Revert to Islam, click here
Islam Al-Haq: Koran ne Hadith
(Nokware Islam)

Q.S Muhammad na ɔkyerɛwee (مُحَمَّد) - 38 Nkyekyem Dodow

(Muhammad na ɔkyerɛwee)

Qari

Murottal Audio

1

اَلَّذِيْنَ كَفَرُوْا وَصَدُّوْا عَنْ سَبِيْلِ اللّٰهِ اَضَلَّ اَعْمَالَهُمْ

allażīna kafarū wa ṣaddū ‘an sabīlillāhi aḍalla a‘mālahum.

Enti nya abotare (O Muhammad) sedee asomafoa a wogyina pintinn no nyaa abotare no, na mma nsre se womfa asotwe no mmra won so ntɛm. Da a wobehu asotwe a wɔahyɛ ho bɔ no, ɛbɛyɛ te sɛ nea wɔakɔ so (wɔ wiase yi mu) nanso bere tiaa bi wɔ awiabere mu. W’asɛyɛde ne sɛ wobɛda no adi nkutoo. Enti obiara nni hɔ a wɔrensɛe no gyese asoɔdenfo (asoɔdenfo Allah).


2

وَالَّذِيْنَ اٰمَنُوْا وَعَمِلُوا الصّٰلِحٰتِ وَاٰمَنُوْا بِمَا نُزِّلَ عَلٰى مُحَمَّدٍ وَّهُوَ الْحَقُّ مِنْ رَّبِّهِمْ ۚ كَفَّرَ عَنْهُمْ سَيِّاٰتِهِمْ وَاَصْلَحَ بَالَهُمْ

wal-lażīna āmanū wa ‘amiluṣ-ṣāliḥāti wa āmanū bimā nuzzila ‘alā muḥammadiw wa huwal-ḥaqqu mir rabbihim, kaffara ‘anhum sayyi'ātihim wa aṣlaḥa bālahum.

Nkurafoa a wannye nni na wosiw (nnipa) kwan firi Allah kwan so no, Allah bepo wan nnwuma nyinaa.


3

ذٰلِكَ بِاَنَّ الَّذِيْنَ كَفَرُوا اتَّبَعُوا الْبَاطِلَ وَاَنَّ الَّذِيْنَ اٰمَنُوا اتَّبَعُوا الْحَقَّ مِنْ رَّبِّهِمْ ۗ كَذٰلِكَ يَضْرِبُ اللّٰهُ لِلنَّاسِ اَمْثَالَهُمْ

Żālika bi'annal-lażīna kafaruttaba‘ul-bāṭila wa annal-lażīna āmanuttaba‘ul-ḥaqqa mir rabbihim, każālika yaḍribullāhu lin-nāsi amṡālahum.

Na nkurafoa a wogye die ( Allah) na woyo nnwuma pa na wogye dee woyii no adi maa Muhammad die; na ɛno ne nokorɛ a ɛfiri wɔn Awurade hɔ; Allah popa wan mfomsoɔ, na ɔma wɔn tebea tu mpɔn.


4

فَاِذَا لَقِيْتُمُ الَّذِيْنَ كَفَرُوْا فَضَرْبَ الرِّقَابِۗ حَتّٰٓى اِذَآ اَثْخَنْتُمُوْهُمْ فَشُدُّوا الْوَثَاقَۖ فَاِمَّا مَنًّاۢ بَعْدُ وَاِمَّا فِدَاۤءً حَتّٰى تَضَعَ الْحَرْبُ اَوْزَارَهَا ەۛ ذٰلِكَ ۛ وَلَوْ يَشَاۤءُ اللّٰهُ لَانْتَصَرَ مِنْهُمْ وَلٰكِنْ لِّيَبْلُوَا۟ بَعْضَكُمْ بِبَعْضٍۗ وَالَّذِيْنَ قُتِلُوْا فِيْ سَبِيْلِ اللّٰهِ فَلَنْ يُّضِلَّ اَعْمَالَهُمْ

