Qari
Murottal Audio
طٰسۤمّۤ
Ṭā sīm mīm.
Tha Sin Mim
تِلْكَ اٰيٰتُ الْكِتٰبِ الْمُبِيْنِ
tilka āyātul-kitābil-mubīn(i).
Weinom ye Nwoma (Al-Qur’an) (a efiri Allah) no mu nkyekyem a emu da adi pefee.
نَتْلُوْا عَلَيْكَ مِنْ نَّبَاِ مُوْسٰى وَفِرْعَوْنَ بِالْحَقِّ لِقَوْمٍ يُّؤْمِنُوْنَ
natlū ‘alaika min naba'i mūsā wa fir‘auna bil-ḥaqqi liqaumiy yu'minūn(a).
Yɛkenkan Mose ne Farao ho asɛm no fã bi wɔ nokorɛ mu ma agyidifoɔ no.
اِنَّ فِرْعَوْنَ عَلَا فِى الْاَرْضِ وَجَعَلَ اَهْلَهَا شِيَعًا يَّسْتَضْعِفُ طَاۤىِٕفَةً مِّنْهُمْ يُذَبِّحُ اَبْنَاۤءَهُمْ وَيَسْتَحْيٖ نِسَاۤءَهُمْ ۗاِنَّهٗ كَانَ مِنَ الْمُفْسِدِيْنَ
inna fir‘auna ‘alā fil-arḍi wa ja‘ala ahlahā syiya‘ay yastaḍ‘ifu ṭā'ifatam minhum yużabbiḥu abnā'ahum wa yastaḥyī nisā'ahum, innahū kāna minal-mufsidīn(a).
Nokwarem no, na Fir’aun ayɛ nea ɔpɛ wɔ asase so na wama ne nkurɔfo mu apaapae, ɔhyɛɛ wɔn mu kuw bi (Israel Mma) so, okum wɔn mmabarima na ogyee wɔn mmabea nkwa. Nokwarem no, na ɔno (Farao) yɛ wɔn a wɔsɛee ade no mu biako.
وَنُرِيْدُ اَنْ نَّمُنَّ عَلَى الَّذِيْنَ اسْتُضْعِفُوْا فِى الْاَرْضِ وَنَجْعَلَهُمْ اَىِٕمَّةً وَّنَجْعَلَهُمُ الْوٰرِثِيْنَ ۙ
wa nurīdu an namunna ‘alal-lażīnastuḍ‘ifū fil-arḍi wa naj‘alahum a'immataw wa naj‘alahumul-wāriṡīn(a).
Na Yɛbɛma adom ama wɔn a wɔhyɛ wɔn so wɔ asaase (Egypt), na yɛayɛ wɔn akannifoɔ na yɛayɛ wɔn adedifoɔ (asase no), .
وَنُمَكِّنَ لَهُمْ فِى الْاَرْضِ وَنُرِيَ فِرْعَوْنَ وَهَامٰنَ وَجُنُوْدَهُمَا مِنْهُمْ مَّا كَانُوْا يَحْذَرُوْنَ
wa numakkina lahum fil-arḍi wa nuriya fir‘auna wa hāmāna wa junūdahumā minhum mā kānū yaḥżarūn(a).
na Yede wan gyinabea sii asaase so na Yekyeree Farao ne Haman ne n’asraafoa dee na wosuro fi won ho daa no.
وَاَوْحَيْنَآ اِلٰٓى اُمِّ مُوْسٰٓى اَنْ اَرْضِعِيْهِۚ فَاِذَا خِفْتِ عَلَيْهِ فَاَلْقِيْهِ فِى الْيَمِّ وَلَا تَخَافِيْ وَلَا تَحْزَنِيْ ۚاِنَّا رَاۤدُّوْهُ اِلَيْكِ وَجَاعِلُوْهُ مِنَ الْمُرْسَلِيْنَ
wa auḥainā ilā mūsā an arḍi‘īh(i), fa'iżā khifti ‘alaihi fa'alqīhi fil yammi wa lā takhāfī wa lā taḥzanī, innā rāddūhu ilaiki wa jā‘ilūhu minal-mursalīn(a).
Na Yɛhyɛɛ Mose maame nkuran sɛ, "Su no (Mose), na sɛ wohaw wo ho wɔ ne ho a, ɛnde tow no gu asubɔnten (Nile) mu. Na mma nsuro na mma (anaa) werɛ mmfi, ampa ara Yebɛsan de no aba wo nkyɛn, na yɛama no ayɛ abɔfoɔ no mu baako.
فَالْتَقَطَهٗٓ اٰلُ فِرْعَوْنَ لِيَكُوْنَ لَهُمْ عَدُوًّا وَّحَزَنًاۗ اِنَّ فِرْعَوْنَ وَهَامٰنَ وَجُنُوْدَهُمَا كَانُوْا خٰطِـِٕيْنَ
faltaqaṭahū ālu fir‘auna liyakūna lahum ‘aduwwaw wa ḥazanā(n), inna fir‘auna wa hāmāna wa junūdahumā kānū khāṭi'īn(a).
Enti Farao abusua no faa no sɛnea ɛbɛyɛ a (daakye) ɔbɛdan ɔtamfo ne awerɛhow ama wɔn. Nokwarem no, Farao ne Haman ne wɔn dɔm no na wodii fɔ.
وَقَالَتِ امْرَاَتُ فِرْعَوْنَ قُرَّتُ عَيْنٍ لِّيْ وَلَكَۗ لَا تَقْتُلُوْهُ ۖعَسٰٓى اَنْ يَّنْفَعَنَآ اَوْ نَتَّخِذَهٗ وَلَدًا وَّهُمْ لَا يَشْعُرُوْنَ
wa qālatimra'atu fir‘auna qurratu ‘ainil lī wa lak(a), lā taqtulūh(u), ‘asā ay yanfa‘anā au nattakhiżahū waladaw wa hum lā yasy‘urūn(a).
Na Fir'aun yere kaa sɛ, "(Ɔno) yɛ awerɛkyekye ma me koma ne wo. Nkum no, anidasoɔ wɔ mu sɛ ne ho bɛba yɛn so anaa yɛbɛfa no sɛ abofra," berɛ a na wɔnnim.
وَاَصْبَحَ فُؤَادُ اُمِّ مُوْسٰى فٰرِغًاۗ اِنْ كَادَتْ لَتُبْدِيْ بِهٖ لَوْلَآ اَنْ رَّبَطْنَا عَلٰى قَلْبِهَا لِتَكُوْنَ مِنَ الْمُؤْمِنِيْنَ
wa aṣbaḥa fu'ādu ummi mūsā fārigā(n), in kādat latubdī bihī lau lā ar rabaṭnā ‘alā qalbihā litakūna minal-mu'minīn(a).
Na Musa maame akoma mu yɛɛ hunu. Ampa ara se, ɛkame ayɛ sɛ ɔdaa no adi (ahintasɛm a ɛfa Mose ho), sɛ yɛanhyɛ n’akoma den a, ama wabɛka nkurafoa a wagye die (Allah bɔhyɛ mu) no ho.
وَقَالَتْ لِاُخْتِهٖ قُصِّيْهِۗ فَبَصُرَتْ بِهٖ عَنْ جُنُبٍ وَّهُمْ لَا يَشْعُرُوْنَ ۙ
wa qālat li'ukhtihī quṣṣīh(i), fabaṣurat bihī ‘an junubiw wa hum lā yasy‘urūn(a).
Na ɔno (Mose maame) ka kyerɛɛ Mose nuabeanom sɛ, “Monni n’akyi (Mose).” Enti ɔno (Mose) huu no wɔ akyirikyiri, nanso na wonnim.
