yaumikum hāżā, innā nasīnākum wa żūqū ‘ażābal-khuldi bimā kuntum ta‘malūn(a).

Enti nte nka ma mo (asotwe yi) efirise mobuu w'ani guu so sɛ mobɛhyia mo da (Atemmuo Da no), ampa ara Yebu yɛn ani guu mo nso so na yɛte daa asotwe no nka, wɔ deɛ moayɛ no ho."


15

اِنَّمَا يُؤْمِنُ بِاٰيٰتِنَا الَّذِيْنَ اِذَا ذُكِّرُوْا بِهَا خَرُّوْا سُجَّدًا وَّسَبَّحُوْا بِحَمْدِ رَبِّهِمْ وَهُمْ لَا يَسْتَكْبِرُوْنَ ۩

innamā yu'minu bi'āyātinal-lażīna iżā żukkirū bihā kharrū sujjadaw wa sabbaḥū biḥamdi rabbihim wa hum lā yastakbirūn(a).

Nkurafoa a wogye Yen nkyekyem no di no, wonom nkoaa, se wokae won (Yen nkyekyem) a, wokotow na wohye won ho animuonyam na woyi won Awurade ayɛ, na wonhoahoa wɔn ho.


16

تَتَجَافٰى جُنُوْبُهُمْ عَنِ الْمَضَاجِعِ يَدْعُوْنَ رَبَّهُمْ خَوْفًا وَّطَمَعًاۖ وَّمِمَّا رَزَقْنٰهُمْ يُنْفِقُوْنَ

tatajāfā junūbuhum ‘anil-maḍāji‘i yad‘ūna rabbahum khaufaw wa ṭama‘ā(n), wa mimmā razaqnāhum yunfiqūn(a).

Wɔn yafunu ne wɔn mpa ntam kwan ware, wɔde ehu ne anidasoɔ bɔ mpaeɛ brɛ wɔn Awurade, na wɔsɛe aduane a Yɛde ama wɔn no fã bi.


17

فَلَا تَعْلَمُ نَفْسٌ مَّآ اُخْفِيَ لَهُمْ مِّنْ قُرَّةِ اَعْيُنٍۚ جَزَاۤءًۢ بِمَا كَانُوْا يَعْمَلُوْنَ

falā ta‘lamu nafsum mā ukhfiya lahum min qurrati a‘yun(in), jazā'am bimā kānū ya‘malūn(a).

Enti obiara nnim nea wɔde asie ama wɔn, a ɛne (adom ahorow) a ɛsɔ koma ani de tua nea wɔyɛ no so ka.


18

اَفَمَنْ كَانَ مُؤْمِنًا كَمَنْ كَانَ فَاسِقًاۗ لَا يَسْتَوٗنَ

afaman kāna mu'minan kaman kāna fāsiqā(n), lā yastawūn(a).

Enti agyidifoɔ te sɛ nnipa bɔne (wɔn a wɔnnye nni)? Wɔnnyɛ pɛ.


19

اَمَّا الَّذِيْنَ اٰمَنُوْا وَعَمِلُوا الصّٰلِحٰتِ فَلَهُمْ جَنّٰتُ الْمَأْوٰىۖ نُزُلًا ۢبِمَا كَانُوْا يَعْمَلُوْنَ

ammal-lażīna āmanū wa ‘amiluṣ-ṣāliḥāti falahum jannātul-ma'wā, nuzulam bimā kānū ya‘malūn(a).

Na wɔn a wogye di na wɔyɛ nnwuma pa no deɛ, wɔbɛnya ɔsoro a wɔbɛtena mu, sɛ akatua wɔ deɛ wɔayɛ no ho.


20

وَاَمَّا الَّذِيْنَ فَسَقُوْا فَمَأْوٰىهُمُ النَّارُ كُلَّمَآ اَرَادُوْٓا اَنْ يَّخْرُجُوْا مِنْهَآ اُعِيْدُوْا فِيْهَا وَقِيْلَ لَهُمْ ذُوْقُوْا عَذَابَ النَّارِ الَّذِيْ كُنْتُمْ بِهٖ تُكَذِّبُوْنَ

wa ammal-lażīna fasaqū fa ma'wākumun nāru kullamā arādū ay yakhrujū minhā u‘īdū fīhā wa qīla lahum żūqū ‘ażāban nāril-lażī kuntum bihī tukażżibūn(a).

Na nkurofoo a woye adeboneyofoo (a wonnye nni) no, won tenabea ye hell. Bere biara a wɔbɛpɛ sɛ wofi mu no, wɔsan de wɔn (san) kɔ mu na wɔka kyerɛ wɔn sɛ, "Monsɔ hell asotwe a moadi kan pow no nhwɛ."


21

وَلَنُذِيْقَنَّهُمْ مِّنَ الْعَذَابِ الْاَدْنٰى دُوْنَ الْعَذَابِ الْاَكْبَرِ لَعَلَّهُمْ يَرْجِعُوْنَ

wa lanużīqannahum minal-‘ażābil-adnā dūnal-‘ażābil-akbari la‘allahum yarji‘ūn(a).

Na esi pi se Yede asotwe a eben paa (wo ewiase yi mu) bi beba won so ansa na asotwe kesee (wo owuo akyi asetena mu), ama wasan aba (akwan pa no so).