fa iżā laqītumul-lażīna kafarū faḍarbar-riqāb(i), ḥattā iżā aṡkhantumūhum fa syuddul-waṡāq(a), fa'immā mannam ba‘du wa immā fidā'an ḥattā taḍa‘al-ḥarbu auzārahā - żālika - wa lau yasyā'ullāhu lantaṣara minhum wa lākil liyabluwa ba‘ḍakum biba‘ḍ(in), wal-lażīna qutilū fī sabīlillāhi falay yuḍilla a‘mālahum.

Wei te saa efirise ampa ara se nkurafoa a wannye nni no di nkontompo akyi na ampa ara nkurafoa a wogye die no di nokore a efiri wan Awurade ho akyi. Saa na Allah de mfatoho ma nnipa.


5

سَيَهْدِيْهِمْ وَيُصْلِحُ بَالَهُمْۚ

sayahdīhim wa yuṣliḥu bālahum.

Enti sɛ wohyia nnipa a wonnye nni (wɔ ɔko mu) a, ɛnde bɔ wɔn kɔn. Bio nso, sɛ wudi wɔn so nkonim a, fa wɔn nnommum, na ɛno akyi no, wubetumi agyae wɔn anaasɛ woagye agyede akosi sɛ ɔko no bɛba awiei. Saa na ɛte, na sɛ Allah pɛ a anka Ɔbɛsɛe wɔn, nanso Ɔbɛsɔ mo ahwɛ wɔ mo ho mo ho. Na nkurafoa a wawu wa Allah kwan so no, Allah nnsɛe wan nnwuma.


6

وَيُدْخِلُهُمُ الْجَنَّةَ عَرَّفَهَا لَهُمْ

wa yudkhiluhumul-jannata ‘arrafahā lahum.

Allah bɛkyerɛ wɔn kwan na ama wɔn tebea atu mpɔn, .


7

يٰٓاَيُّهَا الَّذِيْنَ اٰمَنُوْٓا اِنْ تَنْصُرُوا اللّٰهَ يَنْصُرْكُمْ وَيُثَبِّتْ اَقْدَامَكُمْ

yā ayyuhal-lażīna āmanū in tanṣurullāha yanṣurkum wa yuṡabbit aqdāmakum.

na ɔgyee wɔn kɔɔ paradise a Ɔde wɔn baa mu no mu.


8

وَالَّذِيْنَ كَفَرُوْا فَتَعْسًا لَّهُمْ وَاَضَلَّ اَعْمَالَهُمْ

wal-lażīna kafarū fata‘sal lahum wa aḍalla a‘mālahum.

O mo a mogye die! Se moboa (nyamesom) Allah a, esi pi se 3beboa mo na wahye mo gyinabea den.


9

ذٰلِكَ بِاَنَّهُمْ كَرِهُوْا مَآ اَنْزَلَ اللّٰهُ فَاَحْبَطَ اَعْمَالَهُمْ

Żālika bi'annahum karihū mā anzalallāhu fa aḥbaṭa a‘mālahum.

Na nkurafoa no a wannye nni no, nnue mma wan na Allah bepo wan nnwuma nyinaa.


10

۞ اَفَلَمْ يَسِيْرُوْا فِى الْاَرْضِ فَيَنْظُرُوْا كَيْفَ كَانَ عَاقِبَةُ الَّذِيْنَ مِنْ قَبْلِهِمْ ۗ دَمَّرَ اللّٰهُ عَلَيْهِمْ ۖوَلِلْكٰفِرِيْنَ اَمْثَالُهَا

afalam yasīrū fil-arḍi fayanẓurū kaifa kāna ‘āqibatul-lażīna min qablihim, dammarallāhu ‘alaihim, wa lil-kāfirīna amṡāluhā.

Wei te saa efirise wotan dee (Kur'aan) a Allah ayi adie no, enti Allah popa wan nnwuma nyinaa.