۞ وَحَرَّمْنَا عَلَيْهِ الْمَرَاضِعَ مِنْ قَبْلُ فَقَالَتْ هَلْ اَدُلُّكُمْ عَلٰٓى اَهْلِ بَيْتٍ يَّكْفُلُوْنَهٗ لَكُمْ وَهُمْ لَهٗ نٰصِحُوْنَ
wa ḥarramnā ‘alaihil-marāḍi‘a min qablu faqālat hal adullukum ‘alā ahli baitiy yakfulūnahū lakum wa hum lahū nāṣiḥūn(a).
Na Yesiw no (Mose) kwan sɛ ɔbɛma mmaa a wɔpɛ sɛ wɔma (no) nufu ansa na ɛno reba no nufu; afei ɔno (Mose nua) kaa sɛ, “Memfa abusua bi a wɔbɛhwɛ no ama mo na wɔatumi ne no adi yie?”
فَرَدَدْنٰهُ اِلٰٓى اُمِّهٖ كَيْ تَقَرَّ عَيْنُهَا وَلَا تَحْزَنَ وَلِتَعْلَمَ اَنَّ وَعْدَ اللّٰهِ حَقٌّ وَّلٰكِنَّ اَكْثَرَهُمْ لَا يَعْلَمُوْنَ ࣖ
faradadnāhu ilā ummihī kai taqarra ‘ainuhā wa lā taḥzana wa lita‘lama anna wa‘dallāhi ḥaqquw wa lākinna akṡarahum lā ya‘lamūn(a).
Enti Yesan de no (Mose) maa ne maame, sedee ebeye na n'akoma ani begye na wanni awerɛhoɔ, na ama wahunu sɛ Allah bɔhyɛ no yɛ nokorɛ, nanso wɔn mu dodoɔ no ara nnim.
وَلَمَّا بَلَغَ اَشُدَّهٗ وَاسْتَوٰىٓ اٰتَيْنٰهُ حُكْمًا وَّعِلْمًاۗ وَكَذٰلِكَ نَجْزِى الْمُحْسِنِيْنَ
wa lammā balaga asyuddahū wastawā ātaināhu ḥukmaw wa ‘ilmā(n), wa każālika najzil-muḥsinīn(a).
Na bere a ɔne (Mose) nyin na ɔmaa n’adwene yɛɛ pɛ akyi no, Yemaa no nyansa (nkɔmhyɛ) ne nimdeɛ. Na saa na Yetua nkurafoa a woyo papa no ka.
وَدَخَلَ الْمَدِيْنَةَ عَلٰى حِيْنِ غَفْلَةٍ مِّنْ اَهْلِهَا فَوَجَدَ فِيْهَا رَجُلَيْنِ يَقْتَتِلٰنِۖ هٰذَا مِنْ شِيْعَتِهٖ وَهٰذَا مِنْ عَدُوِّهٖۚ فَاسْتَغَاثَهُ الَّذِيْ مِنْ شِيْعَتِهٖ عَلَى الَّذِيْ مِنْ عَدُوِّهٖ ۙفَوَكَزَهٗ مُوْسٰى فَقَضٰى عَلَيْهِۖ قَالَ هٰذَا مِنْ عَمَلِ الشَّيْطٰنِۗ اِنَّهٗ عَدُوٌّ مُّضِلٌّ مُّبِيْنٌ
wa dakhalal-madīnata ‘alā ḥīni gaflatim min ahlihā fawajada fīhā rajulaini yaqtatilān(i), hāżā min syī‘atihī wa hāżā min ‘aduwwih(ī), fastagāṡahul-lażī min syī‘atihī ‘alal-lażī min ‘aduwwih(ī), fawakazahū mūsā faqaḍā ‘alaih(i), qāla hāżā min ‘amalisy-syaiṭān(i), innahū ‘aduwwum muḍillum mubīn(un).
Na ɔno (Mose) hyɛnee kuro (Memfi) no mu berɛ a emufoɔ no ani nnye ho, na ɔhunuu mmarima mmienu wɔ kuro no mu sɛ wɔreko; obiako fi wɔn kuw (Israel Mma) mu na biako nso (bio) fi wɔn atamfo (Faraofo) mu. Nnipa a wofi ne kuw no mu srɛɛ no mmoa na (ɔadi) nnipa a wofi ne tamfo afã, afei Musa bɔɔ no akuturuku, na ne tamfo no wui. Ɔno (Mose) kaa sɛ, "Eyi ne ɔbonsam adwuma. Nokwarem no, ɔno (ɔbonsam) yɛ ɔtamfo a ɛda adi pefee sɛ ɔdaadaa nkurɔfo."
قَالَ رَبِّ اِنِّيْ ظَلَمْتُ نَفْسِيْ فَاغْفِرْ لِيْ فَغَفَرَ لَهٗ ۗاِنَّهٗ هُوَ الْغَفُوْرُ الرَّحِيْمُ
qāla rabbi innī ẓalamtu nafsī fagfir lī fagafara lah(ū), innahū huwal-gafūrur-raḥīm(u).
Ɔno (Mose) bɔɔ mpaeɛ sɛ, "O m'Awurade, ampa ara mayɛ me ho bɔne, enti fa kyɛ me." Enti Ɔno (Allah) de kyɛɛ no. Ampa ara se Allah, 3no ne Banefakyefoa, Mmoborohunufoa paa.
قَالَ رَبِّ بِمَآ اَنْعَمْتَ عَلَيَّ فَلَنْ اَكُوْنَ ظَهِيْرًا لِّلْمُجْرِمِيْنَ
qāla rabbi bimā an‘amta ‘alayya falan akūna ẓahīral lil-mujrimīn(a).
Ɔno (Mose) kaa sɛ, "O m'Awurade! Ɛnam adom a wode ama me so no, merenyɛ nnebɔneyɛfoɔ boafoɔ."
فَاَصْبَحَ فِى الْمَدِيْنَةِ خَاۤىِٕفًا يَّتَرَقَّبُ فَاِذَا الَّذِى اسْتَنْصَرَهٗ بِالْاَمْسِ يَسْتَصْرِخُهٗ ۗقَالَ لَهٗ مُوْسٰٓى اِنَّكَ لَغَوِيٌّ مُّبِيْنٌ
fa'aṣbaḥa fil-madīnati khā'ifay yataraqqabu fa'iżal-lażistanṣarahū bil-amsi yastaṣrikhuh(ū), qāla lahū mūsā innaka lagawiyyum mubīn(un).
Ɛno nti, ɔno (Mose) suroe berɛ a na ɔwɔ kuro no mu berɛ a ɔretwɛn (ne nneyɛeɛ no mu nsunsuansoɔ), mpofirim ara nnipa a wɔsrɛɛ mmoa nnɛra no teateaam sɛ wɔmmoa no. Mose ka kyerɛɛ no sɛ: “Woyɛ ɔwaefo ampa.”
فَلَمَّآ اَنْ اَرَادَ اَنْ يَّبْطِشَ بِالَّذِيْ هُوَ عَدُوٌّ لَّهُمَاۙ قَالَ يٰمُوْسٰٓى اَتُرِيْدُ اَنْ تَقْتُلَنِيْ كَمَا قَتَلْتَ نَفْسًاۢ بِالْاَمْسِۖ اِنْ تُرِيْدُ اِلَّآ اَنْ تَكُوْنَ جَبَّارًا فِى الْاَرْضِ وَمَا تُرِيْدُ اَنْ تَكُوْنَ مِنَ الْمُصْلِحِيْنَ
falammā an arāda ay yabṭisya bil-lażī huwa ‘aduwwul lahumā, qāla yā mūsā aturīdu an taqtulanī kamā qatalta nafsam bil-ams(i), in turīdu illā an takūna jabbāran fil-arḍi wa mā turīdu an takūna minal-muṣliḥīn(a).