22

وَمَنْ اَظْلَمُ مِمَّنْ ذُكِّرَ بِاٰيٰتِ رَبِّهٖ ثُمَّ اَعْرَضَ عَنْهَا ۗاِنَّا مِنَ الْمُجْرِمِيْنَ مُنْتَقِمُوْنَ ࣖ

wa man aẓlamu mimman żukkira bi'āyāti rabbihī ṡumma a‘raḍa ‘anhā, innā minal-mujrimīna muntaqimūn(a).

Na hwan na watene sene obi a wade n’Awurade nkyekyem ahoroo no abo no kɔkɔ, afei wadan ne ho afiri ho? Ampa ara se, Yebetua nkurafoa a wodi bone no so ka.


23

وَلَقَدْ اٰتَيْنَا مُوْسَى الْكِتٰبَ فَلَا تَكُنْ فِيْ مِرْيَةٍ مِّنْ لِّقَاۤىِٕهٖ وَجَعَلْنٰهُ هُدًى لِّبَنِيْٓ اِسْرَاۤءِيْلَۚ

wa laqad ātainā mūsal-kitāba falā takun fī miryatim mil liqā'ihī wa ja‘alnāhu hudal libanī isrā'īl(a).

Na ampa ara se, Yede Nwoma (Tora) no ama Mose, enti mma wo (Muhammad) ntwentwɛn wo nan ase sɛ wobɛgye (Kur’aan) na Yeayɛ Nwoma (Tora) no kwankyerɛfoɔ ama Israel Mma.


24

وَجَعَلْنَا مِنْهُمْ اَىِٕمَّةً يَّهْدُوْنَ بِاَمْرِنَا لَمَّا صَبَرُوْاۗ وَكَانُوْا بِاٰيٰتِنَا يُوْقِنُوْنَ

wa ja‘alnā minhum a'immatay yahdūna bi'amrinā lammā ṣabarū, wa kānū bi'āyātinā yūqinūn(a).

Na Yeyee akannifoo kaa wan mu a wobekyere wan kwan sedee Yen ahyedee tedee bere tenten a wanya abotare. Wogye Yɛn nkyekyem ahorow di.


25

اِنَّ رَبَّكَ هُوَ يَفْصِلُ بَيْنَهُمْ يَوْمَ الْقِيٰمَةِ فِيْمَا كَانُوْا فِيْهِ يَخْتَلِفُوْنَ

inna rabbaka huwa yafṣilu bainahum yaumal-qiyāmati fīmā kānū fīhi yakhtalifūn(a).

Ampa ara se, w'Awurade ne 3no na 3besi wan ntam wo Owusore Da no a efa dee wodii kan gyee akyinnyee fa ne ho no ho.


26

اَوَلَمْ يَهْدِ لَهُمْ كَمْ اَهْلَكْنَا مِنْ قَبْلِهِمْ مِّنَ الْقُرُوْنِ يَمْشُوْنَ فِيْ مَسٰكِنِهِمْ ۗاِنَّ فِيْ ذٰلِكَ لَاٰيٰتٍۗ اَفَلَا يَسْمَعُوْنَ

awalam yahdi lahum kam ahlaknā min qablihim minal-qurūni yamsyūna fī masākinihim, inna fī żālika la'āyāt(in), afalā yasma‘ūn(a).

Na so ennye Nsenkyerennee mma won, nkurofoo bebree a yedii wan anim kan na Yeaseee, wo abere a wan ankasa nantew wan tenabea. Ampa ara se, enam mu no, Nsenkyerennee ahoroo (a Allah tumi ho) wo ho. So wɔntie (wɔnyɛ aso)?


27

اَوَلَمْ يَرَوْا اَنَّا نَسُوْقُ الْمَاۤءَ اِلَى الْاَرْضِ الْجُرُزِ فَنُخْرِجُ بِهٖ زَرْعًا تَأْكُلُ مِنْهُ اَنْعَامُهُمْ وَاَنْفُسُهُمْۗ اَفَلَا يُبْصِرُوْنَ

awalam yarau annā nasūqul-mā'a ilal-arḍil juruzi fanukhriju bihī zar‘an ta'kulu minhu an‘āmuhum wa anfushum, afalā yubṣirūn(a).

Na so wanhunu se Yekyeree (mununkum a) nsuo ko asaase a ewo kwa no so, afei Yemaa afifidee nyin (ne osuo nsuo) sedee ebeye na won mmoa ne won ankasa betumi adi bi. Enti adɛn nti na wɔnyɛ aso?


28

وَيَقُوْلُوْنَ مَتٰى هٰذَا الْفَتْحُ اِنْ كُنْتُمْ صٰدِقِيْنَ

wa yaqūlūna matā hāżal-fatḥu in kuntum ṣādiqīn(a).

Na wobisaa se, “Sɛ woyɛ ɔtreneeni a, bere bɛn na nkonimdi (bɛba)?”


29

قُلْ يَوْمَ الْفَتْحِ لَا يَنْفَعُ الَّذِيْنَ كَفَرُوْٓا اِيْمَانُهُمْ وَلَا هُمْ يُنْظَرُوْنَ

qul yaumal-fatḥi lā yanfa‘ul-lażīna kafarū īmānuhum wa lā hum yunẓarūn(a).

Ka se, "Nkonimdie Da no, won gyidie no ho remma mfasoo biara mma atiafoa no bio na wɔremma won ahomegye."


30

فَاَعْرِضْ عَنْهُمْ وَانْتَظِرْ اِنَّهُمْ مُّنْتَظِرُوْنَ ࣖ

fa a‘riḍ ‘anhum wantaẓir innahum muntaẓirūn(a).

Enti dan w’akyi kyerɛ wɔn na twɛn, ampa ara sɛ wɔretwɛn (nso).