11

ذٰلِكَ بِاَنَّ اللّٰهَ مَوْلَى الَّذِيْنَ اٰمَنُوْا وَاَنَّ الْكٰفِرِيْنَ لَا مَوْلٰى لَهُمْ ࣖ

Żālika bi'annallāha maulal-lażīna āmanū wa annal-kāfirīna lā maulā lahum.

Enti wɔantu kwan wɔ asase so da sɛnea ɛbɛyɛ a wobetumi ahu nea wɔn a wodii wɔn anim no awiei yɛ? Allah asɛe wan, na atiafoa no nso benya saa ara (nkrabea).


12

اِنَّ اللّٰهَ يُدْخِلُ الَّذِيْنَ اٰمَنُوْا وَعَمِلُوا الصّٰلِحٰتِ جَنّٰتٍ تَجْرِيْ مِنْ تَحْتِهَا الْاَنْهٰرُ ۗوَالَّذِيْنَ كَفَرُوْا يَتَمَتَّعُوْنَ وَيَأْكُلُوْنَ كَمَا تَأْكُلُ الْاَنْعَامُ وَالنَّارُ مَثْوًى لَّهُمْ

innallāha yudkhilul-lażīna āmanū wa ‘amiluṣ-ṣāliḥāti jannātin tajrī min taḥtihal-anhār(u), wal-lażīna kafarū yatamatta‘ūna wa ya'kulūna kamā ta'kulul-an‘āmu wan-nāru maṡwal lahum.

Wei te saa efirise Allah ne nkurofoo a wogye die no banbofoo; bere a atiafoa no nni ahobanbo biara mma wan.


13

وَكَاَيِّنْ مِّنْ قَرْيَةٍ هِيَ اَشَدُّ قُوَّةً مِّنْ قَرْيَتِكَ الَّتِيْٓ اَخْرَجَتْكَۚ اَهْلَكْنٰهُمْ فَلَا نَاصِرَ لَهُمْ

wa ka'ayyim min qaryatin hiya asyaddu quwwatam min qaryatikal-latī akhrajatk(a), ahlaknāhum falā nāṣira lahum.

Ampa ara se, Allah begye nkurafoa a wogye die na woyo nnwuma pa no aba paradise a nsubɔnten sen fa mu. Na nkurafoa a wannye nni no nya anigyee (wiase) na wodi sedee mmoa di; na (daakye) hell bɛyɛ wɔn tenabea.


14

اَفَمَنْ كَانَ عَلٰى بَيِّنَةٍ مِّنْ رَّبِّهٖ كَمَنْ زُيِّنَ لَهٗ سُوْۤءُ عَمَلِهٖ وَاتَّبَعُوْٓا اَهْوَاۤءَهُمْ

afaman kāna ‘alā bayyinatim mir rabbihī kaman zuyyina lahū sū'u ‘amalihī wattaba‘ū ahwā'ahum.

Na aman dodoɔ sɛn (nnipa) a wɔn ho yɛ den sene (nnipa) wo man (Muhammad) a wɔapam wo. Yɛasɛe wɔn; enti na obiara nni hɔ a ɔbɛboa wɔn.


15

مَثَلُ الْجَنَّةِ الَّتِيْ وُعِدَ الْمُتَّقُوْنَ ۗفِيْهَآ اَنْهٰرٌ مِّنْ مَّاۤءٍ غَيْرِ اٰسِنٍۚ وَاَنْهٰرٌ مِّنْ لَّبَنٍ لَّمْ يَتَغَيَّرْ طَعْمُهٗ ۚوَاَنْهٰرٌ مِّنْ خَمْرٍ لَّذَّةٍ لِّلشّٰرِبِيْنَ ەۚ وَاَنْهٰرٌ مِّنْ عَسَلٍ مُّصَفًّى ۗوَلَهُمْ فِيْهَا مِنْ كُلِّ الثَّمَرٰتِ وَمَغْفِرَةٌ مِّنْ رَّبِّهِمْ ۗ كَمَنْ هُوَ خَالِدٌ فِى النَّارِ وَسُقُوْا مَاۤءً حَمِيْمًا فَقَطَّعَ اَمْعَاۤءَهُمْ