Enti bere a ɔno (Mose) pɛe sɛ ɔbɔ onipa a na ɔyɛ wɔn baanu nyinaa tamfo no denneennen no, ɔkae sɛ, "O Mose! So woabɔ wo tirim sɛ wubekum me, sɛnea nnɛra wukum obi no? Wopɛ sɛ woyɛ obi a ɔyɛ atirimɔdensɛm wɔ (asase yi) so nkutoo, na wonyɛ w'adwene sɛ wobɛyɛ wɔn a wɔyɛ asomdwoe no mu biako."
وَجَاۤءَ رَجُلٌ مِّنْ اَقْصَى الْمَدِيْنَةِ يَسْعٰىۖ قَالَ يٰمُوْسٰٓى اِنَّ الْمَلَاَ يَأْتَمِرُوْنَ بِكَ لِيَقْتُلُوْكَ فَاخْرُجْ اِنِّيْ لَكَ مِنَ النّٰصِحِيْنَ
wa jā'a rajulum min aqṣal-madīnati yas‘ā, qāla yā mūsā innal-mala'a ya'tamirūna bika liyaqtulūka fakhruj innī laka minan-nāṣiḥīn(a).
Na ɔbarima bi de ahopere firii kuro no ano baeɛ bɛkaa sɛ, "O Musa! Ampa ara, asase no so atumfoɔ rebɔ wo ho nkɔmmɔ sɛ wɔbɛkum wo, enti fi (firi kuro yi mu), ampa ara meyɛ wɔn a wɔma wo afotuo no mu baako."
فَخَرَجَ مِنْهَا خَاۤىِٕفًا يَّتَرَقَّبُ ۖقَالَ رَبِّ نَجِّنِيْ مِنَ الْقَوْمِ الظّٰلِمِيْنَ ࣖ
fakharaja minhā khā'ifay yataraqqab(u), qāla rabbi najjinī minal-qaumiẓ-ẓālimīn(a).
Enti ɔno (Mose) firii kuro no mu baeɛ wɔ ehu mu, na n'ani da hɔ (sɛ obi to no anaa ɔkyere no a), ɔbɔɔ mpaeɛ sɛ, "O m'Awurade, gye me fi nnipa a wɔtene no nsam."
وَلَمَّا تَوَجَّهَ تِلْقَاۤءَ مَدْيَنَ قَالَ عَسٰى رَبِّيْٓ اَنْ يَّهْدِيَنِيْ سَوَاۤءَ السَّبِيْلِ
wa lammā tawajjaha tilqā'a madyana qāla ‘asā rabbī ay yahdiyanī sawā'as-sabīl(i).
Na bere a ɔde n'ani kyerɛɛ Madyan asase so no ɔsan bɔɔ mpae bio sɛ, "Me Nyankopɔn mfa me nkɔ ɔkwan pa no so."
وَلَمَّا وَرَدَ مَاۤءَ مَدْيَنَ وَجَدَ عَلَيْهِ اُمَّةً مِّنَ النَّاسِ يَسْقُوْنَ ەۖ وَوَجَدَ مِنْ دُوْنِهِمُ امْرَاَتَيْنِ تَذُوْدٰنِۚ قَالَ مَا خَطْبُكُمَا ۗقَالَتَا لَا نَسْقِيْ حَتّٰى يُصْدِرَ الرِّعَاۤءُ وَاَبُوْنَا شَيْخٌ كَبِيْرٌ
wa lammā warada mā'a madyana wajada ‘alaihi ummatam minan-nāsi yasqūn(a), wa wajada min dūnihimumra'ataini tażūdān(i), qāla mā khaṭbukumā, qālatā lā nasqī ḥattā yuṣdirar-ri‘ā'u wa abūnā syaikhun kabīr(un).
Na berɛ a ɔduruu Madyan nsuo fibea no, ɔhunuu nnipa kuo bi a wɔrema (wɔn mmoa) nsuo wɔ hɔ, na ɔhunuu wɔ nnipadɔm no akyi, mmaa mmienu a wɔkurakura (wɔn mmoa). Ɔno (Mose) kaa sɛ, "Dɛn na wopɛ sɛ woka (sɛ woyɛ saa)?" (Mmea) baanu no buae sɛ, "Yɛrentumi mma (yɛn mmoa) nsu kosi sɛ nguanhwɛfo no bɛsoma (mmoa) akɔ fie, bere a yɛn agya yɛ akwakoraa."
فَسَقٰى لَهُمَا ثُمَّ تَوَلّٰىٓ اِلَى الظِّلِّ فَقَالَ رَبِّ اِنِّيْ لِمَآ اَنْزَلْتَ اِلَيَّ مِنْ خَيْرٍ فَقِيْرٌ
fasaqā lahumā ṡumma tawallā ilaẓ-ẓilli faqāla rabbi innī limā anzalta ilayya min khairin faqīr(un).
Enti ɔno (Mose) maa mmaa mmienu (anantwi) no nsuo, afei ɔsan kɔɔ baabi a sunsuma wɔ na ɔbɔɔ mpaeɛ sɛ, "O m'Awurade, ampa ara mehia biribi pa (aduan) a Woasoma aba me nkyɛn ampa."
فَجَاۤءَتْهُ اِحْدٰىهُمَا تَمْشِيْ عَلَى اسْتِحْيَاۤءٍ ۖقَالَتْ اِنَّ اَبِيْ يَدْعُوْكَ لِيَجْزِيَكَ اَجْرَ مَا سَقَيْتَ لَنَاۗ فَلَمَّا جَاۤءَهٗ وَقَصَّ عَلَيْهِ الْقَصَصَۙ قَالَ لَا تَخَفْۗ نَجَوْتَ مِنَ الْقَوْمِ الظّٰلِمِيْنَ
fajā'athu iḥdāhumā tamsyī ‘alastiḥyā'(in), qālat inna abī yad‘ūka liyajziyaka ajra mā saqaita lanā, falammā jā'ahū wa qaṣṣa ‘alaihil-qaṣaṣ(a), qāla lā takhaf, najauta minal-qaumiẓ-ẓālimīn(a).
Afei mmea baanu no mu biako baa Musa nkyɛn a ɔde fɛre nantew no, ɔkaa sɛ, "Nokwarem no, m'agya to nsa frɛ wo sɛ fa biribi ma de tua wo (ayamye) a wode maa yɛn (anantwinini) nsuo no ka." Bere a (Mose) baa n'agya nkyɛn na ɔkaa asɛm no (a ɛfa n'ankasa ho) kyerɛɛ no no, ɔkae sɛ, "Nsuro! Wɔagye wo afi nnipa a wɔteɛ no nsam."
قَالَتْ اِحْدٰىهُمَا يٰٓاَبَتِ اسْتَأْجِرْهُ ۖاِنَّ خَيْرَ مَنِ اسْتَأْجَرْتَ الْقَوِيُّ الْاَمِيْنُ
qālat iḥdāhumā yā abatista'jirh(u), inna khaira manista'jartal-qawiyyul-amīn(u).
Na (mmea) baanu no mu baako kaa sɛ, "O m'agya! Ma no nyɛ odwumayɛni (ma yɛn), ampa ara onipa a oye sen biara a wubetumi afa no sɛ odwumayɛni (ama yɛn) ne obi a ne ho yɛ den na wotumi de ho to no so."
قَالَ اِنِّيْٓ اُرِيْدُ اَنْ اُنْكِحَكَ اِحْدَى ابْنَتَيَّ هٰتَيْنِ عَلٰٓى اَنْ تَأْجُرَنِيْ ثَمٰنِيَ حِجَجٍۚ فَاِنْ اَتْمَمْتَ عَشْرًا فَمِنْ عِنْدِكَۚ وَمَآ اُرِيْدُ اَنْ اَشُقَّ عَلَيْكَۗ سَتَجِدُنِيْٓ اِنْ شَاۤءَ اللّٰهُ مِنَ الصّٰلِحِيْنَ
qāla innī urīdu an unkiḥaka iḥdabnatayya hātaini ‘alā an ta'juranī ṡamāniya ḥijaj(in), fa'in atmamta ‘asyran famin ‘indik(a), wa mā urīdu an asyuqqa ‘alaik(a), satajidunī in syā'allāhu minaṣ-ṣāliḥīn(a).
Ɔno (Sheikh Madyan) kaa sɛ, "Nokwarem no, mayɛ m'adwene sɛ mɛware wo ama me mmabea mmienu no mu baako, wɔ tebea a ɛne sɛ wobɛsom me mfeɛ awotwe. Sɛ wowie mfeɛ du a, ɛno bɛyɛ adom wɔ wo fam, na menyɛ m'adwene sɛ mɛyɛ adesoa wɔ wo so. Sɛ Onyankopɔn pɛ a, wobɛhunu me sɛ mɛka wɔn a wɔyɛ papa no ho."
قَالَ ذٰلِكَ بَيْنِيْ وَبَيْنَكَۗ اَيَّمَا الْاَجَلَيْنِ قَضَيْتُ فَلَا عُدْوَانَ عَلَيَّ ۗوَاللّٰهُ عَلٰى مَا نَقُوْلُ وَكِيْلٌ ࣖ
qāla żālika bainī wa bainak(a), ayyamal-ajalaini qaḍaitu falā ‘udwāna ‘alayy(a), wallāhu ‘alā mā naqūlu wakīl(un).
Ɔno (Mose) kaa sɛ, "Saa (apam) no wɔ me ne mo ntam. Saa mmerɛ mmienu a wɔahyɛ yi mu biara a mɛwie no, wɔrenhwehwɛ bio wɔ me so. Na Allah yɛ adanseɛ wɔ dee yɛka no ho."
۞ فَلَمَّا قَضٰى مُوْسَى الْاَجَلَ وَسَارَ بِاَهْلِهٖٓ اٰنَسَ مِنْ جَانِبِ الطُّوْرِ نَارًاۗ قَالَ لِاَهْلِهِ امْكُثُوْٓا اِنِّيْٓ اٰنَسْتُ نَارًا لَّعَلِّيْٓ اٰتِيْكُمْ مِّنْهَا بِخَبَرٍ اَوْ جَذْوَةٍ مِّنَ النَّارِ لَعَلَّكُمْ تَصْطَلُوْنَ
falammā qaḍā mūsal-ajala wa sāra bi'ahlihī ānasa min jānibiṭ-ṭūri nārā(n), qāla li'ahlihimkuṡū innī ānastu nāral la‘allī ātīkum minhā bikhabarin au jażwatim minan-nāri la‘allakum taṣṭalūn(a).
Enti bere a Mose wiee bere a wɔahyɛ no na ɔne n’abusua sii kwan so no, ohui sɛ ogya rehyew wɔ bepɔw no ase. Ɔka kyerɛɛ n'abusua sɛ, "Twɛn (ha). Nokwarem no, mahu ogya. Ebia metumi de amanneɛbɔ bi afi mu anaa ogyaframa bi abrɛ mo sɛnea ɛbɛyɛ a mobɛma mo ho ayɛ hyew."
فَلَمَّآ اَتٰىهَا نُوْدِيَ مِنْ شَاطِئِ الْوَادِ الْاَيْمَنِ فِى الْبُقْعَةِ الْمُبٰرَكَةِ مِنَ الشَّجَرَةِ اَنْ يّٰمُوْسٰىٓ اِنِّيْٓ اَنَا اللّٰهُ رَبُّ الْعٰلَمِيْنَ ۙ
falammā atāhā nūdiya min syāṭi'il wādil aimani fil buq‘atil mubārakati minasy syajarati ay yā mūsā innī anallāhu rabbul-‘ālamīn(a).
Enti bere a ɔno (Mose) duu (beae) ogya no, wɔfrɛɛ no firii (akwankyerɛ) bonhwa no nifa so, firii dua bi so, wɔ nhyira asaase bi so sɛ, "O Musa! Ampa ara, mene Allah, wiase nyinaa Awurade!
وَاَنْ اَلْقِ عَصَاكَ ۗفَلَمَّا رَاٰهَا تَهْتَزُّ كَاَنَّهَا جَاۤنٌّ وَّلّٰى مُدْبِرًا وَّلَمْ يُعَقِّبْۗ يٰمُوْسٰىٓ اَقْبِلْ وَلَا تَخَفْۗ اِنَّكَ مِنَ الْاٰمِنِيْنَ
wa alqi ‘aṣāk(a), falammā ra'āhā tahtazzu ka'annahā jānnuw wallā mudbiraw wa lam yu‘aqqib, yā mūsā aqbil wa lā takhaf, innaka minal-āminīn(a).
Na tow wo poma no gu fam." Enti bere a ɔno (Mose) hunuu sɛ ɔretu te sɛ ɔwɔ (a ɔyɛ nnam) no, ɔtuu mmirika san n’akyi a wanhwɛ n’akyi (Allah kaa sɛ), “O Musa! Bra ha na mma nsuro. Nokwarem no, woyɛ obi a ahobammɔ wɔ.
اُسْلُكْ يَدَكَ فِيْ جَيْبِكَ تَخْرُجْ بَيْضَاۤءَ مِنْ غَيْرِ سُوْۤءٍ ۖوَّاضْمُمْ اِلَيْكَ جَنَاحَكَ مِنَ الرَّهْبِ فَذٰنِكَ بُرْهَانٰنِ مِنْ رَّبِّكَ اِلٰى فِرْعَوْنَ وَمَلَا۟ىِٕهٖۗ اِنَّهُمْ كَانُوْا قَوْمًا فٰسِقِيْنَ
usluk yadaka fī jaibika takhruj baiḍā'a min gairi sū'(in), waḍmum ilaika janāḥaka minar-rahbi fażānika burhānāni mir rabbika ilā fir‘auna wa mala'ih(ī), innahum kānū qauman fāsiqīn(a).
Fa wo nsa hyɛ wo shirt kɔn mu, ɛbɛpue fitaa (ahyerɛn) a sintɔ biara nni mu, na sɛ wosuro a, fa wo nsa hyɛ wo moma so. Weinom ye anwonwade mmienu a efiri w'Awurade (a mobeda adi) de ama Farao ne ne mpaninfoɔ. Nokwarem no, wɔyɛ nnipa abɔnefo.”
قَالَ رَبِّ اِنِّيْ قَتَلْتُ مِنْهُمْ نَفْسًا فَاَخَافُ اَنْ يَّقْتُلُوْنِ
qāla rabbi innī qataltu minhum nafsan fa'akhāfu ay yaqtulūn(i).
Ɔno (Mose) kaa sɛ, “O m’Awurade, ampa ara makum obi a ɔfiri wɔn kuo mu, enti mesuro sɛ wɔbɛkum me.
وَاَخِيْ هٰرُوْنُ هُوَ اَفْصَحُ مِنِّيْ لِسَانًا فَاَرْسِلْهُ مَعِيَ رِدْءًا يُّصَدِّقُنِيْٓ ۖاِنِّيْٓ اَخَافُ اَنْ يُّكَذِّبُوْنِ
wa akhī hārūnu huwa afṣaḥu minnī lisānan fa'arsilhu ma‘iya rid'ay yuṣaddiqunī, innī akhāfu ay yukażżibūn(i).
Na me nua Harun, ɔyɛ kasa pa wɔ ne tɛkrɛma mu sene me, enti ɔsomaa no kaa me ho sɛ me boafoɔ sɛ ɔnkɔsi me (nsɛm) so dua; nokwarem no, misuro sɛ wobedi atoro akyerɛ me.”
قَالَ سَنَشُدُّ عَضُدَكَ بِاَخِيْكَ وَنَجْعَلُ لَكُمَا سُلْطٰنًا فَلَا يَصِلُوْنَ اِلَيْكُمَا ۛبِاٰيٰتِنَا ۛ اَنْتُمَا وَمَنِ اتَّبَعَكُمَا الْغٰلِبُوْنَ
qāla sanasyuddu ‘aḍudaka bi'akhīka wa naj‘alu lakumā sulṭānan falā yaṣilūna ilaikumā - bi'āyātinā - antumā wa manittaba‘akumal-gālibūn(a).