maṡalul-jannatil-latī wu‘idal-muttaqūn(a), fīhā anhārum mim mā'in gairi āsin(in), wa anhārum mil labanil lam yatagayyar ṭa‘muh(ū), wa anhārum min khamril lażżatil lisy-syāribīn(a), wa anhārum min ‘asalim muṣaffā(n), wa lahum fīhā min kulliṡ-ṡamarāti wa magfiratum mir rabbihim, kaman huwa khālidun fin-nāri wa suqū mā'an ḥamīman faqaṭṭa‘a am‘ā'ahum.

Enti onipa a ɔbata nsɛm a efi n’Awurade hɔ ho no te sɛ obi a ɔma ne nneyɛe bɔne yɛ fɛ ma no na odi n’akɔnnɔ akyi no yɛ pɛ?


16

وَمِنْهُمْ مَّنْ يَّسْتَمِعُ اِلَيْكَۚ حَتّٰىٓ اِذَا خَرَجُوْا مِنْ عِنْدِكَ قَالُوْا لِلَّذِيْنَ اُوْتُوا الْعِلْمَ مَاذَا قَالَ اٰنِفًا ۗ اُولٰۤىِٕكَ الَّذِيْنَ طَبَعَ اللّٰهُ عَلٰى قُلُوْبِهِمْ وَاتَّبَعُوْٓا اَهْوَاۤءَهُمْ

wa minhum may yastami‘u ilaiīk(a), ḥattā iżā kharajū min ‘indika qālū lil-ażīna ūtul-ilma māżā qāla ānifā(n), ulā'ikal-ażīna ṭaba‘allāhu ‘alā qulūbihim wattaba‘ū ahwā'ahum.

Paradise turo ho bɛ a wɔhyɛɛ wɔn a wɔyɛ nyamesomfo bɔ no; nsubɔnten bi wɔ hɔ a emu nsu nyɛ nkyene, ne nsubɔnten a nufusu wom a ne dɛ nsakra, ne nsubɔnten a ɛyɛ khamr (nsã a ɛnyɛ nsa) a ɛyɛ dɛ ma nea ɔnom ne nsubɔnten a ɛwo kronkron wɔ hɔ. Emu na wonya aduaba ahoroo nyinaa ne bonefakye firi wan Awurade no ho. So wɔne wɔn a wɔbɛtena hell mu daa, na wɔbɛma wɔn nsuo a ɛrefɔw anom ama wɔatwa wɔn dwensɔtwaa mu asinasin no yɛ pɛ?


17

وَالَّذِيْنَ اهْتَدَوْا زَادَهُمْ هُدًى وَّاٰتٰىهُمْ تَقْوٰىهُمْ

wal-ażīnahtadau zādahum hudaw wa ātāhum taqwāhum.

Na wɔn mu bi wɔ hɔ a nnipa bi wɔ hɔ a wɔtie wo nsɛm (Muhammad), nanso sɛ wɔfiri w’afa a wɔka kyerɛ wɔn a wɔama wɔn nimdeɛ (Ɔkɔmhyɛni no nnamfonom) sɛ, “Dɛn na na ɔreka?” Weinom ne nkurofoo a Allah ato won akoma mu na wodi wan apedee akyi.


18

فَهَلْ يَنْظُرُوْنَ اِلَّا السَّاعَةَ اَنْ تَأْتِيَهُمْ بَغْتَةً ۚ فَقَدْ جَاۤءَ اَشْرَاطُهَا ۚ فَاَنّٰى لَهُمْ اِذَا جَاۤءَتْهُمْ ذِكْرٰىهُمْ

fahal yanẓurūna illas-ā‘ata an ta'tiyahum bagtah(tan), faqad jā'a asyrāṭuhā, fa'annā lahum iżā jā'athum żikrāhum.