Ɔno (Allah) kaa sɛ, "Yɛde mo nua bɛhyɛ mo den (yɛbɛboa mo), na Yɛbɛma mo mmienu tumi kɛseɛ, enti wɔrentumi nkɔ mo nkyɛn; (mo mmienu nyinaa kɔ) yɛde Yɛn anwonwadeɛ reba, mo mmienu ne wɔn a wɔdi mo akyi no bedi nkonim."
فَلَمَّا جَاۤءَهُمْ مُّوْسٰى بِاٰيٰتِنَا بَيِّنٰتٍ قَالُوْا مَا هٰذَآ اِلَّا سِحْرٌ مُّفْتَرًىۙ وَّمَا سَمِعْنَا بِهٰذَا فِيْٓ اٰبَاۤىِٕنَا الْاَوَّلِيْنَ
falammā jā'ahum mūsā bi'āyātinā bayyinātin qālū mā hāżā illā siḥrum muftarā(n), wa mā sami‘nā bihāżā fī ābā'inal-awwalīn(a).
Enti bere a Mose baa wɔn nkyɛn de (de) Yɛn anwonwade ankasa bae no, wɔkaa sɛ, "Eyi yɛ nkonyaayi a wɔayɛ ara kwa, na yɛntee (asɛm) eyi da wɔ yɛn nananom mu."
وَقَالَ مُوْسٰى رَبِّيْٓ اَعْلَمُ بِمَنْ جَاۤءَ بِالْهُدٰى مِنْ عِنْدِهٖ وَمَنْ تَكُوْنُ لَهٗ عَاقِبَةُ الدَّارِۗ اِنَّهٗ لَا يُفْلِحُ الظّٰلِمُوْنَ
wa qāla mūsā rabbī a‘lamu biman jā'a bil-hudā min ‘indihī wa man takūnu lahū ‘āqibatud-dār(i), innahū lā yufliḥuẓ-ẓālimūn(a).
Na ɔno (Mose) buaa sɛ, "M'Awurade nim yie deɛ (ɔfata) de akwankyerɛ firi Ne hɔ na ɔbɛnya (pa) aba wɔ owuo akyi asetena mu. Ampa ara, nnebɔneyɛfoɔ rennya nkonimdie."
وَقَالَ فِرْعَوْنُ يٰٓاَيُّهَا الْمَلَاُ مَا عَلِمْتُ لَكُمْ مِّنْ اِلٰهٍ غَيْرِيْۚ فَاَوْقِدْ لِيْ يٰهَامٰنُ عَلَى الطِّيْنِ فَاجْعَلْ لِّيْ صَرْحًا لَّعَلِّيْٓ اَطَّلِعُ اِلٰٓى اِلٰهِ مُوْسٰىۙ وَاِنِّيْ لَاَظُنُّهٗ مِنَ الْكٰذِبِيْنَ
wa qāla fir‘aunu yā ayyuhal-mala'u mā ‘alimtu lakum min ilāhin gairī, fa'auqid lī yā hāmānu ‘alaṭ-ṭīni faj‘al lī ṣarḥal la‘allī aṭṭali‘u ilā ilāhi mūsā, wa innī la'aẓunnuhū minal-kāżibīn(a).
Na Fir'aun kaa sɛ, "O me nkurɔfoɔ sodifoɔ! Na mennim sɛ onyame bi wɔ hɔ ma mo a ɛnyɛ me. Enti monhye dɔteɛ ma me, O Haman (sɛ mɛyɛ birikisi), afei monsi ɔdan a ɛkorɔn ma me sɛdeɛ ɛbɛyɛ a mɛforo akɔhwɛ Mose Nyankopɔn, na megye di sɛ ɔyɛ ɔtorofoɔ."
وَاسْتَكْبَرَ هُوَ وَجُنُوْدُهٗ فِى الْاَرْضِ بِغَيْرِ الْحَقِّ وَظَنُّوْٓا اَنَّهُمْ اِلَيْنَا لَا يُرْجَعُوْنَ
wastakbara huwa wa judūduhū fil-arḍi bigairil-ḥaqqi wa ẓannū annahum ilainā lā yurja‘ūn(a).
Na ɔno (Farao) ne n’asraafoɔ no yɛɛ wɔn adeɛ ahantan so, wɔ asaase so a nteaseɛ pa biara nni mu, na wɔsusuu sɛ wɔrensan mma Yen nkyɛn.
فَاَخَذْنٰهُ وَجُنُوْدَهٗ فَنَبَذْنٰهُمْ فِى الْيَمِّ ۚفَانْظُرْ كَيْفَ كَانَ عَاقِبَةُ الظّٰلِمِيْنَ
fa'akhażnāhu wa junūdahū fanabażnāhum fil-yamm(i), fanẓur kaifa kāna ‘āqibatuẓ-ẓālimīn(a).
Enti Yeyɛɛ no (Farao) ne n’asraafoɔ ayayadeɛ, afei Yetoo wɔn guu ɛpo no mu. Enti hwɛ nnipa a wɔnteɛ no awiei.
وَجَعَلْنٰهُمْ اَىِٕمَّةً يَّدْعُوْنَ اِلَى النَّارِۚ وَيَوْمَ الْقِيٰمَةِ لَا يُنْصَرُوْنَ
wa ja‘alnāhum a'immatay yad‘ūna ilan-nār(i), wa yaumal-qiyāmati lā yunṣarūn(a).
Na Yeyee won akannifo a woto nsa frɛ (nnipa) kɔ hell na Owusɔre Da no wɔremmoa wɔn.
وَاَتْبَعْنٰهُمْ فِيْ هٰذِهِ الدُّنْيَا لَعْنَةً ۚوَيَوْمَ الْقِيٰمَةِ هُمْ مِّنَ الْمَقْبُوْحِيْنَ ࣖ
wa atba‘nāhum fī hāżihid-dun-yā la‘nah(tan), wa yaumal-qiyāmati hum minal-maqbūḥīn(a).
Na Yedome won wo ewiase yi mu; wo abere a Owusore Da no wabeka nkurafoa a wobeyi won ho afiri Allah adom) ho.
وَلَقَدْ اٰتَيْنَا مُوْسَى الْكِتٰبَ مِنْۢ بَعْدِ مَآ اَهْلَكْنَا الْقُرُوْنَ الْاُوْلٰى بَصَاۤىِٕرَ لِلنَّاسِ وَهُدًى وَّرَحْمَةً لَّعَلَّهُمْ يَتَذَكَّرُوْنَ
wa laqad ātainā mūsal-kitāba mim ba‘di mā ahlaknal-qurūnal ūlā baṣā'ira lin-nāsi wa hudaw wa raḥmatal la‘allahum yatażakkarūn(a).
Na ampa ara se, Yemaa Mose Nwoma (Tora) no akyire a Yeseee nkurofoo a woadi kan no, se ebeye kanea ama adasamma ne kwankyere ne mmoborohunu, sedee ebeye na wobesua asuadee.
وَمَا كُنْتَ بِجَانِبِ الْغَرْبِيِّ اِذْ قَضَيْنَآ اِلٰى مُوْسَى الْاَمْرَ وَمَا كُنْتَ مِنَ الشّٰهِدِيْنَ ۙ
wa mā kunta bijānibil-garbiyyi iż qaḍainā ilā mūsal-amra wa mā kunta minasy-syāhidīn(a).
Na wo (Muhammad) nni atɔeɛ fam (Tuwa bonhwa kronkron no mu) berɛ a Yede ahyɛdeɛ no kɔmaa Mose no, na na woannka (nso) nnipa a wɔdii (saa asɛm no) adanseɛ no ho.