Na nkurafoa a wanya kwankyere no, Allah bema wan kwankyere no adɔɔso na wama wan nyamesom pa.


19

فَاعْلَمْ اَنَّهٗ لَآ اِلٰهَ اِلَّا اللّٰهُ وَاسْتَغْفِرْ لِذَنْۢبِكَ وَلِلْمُؤْمِنِيْنَ وَالْمُؤْمِنٰتِۚ وَاللّٰهُ يَعْلَمُ مُتَقَلَّبَكُمْ وَمَثْوٰىكُمْ ࣖ

fa‘lam annahū lā ilāha illallāhu wastagfir liżambika wa lil-u'minīna wal-u'mināt(i), wallāhu ya‘lamu mutaqallabakum wa maṡwākum.

Enti edeen bio na woretwɛn gye Atemmuo Da a ɛbɛba wɔn nkyɛn mpofirim no, ɛfiri sɛ Nsɛnkyerɛnneɛ no aba ampa. Enti mfaso bɛn na wɔn adwene benya ama wɔn bere a (Atemmu Da no) adu no?


20

وَيَقُوْلُ الَّذِيْنَ اٰمَنُوْا لَوْلَا نُزِّلَتْ سُوْرَةٌ ۚفَاِذَآ اُنْزِلَتْ سُوْرَةٌ مُّحْكَمَةٌ وَّذُكِرَ فِيْهَا الْقِتَالُ ۙرَاَيْتَ الَّذِيْنَ فِيْ قُلُوْبِهِمْ مَّرَضٌ يَّنْظُرُوْنَ اِلَيْكَ نَظَرَ الْمَغْشِيِّ عَلَيْهِ مِنَ الْمَوْتِۗ فَاَوْلٰى لَهُمْۚ

wa yaqūlul-ażīna āmanū lau lā nuzzilat sūrah(tun), fa iżā unzilat sūratum muḥkamatuw wa żukira fīhal-itāl(u), ra'aital-ażīna fī qulūbihim maraḍuy yanẓurūna ilaika naẓaral-magsyiyyi ‘alaihi minal-maut(i), fa'aulā lahum.

Enti monhunu se onyame biara nni hɔ (a ɔfata sɛ wɔsom no) gye sɛ Allah na srɛ bɔne fafiri wɔ mo bɔne ne (bɔne a) agyidifoɔ, mmarima ne mmaa no ho. Na Allah nim mo adwuma ne mo tenabea.


21

طَاعَةٌ وَّقَوْلٌ مَّعْرُوْفٌۗ فَاِذَا عَزَمَ الْاَمْرُۗ فَلَوْ صَدَقُوا اللّٰهَ لَكَانَ خَيْرًا لَّهُمْۚ

°ā‘atuw wa qaulum ma‘rūf(un), fa'iżā ‘azamal-amr(u), falau ṣadaqullāha lakāna khairal lahum.

Na wɔn a wɔgye die no ka sɛ, "Adɛn nti na wɔannyi surah (a ɛfa jihad ahyɛdeɛ ho) adi?" Enti, sɛ wɔsoma surah bi a ɛwɔ nteaseɛ a ɛda adi pefee na ɛwɔ (ahyɛdeɛ) ɔko a, wobɛhunu sɛ nnipa a wɔn akoma wɔ yareɛ no bɛhwɛ wo te sɛ obi a watotɔ piti efiri sɛ wɔsuro sɛ ɔbɛwuo ani ahwɛ. Nanso ɛfata wɔn kɛse.


22

فَهَلْ عَسَيْتُمْ اِنْ تَوَلَّيْتُمْ اَنْ تُفْسِدُوْا فِى الْاَرْضِ وَتُقَطِّعُوْٓا اَرْحَامَكُمْ

fahal ‘asaitum in tawallaitum an tufsidū fil-arḍi wa tuqaṭṭi‘ū arḥāmakum.