وَلٰكِنَّآ اَنْشَأْنَا قُرُوْنًا فَتَطَاوَلَ عَلَيْهِمُ الْعُمُرُۚ وَمَا كُنْتَ ثَاوِيًا فِيْٓ اَهْلِ مَدْيَنَ تَتْلُوْا عَلَيْهِمْ اٰيٰتِنَاۙ وَلٰكِنَّا كُنَّا مُرْسِلِيْنَ
wa lākinnā ansya'nā qurūnan fataṭāwala ‘alaihimul-‘umur(u), wa mā kunta ṡāwiyan fī ahli madyana tatlū ‘alaihim āyātinā, wa lākinnā kunnā mursilīn(a).
Nanso Yeabo nnipa binom, na bere tenten bi atwam wo won so, na wo (Muhammad) anka Madyan nkurofoo no ho ankenkan Yen nkyekyem akyere won, na mmom Yeasoma asomafoa.
وَمَا كُنْتَ بِجَانِبِ الطُّوْرِ اِذْ نَادَيْنَا وَلٰكِنْ رَّحْمَةً مِّنْ رَّبِّكَ لِتُنْذِرَ قَوْمًا مَّآ اَتٰىهُمْ مِّنْ نَّذِيْرٍ مِّنْ قَبْلِكَ لَعَلَّهُمْ يَتَذَكَّرُوْنَ
wa mā kunta bijānibiṭ-ṭūri iż nādainā wa lākir raḥmatam mir rabbika litunżira qaumam mā atāhum min nażīrim min qablika la‘allahum yatażakkarūn(a).
Na wo (Muhammad) nnbɛn Tur (bepɔ) berɛ a Yɛfrɛɛ (Mose), na mmom (Yɛsomaa wo) sɛ mmɔborɔhunu a ɛfiri w’Awurade hɔ, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wobɛbɔ nkurɔfoɔ (Quraish) a kɔkɔbɔfoɔ a wɔdii w’anim no ankɔsra wɔn no kɔkɔ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔbɛsua asuadeɛ bi.
وَلَوْلَآ اَنْ تُصِيْبَهُمْ مُّصِيْبَةٌ ۢبِمَا قَدَّمَتْ اَيْدِيْهِمْ فَيَقُوْلُوْا رَبَّنَا لَوْلَآ اَرْسَلْتَ اِلَيْنَا رَسُوْلًا فَنَتَّبِعَ اٰيٰتِكَ وَنَكُوْنَ مِنَ الْمُؤْمِنِيْنَ
wa lau lā an tuṣībahum muṣībatum bimā qaddamat aidīhim fayaqūlū rabbanā lau lā arsalta ilainā rasūlan fanattabi‘a āyātika wa nakūna minal-mu'minīn(a).
Na sɛnea ɛbɛyɛ a wɔrenka bere a asotwe aba wɔn so esiane nea wɔyɛ nti, "Yɛn Awurade, adɛn nti na woansoma ɔbɔfo ankɔ yɛn nkyɛn, sɛnea ɛbɛyɛ a yebedi Wo nkyekyem ahorow akyi na yɛaka agyidifo no ho."
فَلَمَّا جَاۤءَهُمُ الْحَقُّ مِنْ عِنْدِنَا قَالُوْا لَوْلَآ اُوْتِيَ مِثْلَ مَآ اُوْتِيَ مُوْسٰىۗ اَوَلَمْ يَكْفُرُوْا بِمَآ اُوْتِيَ مُوْسٰى مِنْ قَبْلُۚ قَالُوْا سِحْرٰنِ تَظٰهَرَاۗ وَقَالُوْٓا اِنَّا بِكُلٍّ كٰفِرُوْنَ
falammā jā'ahumul-ḥaqqu min ‘indinā qālū lau lā ūtiya miṡla mā ūtiya mūsā, awalam yakfurū bimā ūtiya mūsā min qabl(u), qālū siḥrāni taẓāharā, wa qālū innā bikullin kāfirūn(a).
Enti bere a nokore (Kur’aan) no firii Yen so baa wan nkyen no, wokaa se, “Aden nti na woamfa amma no (Muhammad) sedee na wode maa Mose kane no?” So wonnpoo (nso) dee na wode maa Mose kane no? Na wɔtaa ka sɛ, "(Mose ne Aaron yɛ) nkonyaayifoɔ mmienu a wɔboa." Na wonom (san nso) kaa se, "Ampa ara se, yennye wan mu biara nni koraa."
قُلْ فَأْتُوْا بِكِتٰبٍ مِّنْ عِنْدِ اللّٰهِ هُوَ اَهْدٰى مِنْهُمَآ اَتَّبِعْهُ اِنْ كُنْتُمْ صٰدِقِيْنَ
qul fa'tū bikitābim min ‘indillāhi huwa ahdā minhumā attabi‘hu in kuntum ṣādiqīn(a).
Ka (Muhammad), "Fa nwoma bi a efiri Allah ho a ekyerekyere sene won mmienu (Tora ne Kur'aan) brɛ mo, medi akyire, sɛ woyɛ nokwafoɔ a."
فَاِنْ لَّمْ يَسْتَجِيْبُوْا لَكَ فَاعْلَمْ اَنَّمَا يَتَّبِعُوْنَ اَهْوَاۤءَهُمْۗ وَمَنْ اَضَلُّ مِمَّنِ اتَّبَعَ هَوٰىهُ بِغَيْرِ هُدًى مِّنَ اللّٰهِ ۗاِنَّ اللّٰهَ لَا يَهْدِى الْقَوْمَ الظّٰلِمِيْنَ ࣖ
fa illam yastajībū laka fa‘lam annamā yattabi‘ūna ahwā'ahum, wa man aḍallu mimmanittaba‘a hawāhu bigairi hudam minallāh(i), innallāha lā yahdil-qaumaẓ-ẓālimīn(a).
Enti sɛ wɔammua (wo nsɛnnennen) a, ɛnde hu sɛ wɔredi wɔn apɛde nkutoo akyi. Na hwan na wayera sene obi a odi n'akwane akyi a onnya kwankyere ketewa biara mfiri Allah ho? Ampa ara se, Allah nnkyere adeboneyofoo no kwan.
۞ وَلَقَدْ وَصَّلْنَا لَهُمُ الْقَوْلَ لَعَلَّهُمْ يَتَذَكَّرُوْنَ ۗ
wa laqad waṣṣalnā lahumul-qaula la‘allahum yatażakkarūn(a).
Na ampa ara se, Yede saa nsem yi (Kur'aan) akyere won sedee ebeye na wobekae won daa.
اَلَّذِيْنَ اٰتَيْنٰهُمُ الْكِتٰبَ مِنْ قَبْلِهٖ هُمْ بِهٖ يُؤْمِنُوْنَ
allażīna ātaināhumul-kitāba min qablihī hum bihī yu'minūn(a).
Nkurafoa a Yemaa won Nwoma no ansaana Kur'aan no, wogye dii (so) mu (Kur'aan).
وَاِذَا يُتْلٰى عَلَيْهِمْ قَالُوْٓا اٰمَنَّا بِهٖٓ اِنَّهُ الْحَقُّ مِنْ رَّبِّنَآ اِنَّا كُنَّا مِنْ قَبْلِهٖ مُسْلِمِيْنَ
wa iżā yutlā ‘alaihim qālū āmannā bihī innahul-ḥaqqu mir rabbinā innā kunnā min qablihī muslimīn(a).
Na berɛ a wɔkenkan (Kur’aan) kyerɛɛ wɔn no, wɔkaa sɛ, "Yɛgye di, ampa ara (Kur'aan) ne nokorɛ a ɛfiri yɛn Awurade hɔ. Ampa ara, ansa na yɛreyɛ Nkramofoɔ."