(Deɛ eye ma wɔn ne) sɛ wɔbɛyɛ osetie (ma Allah) na wɔaka nsɛm pa. Efisɛ sɛ wɔde nhyehyɛe (ɔko) no si hɔ a (wɔrempɛ). Nanso, se wanom (gye dii) Allah ampa a, anka ebeye papa ama wan.


23

اُولٰۤىِٕكَ الَّذِيْنَ لَعَنَهُمُ اللّٰهُ فَاَصَمَّهُمْ وَاَعْمٰٓى اَبْصَارَهُمْ

ulā'ikal-lażīna la‘anahumullāhu fa aṣammahum wa a‘mā abṣārahum.

Enti, sɛ wudi tumi a, so wobɛsɛe asase so na asɛe abusua mu abusuabɔ?


24

اَفَلَا يَتَدَبَّرُوْنَ الْقُرْاٰنَ اَمْ عَلٰى قُلُوْبٍ اَقْفَالُهَا

afalā yatadabbarūnal-qur'āna am ‘alā qulūbin aqfāluhā.

Weinom ne nkurofoo a Allah dome won; afei wɔmaa no asotifo (a wɔte asɛm) na wɔn ani afura wɔ aniwa so.


25

اِنَّ الَّذِيْنَ ارْتَدُّوْا عَلٰٓى اَدْبَارِهِمْ مِّنْۢ بَعْدِ مَا تَبَيَّنَ لَهُمُ الْهُدَى الشَّيْطٰنُ سَوَّلَ لَهُمْۗ وَاَمْلٰى لَهُمْ

innal-lażīnartaddū ‘alā adbārihim mim ba‘di mā tabayyana lahumul-hudasy-syaiṭānu sawwala lahum, wa amlā lahum.

Enti wɔn ani nsɔ Kur’aan no anaasɛ wɔato wɔn akoma mu?


26

ذٰلِكَ بِاَنَّهُمْ قَالُوْا لِلَّذِيْنَ كَرِهُوْا مَا نَزَّلَ اللّٰهُ سَنُطِيْعُكُمْ فِيْ بَعْضِ الْاَمْرِۚ وَاللّٰهُ يَعْلَمُ اِسْرَارَهُمْ

Żālika bi'annahum qālū lil-lażīna karihū mā nazzalallāhu sanuṭī‘ukum fī ba‘ḍil-amr(i), wallāhu ya‘lamu isrārahum.

Ampa ara se, nkurafoa a wodane (ma wonnye nni) bere a akwankyerɛ no ada adi pefee ama wɔn akyi no, ɛyɛ Satan na ɔdaadaa wɔn na ɔma wɔn daeɛ kyɛ.


27

فَكَيْفَ اِذَا تَوَفَّتْهُمُ الْمَلٰۤىِٕكَةُ يَضْرِبُوْنَ وُجُوْهَهُمْ وَاَدْبَارَهُمْ

fa kaifa iżā tawaffathumul-malā'ikatu yaḍribūna wujūhahum wa adbārahum.

Wei te saa efiri se waaka akyere nkurafoa no (Yudafoo) ampa se wan ani nnye dee Allah ada no adi no ho se, "Yebetie mo wo nsem bi mu," nanso Allah nim wan kokoam.


28

ذٰلِكَ بِاَنَّهُمُ اتَّبَعُوْا مَآ اَسْخَطَ اللّٰهَ وَكَرِهُوْا رِضْوَانَهٗ فَاَحْبَطَ اَعْمَالَهُمْ ࣖ

Żālika bi'annahumuttaba‘ū mā askhaṭallāha wa karihū riḍwānahū fa aḥbaṭa a‘mālahum.