اُولٰۤىِٕكَ يُؤْتَوْنَ اَجْرَهُمْ مَّرَّتَيْنِ بِمَا صَبَرُوْا وَيَدْرَءُوْنَ بِالْحَسَنَةِ السَّيِّئَةَ وَمِمَّا رَزَقْنٰهُمْ يُنْفِقُوْنَ
ulā'ika yu'tauna ajrahum marrataini bimā ṣabarū wa yadra'ūna bil-ḥasanatis-sayyi'ata wa mimmā razaqnāhum yunfiqūn(a).
Wonyaa akatua mmɔho abien (esiane sɛ wogyee Torah ne Kur’aan dii) esiane wɔn boasetɔ nti, na wɔde papa pow bɔne, na wɔde aduan a Yede ama wɔn no fã bi.
وَاِذَا سَمِعُوا اللَّغْوَ اَعْرَضُوْا عَنْهُ وَقَالُوْا لَنَآ اَعْمَالُنَا وَلَكُمْ اَعْمَالُكُمْ ۖسَلٰمٌ عَلَيْكُمْ ۖ لَا نَبْتَغِى الْجٰهِلِيْنَ
wa iżā sami‘ul-lagwa a‘raḍū ‘anhu wa qālū lanā a‘mālunā wa lakum a‘mālukum, salāmun ‘alaikum, lā nabtagil-jāhilīn(a).
Na sɛ wɔte nsɛmmɔne a, wɔdan wɔn ho fi wɔn ho na wɔka sɛ, "Yɛn na yɛn nnwuma ne mo mo nnwuma, momma dwoodwoo, yɛmpɛ (mmɔ) nnipa a wonnim hwee."
اِنَّكَ لَا تَهْدِيْ مَنْ اَحْبَبْتَ وَلٰكِنَّ اللّٰهَ يَهْدِيْ مَنْ يَّشَاۤءُ ۚوَهُوَ اَعْلَمُ بِالْمُهْتَدِيْنَ
innaka lā tahdī man aḥbabta wa lākinnallāha yahdī may yasyā'(u), wa huwa a‘lamu bil-muhtadīn(a).
Ampa ara se, wo (Muhammad) ntumi nkyere nkurafoa a wodɔ no kwan, na mmom Allah na 3kyere nkurafoa a 3pe kwan, na 3nim nkurafoa a wope pe se wobegye kwankyere no yie.
وَقَالُوْٓا اِنْ نَّتَّبِعِ الْهُدٰى مَعَكَ نُتَخَطَّفْ مِنْ اَرْضِنَاۗ اَوَلَمْ نُمَكِّنْ لَّهُمْ حَرَمًا اٰمِنًا يُّجْبٰٓى اِلَيْهِ ثَمَرٰتُ كُلِّ شَيْءٍ رِّزْقًا مِّنْ لَّدُنَّا وَلٰكِنَّ اَكْثَرَهُمْ لَا يَعْلَمُوْنَ
wa qālū in natabi‘il-hudā ma‘aka nutakhaṭṭaf min arḍinā, awalam numakkil lahum ḥaraman āminay yujbā ilaihi ṡamarātu kulli syai'ir rizqam mil ladunnā wa lākinna akṡarahum lā ya‘lamūn(a).
Na wɔkaa sɛ, “Sɛ yɛdi w’akwankyerɛ akyi a, wɔbɛpam yɛn afiri yɛn asase so.” (Allah kaa sɛ) Ana Yensii wɔn gyinabea so dua wɔ Haram (asase kronkron) asaase a ahotɔ ne ahotɔ wɔ so, baabi a wɔde aba a efi (afifide) nyinaa mu ba sɛ aduane (ma mo) firi Yɛn afã? Nanso wɔn mu dodow no ara nnim.
وَكَمْ اَهْلَكْنَا مِنْ قَرْيَةٍ ۢ بَطِرَتْ مَعِيْشَتَهَا ۚفَتِلْكَ مَسٰكِنُهُمْ لَمْ تُسْكَنْ مِّنْۢ بَعْدِهِمْ اِلَّا قَلِيْلًاۗ وَكُنَّا نَحْنُ الْوٰرِثِيْنَ
wa kam ahlaknā min qaryatim baṭirat ma‘īsyatahā, fatilka masākinuhum lam tuskam mim ba‘dihim illā qalīlā(n), wa kunnā naḥnul-wāriṡīn(a).
Na aman dodoɔ sɛn (wɔtetefoɔ) a na wɔagye wɔn ani wɔ asetena mu a Yesɛee no, ɛnneɛ na ɛno ne wɔn tenabea a na wɔnte hɔ (biara) wɔ wɔn akyi, gye sɛ fã ketewaa bi. Na Yɛn na yɛnya no agyapadeɛ.”
وَمَا كَانَ رَبُّكَ مُهْلِكَ الْقُرٰى حَتّٰى يَبْعَثَ فِيْٓ اُمِّهَا رَسُوْلًا يَّتْلُوْا عَلَيْهِمْ اٰيٰتِنَاۚ وَمَا كُنَّا مُهْلِكِى الْقُرٰىٓ اِلَّا وَاَهْلُهَا ظٰلِمُوْنَ
wa mā kāna rabbuka muhlikal-qurā ḥattā yab‘aṡa fī ummihā rasūlay yatlū ‘alaihim āyātinā, wa mā kunnā muhlikil-qurā illā wa ahluhā ẓālimūn(a).
Na w’Awurade rensɛe aman, kɔsi sɛ Ɔbɛsoma ɔbɔfoɔ bi wɔ wɔn ahenkuro mu a ɔbɛkenkan Yen nkyekyɛmu akyerɛ wɔn; na (anaasɛ) Yensɛee (wɔn a wɔte) asaase no so da; gye sɛ nkurɔfo no di ntɛnkyea.
وَمَآ اُوْتِيْتُمْ مِّنْ شَيْءٍ فَمَتَاعُ الْحَيٰوةِ الدُّنْيَا وَزِيْنَتُهَا ۚوَمَا عِنْدَ اللّٰهِ خَيْرٌ وَّاَبْقٰىۗ اَفَلَا تَعْقِلُوْنَ ࣖ
wa mā ūtītum min syai'in famatā‘ul-ḥayātid-dun-yā wa zīnatuhā, wa mā ‘indallāhi khairuw wa abqā, afalā ta‘qilūn(a).
Na biribiara (ahonyade, dibea, asefo) a wode ama mo no, eye ewiase asetena ne n’ahosiesie mu anigye; wo abere a dee ewo Allah ho no ye papa na eye daa daa. Wonte ase anaa?
اَفَمَنْ وَّعَدْنٰهُ وَعْدًا حَسَنًا فَهُوَ لَاقِيْهِ كَمَنْ مَّتَّعْنٰهُ مَتَاعَ الْحَيٰوةِ الدُّنْيَا ثُمَّ هُوَ يَوْمَ الْقِيٰمَةِ مِنَ الْمُحْضَرِيْنَ
afamaw wa‘adnāhu wa‘dan ḥasanan fahuwa lāqīhi kamam matta‘nāhu matā‘al-ḥayātid-dun-yā ṡumma huwa yaumal-qiyāmati minal-muḥḍarīn(a).
Enti so na ɛte sɛ onipa a Yɛhyɛɛ no bɔhyɛ pa (paradise) na ɔnyaa bi, ne onipa a Yɛmaa no ewiase asetena mu anigyeɛ no? afei Owusɔreɛ Da no ɔbɛka wɔn a wɔbɛtwe wɔn (kɔ hell) no ho?
وَيَوْمَ يُنَادِيْهِمْ فَيَقُوْلُ اَيْنَ شُرَكَاۤءِيَ الَّذِيْنَ كُنْتُمْ تَزْعُمُوْنَ
wa yauma yunādīhim fayaqūlu aina syurakā'iyal-lażīna kuntum taz‘umūn(a).
Na (kae) da a 3no (Allah) frɛɛ wɔn na ɔkaa sɛ, “Ɛhe na M’ayɔnkofoɔ a mosusuu wɔn no wɔ?”