Enti sɛ ɔbɔfo (owu) no gye wɔn nkwa, bɔ wɔn anim ne wɔn akyi a, dɛn na (wɔn nkrabea) bɛyɛ?


29

اَمْ حَسِبَ الَّذِيْنَ فِيْ قُلُوْبِهِمْ مَّرَضٌ اَنْ لَّنْ يُّخْرِجَ اللّٰهُ اَضْغَانَهُمْ

am ḥasibal-lażīna fī qulūbihim maraḍun allay yukhrijallāhu aḍgānahum.

Wei te saa, efirise ampa ara se wodi dee ede Allah abufuo ba no akyi na wokyi (dee ede) N'anigyee; enti Allah popaa wan nnwuma nyinaa.


30

وَلَوْ نَشَاۤءُ لَاَرَيْنٰكَهُمْ فَلَعَرَفْتَهُمْ بِسِيْمٰهُمْ ۗوَلَتَعْرِفَنَّهُمْ فِيْ لَحْنِ الْقَوْلِۗ وَاللّٰهُ يَعْلَمُ اَعْمَالَكُمْ

wa lau nasyā'u la'arainākahum fala‘araftahum bisīmāhum, wa lata‘rifannahum fī laḥnil-qaul(i), wallāhu ya‘lamu a‘mālakum.

Anaasɛ nnipa a wɔn akoma wɔ yareɛ no susu sɛ Allah rennyi wɔn adwemmɔne adi?


31

وَلَنَبْلُوَنَّكُمْ حَتّٰى نَعْلَمَ الْمُجٰهِدِيْنَ مِنْكُمْ وَالصّٰبِرِيْنَۙ وَنَبْلُوَا۟ اَخْبَارَكُمْ

wa lanabluwannakum ḥattā na‘lamal-mujāhidīna minkum waṣ-ṣābirīn(a), wa nabluwa akhbārakum.

Na se Yepee a, anka Yebekyere wan akyere wo (Muhammad) sedee ebeye na mobetumi de wan Nsenkyerennee ahoroa ahunu wan ampa. Na mobehunu wan ampa ara enam won kasa mu nne so, na Allah behunu mo nneyoee nyinaa.


32

اِنَّ الَّذِيْنَ كَفَرُوْا وَصَدُّوْا عَنْ سَبِيْلِ اللّٰهِ وَشَاۤقُّوا الرَّسُوْلَ مِنْۢ بَعْدِ مَا تَبَيَّنَ لَهُمُ الْهُدٰى لَنْ يَّضُرُّوا اللّٰهَ شَيْـًٔاۗ وَسَيُحْبِطُ اَعْمَالَهُمْ

innal-lażīna kafarū wa ṣaddū ‘an sabīlillāhi wa syāqqur-rasūla mim ba‘di mā tabayyana lahumul-hudā lay yaḍurrullāha syai'ā(n), wa sayuḥbiṭu a‘mālahum.

Na ampa ara se, Yebesa mo ahwe ampa sedee ebeye na Yebehunu mo mu nkurafoa a wopere ampa na wobo abotare; na yɛbɛsɔ mo ahwɛ.


33

۞ يٰٓاَيُّهَا الَّذِيْنَ اٰمَنُوْٓا اَطِيْعُوا اللّٰهَ وَاَطِيْعُوا الرَّسُوْلَ وَلَا تُبْطِلُوْٓا اَعْمَالَكُمْ

yā ayyuhal-lażīna āmanū aṭī‘ullāha wa aṭī‘ur-rasūla wa lā tubṭilū a‘mālakum.

Ampa ara se, nkurafoa a wannye nni na wosiw (afoforɔ) kwan firi Allah kwan so na wɔtan Ɔsomafoɔ no wɔ kwankyerɛ a ɛda adi pefee a wɔde ama wɔn akyi no, wɔrentumi mfa ɔhaw (ɔhaw) mmra Allah so ketewaa bi mpo. Na da bi Allah bepopa wan nnwuma nyinaa.


34

اِنَّ الَّذِيْنَ كَفَرُوْا وَصَدُّوْا عَنْ سَبِيْلِ اللّٰهِ ثُمَّ مَاتُوْا وَهُمْ كُفَّارٌ فَلَنْ يَّغْفِرَ اللّٰهُ لَهُمْ

innal-lażīna kafarū wa ṣaddū ‘an sabīlillāhi ṡumma mātū wa hum kuffārun falay yagfirallāhu lahum.

O mo a mogye die! Montie Allah na montie Somafoa no na mma monnsɛe mo nnwuma pa nyinaa.


35

فَلَا تَهِنُوْا وَتَدْعُوْٓا اِلَى السَّلْمِۖ وَاَنْتُمُ الْاَعْلَوْنَۗ وَاللّٰهُ مَعَكُمْ وَلَنْ يَّتِرَكُمْ اَعْمَالَكُمْ

falā tahinū wa tad‘ū ilas-salm(i), wa antumul-a‘laun(a), wallāhu ma‘akum wa lay yatirakum a‘mālakum.

Ampa ara se, nkurafoa a wannye nni na wosiw (afofor) kwan firi Allah kwan so na afei wowu se atiafoa no, ennee Allah remfa nkyɛ wan.


36

اِنَّمَا الْحَيٰوةُ الدُّنْيَا لَعِبٌ وَّلَهْوٌ ۗوَاِنْ تُؤْمِنُوْا وَتَتَّقُوْا يُؤْتِكُمْ اُجُوْرَكُمْ وَلَا يَسْـَٔلْكُمْ اَمْوَالَكُمْ

innamal-ḥayātud-dun-yā la‘ibuw wa lahw(un), wa in tu'minū wa tattaqū yu'tikum ujūrakum wa lā yas'alkum amwālakum.

Enti mma monyɛ mmerɛ na monto nsa frɛ asomdwoeɛ ɛfiri sɛ mokorɔn na Allah ka mo ho na Ɔrentew mo nnwuma biara so.


37

اِنْ يَّسْـَٔلْكُمُوْهَا فَيُحْفِكُمْ تَبْخَلُوْا وَيُخْرِجْ اَضْغَانَكُمْ

iy yas'alkumūhā fa yuḥfikum tabkhalū wa yukhrij aḍgānakum.

Nokwarem no, wiase asetra yɛ agodie ne anigyede ara kwa. Se mogye di na moye nyamesomfoo a, Allah betua mo ka na 3mmisa mo ahonyadee.


38

هٰٓاَنْتُمْ هٰٓؤُلَاۤءِ تُدْعَوْنَ لِتُنْفِقُوْا فِيْ سَبِيْلِ اللّٰهِۚ فَمِنْكُمْ مَّنْ يَّبْخَلُ ۚوَمَنْ يَّبْخَلْ فَاِنَّمَا يَبْخَلُ عَنْ نَّفْسِهٖ ۗوَاللّٰهُ الْغَنِيُّ وَاَنْتُمُ الْفُقَرَاۤءُ ۗوَاِنْ تَتَوَلَّوْا يَسْتَبْدِلْ قَوْمًا غَيْرَكُمْۙ ثُمَّ لَا يَكُوْنُوْٓا اَمْثَالَكُمْ ࣖ

hā antum hā'ulā'i tud‘auna litunfiqū fī sabīlillāh(i), fa minkum may yabkhal(u), wa may yabkhal fa innamā yabkhalu ‘an nafsih(ī), wallāhul-ganiyyu wa antumul-fuqarā'(u), wa in tatawallau yastabdil qauman gairakum, ṡumma lā yakūnū amṡālakum.

Sɛ Ɔsrɛɛ wo ahonyadeɛ na afei ɔhyɛɛ wo (sɛ fa ne nyinaa ma) a, esi pi sɛ wobɛyɛ ɔkwasea na Ɔbɛda w’anibereɛ adi.