قَالَ الَّذِيْنَ حَقَّ عَلَيْهِمُ الْقَوْلُ رَبَّنَا هٰٓؤُلَاۤءِ الَّذِيْنَ اَغْوَيْنَاۚ اَغْوَيْنٰهُمْ كَمَا غَوَيْنَاۚ تَبَرَّأْنَآ اِلَيْكَ مَا كَانُوْٓا اِيَّانَا يَعْبُدُوْنَ
wa qālal-lażīna ḥaqqa ‘alaihimul-qaulu rabbanā hā'ulā'il-lażīna agwainā, agwaināhum kamā gawainā, tabarra'nā ilaika mā kānū iyyānā ya‘budūn(a).
Wɔn a na ɛyɛ ampa sɛ wɔbɛtwe wɔn aso no kaa sɛ, “Yɛn Awurade, yeinom ne nnipa a yɛdaadaa wɔn; Yɛadi wɔn kwan sɛnea yɛn (yɛn ankasa) yɛyerae no, yɛpae mu ka kyerɛ Wo sɛ yɛade yɛn ho (afi wɔn ho), wɔrensom yɛn da.
وَقِيْلَ ادْعُوْا شُرَكَاۤءَكُمْ فَدَعَوْهُمْ فَلَمْ يَسْتَجِيْبُوْا لَهُمْ ۗوَرَاَوُا الْعَذَابَۚ لَوْ اَنَّهُمْ كَانُوْا يَهْتَدُوْنَ
wa qīlad‘ū syurakā'akum fada‘auhum falam yastajībū lahum wa ra'awul-‘ażāb(a), lau annahum kānū yahtadūn(a).
Na wokaa (kyeree won) se, "Momfre mo nkurofoo no," enti wofre, nanso nkurafoa a wofre no ammua, na wohunuu asotwe no. (Wɔpɛ) sɛ anka wodii kan nyaa akwankyerɛ a.
وَيَوْمَ يُنَادِيْهِمْ فَيَقُوْلُ مَاذَآ اَجَبْتُمُ الْمُرْسَلِيْنَ
wa yauma yunādīhim fayaqūlu māżā ajabtumul-mursalīn(a).
Na (kae) eda no a 3no (Allah) fr3 won, na okaa se, 'Edeen ne mo mmuaee ma asomafoa no?
فَعَمِيَتْ عَلَيْهِمُ الْاَنْۢبَاۤءُ يَوْمَىِٕذٍ فَهُمْ لَا يَتَسَاۤءَلُوْنَ
fa ‘amiyat ‘alaihimul-ambā'u yauma'iżin fahum lā yatasā'alūn(a).
Enti ɛyɛɛ sum maa wɔn wɔ ntease ahorow nyinaa mu saa da no, enti wɔammisa wɔn ho wɔn ho nsɛm.
فَاَمَّا مَنْ تَابَ وَاٰمَنَ وَعَمِلَ صَالِحًا فَعَسٰٓى اَنْ يَّكُوْنَ مِنَ الْمُفْلِحِيْنَ
fa ammā man tāba wa āmana wa ‘amila ṣāliḥan fa‘asā ay yakūna minal-mufliḥīn(a).
Enti onipa a onu ne ho na ogye di, na oye nnwuma pa no deɛ, ɛnde anidasoɔ wɔ mu sɛ ɔbɛyɛ nnipa a wɔwɔ anigyeɛ no mu baako.
وَرَبُّكَ يَخْلُقُ مَا يَشَاۤءُ وَيَخْتَارُ ۗمَا كَانَ لَهُمُ الْخِيَرَةُ ۗسُبْحٰنَ اللّٰهِ وَتَعٰلٰى عَمَّا يُشْرِكُوْنَ
wa rabbuka yakhluqu mā yasyā'u wa yakhtār(u), mā kāna lahumul-khiyarah(tu), subḥānallāhi wa ta‘ālā ‘ammā yusyrikūn(a).
Na w’Awurade na ɔbɔ na ɔpaw nea Ɔpɛ. Wɔn (nnipa) fam no, ɔkwan biara nni hɔ a wɔbɛfa so. Animuonyam nka Allah na 3no so na 3boro dee wode bata won ho.
وَرَبُّكَ يَعْلَمُ مَا تُكِنُّ صُدُوْرُهُمْ وَمَا يُعْلِنُوْنَ
wa rabbuka ya‘lamu mā tukinnu ṣudūruhum wa mā yu‘linūn(a).
Na w’Awurade nim dee ahintaw wan koko mu ne dee woyi no adi.
وَهُوَ اللّٰهُ لَآ اِلٰهَ اِلَّا هُوَ ۗ لَهُ الْحَمْدُ فِى الْاُوْلٰى وَالْاٰخِرَةِ ۖوَلَهُ الْحُكْمُ وَاِلَيْهِ تُرْجَعُوْنَ
wa huwallāhu lā ilāha illā huw(a), lahul-ḥamdu fil-ūlā wal-ākhirah(ti), wa lahul-ḥukmu wa ilaihi turja‘ūn(a).
Na 3no ne Allah, onyame biara nni ho (a wa ho kwan se wosom no) gyese 3no, ayeyie nyinaa fata No wo ewiase yi mu ne daankwamma mu, na 3no na botaee nyinaa ye na 3no na wobesan mo.
قُلْ اَرَءَيْتُمْ اِنْ جَعَلَ اللّٰهُ عَلَيْكُمُ الَّيْلَ سَرْمَدًا اِلٰى يَوْمِ الْقِيٰمَةِ مَنْ اِلٰهٌ غَيْرُ اللّٰهِ يَأْتِيْكُمْ بِضِيَاۤءٍ ۗ اَفَلَا تَسْمَعُوْنَ
qul ara'aitum in ja‘alallāhu ‘alaikumul-laila sarmadan ilā yaumil-qiyāmati man ilāhun gairullāhi ya'tīkum biḍiyā'(in), afalā tasma‘ūn(a).
Ka (Muhammad), "Dɛn na modwene, sɛ Allah yɛ anadwo ma mo daa kɔsi Owusɔreɛ Da no a. Hwan ne onyame a ɛka Allah ho a ɔbɛma hann abrɛ mo? Ana monnte?'
قُلْ اَرَءَيْتُمْ اِنْ جَعَلَ اللّٰهُ عَلَيْكُمُ النَّهَارَ سَرْمَدًا اِلٰى يَوْمِ الْقِيٰمَةِ مَنْ اِلٰهٌ غَيْرُ اللّٰهِ يَأْتِيْكُمْ بِلَيْلٍ تَسْكُنُوْنَ فِيْهِ ۗ اَفَلَا تُبْصِرُوْنَ
qul ara'aitum in ja‘alallāhu ‘alaikumun-nahāra sarmadan ilā yaumil-qiyāmati man ilāhun gairullāhi ya'tīkum bilailin taskunūna fīh(i), afalā tubṣirūn(a).
Ka (Muhammad), "Dɛn na modwene, sɛ Allah yɛɛ da no maa mo daa kɔsii Owusɔreɛ Da no a. Hwan ne onyame a ɛka Allah ho a ɔde anadwo bɛbrɛ mo sɛ mo home berɛ? Ana momfa aso?
وَمِنْ رَّحْمَتِهٖ جَعَلَ لَكُمُ الَّيْلَ وَالنَّهَارَ لِتَسْكُنُوْا فِيْهِ وَلِتَبْتَغُوْا مِنْ فَضْلِهٖ وَلَعَلَّكُمْ تَشْكُرُوْنَ
wa mir raḥmatihī ja‘ala lakumul-laila wan-nahāra litaskunū fīhi wa litabtagū min faḍlihī wa la‘allakum tasykurūn(a).
Na enam N'amoborohunu nti na Dye maa mo anadwo ne awia, sedee ebeye na moahome anadwo na moahwehwe N'adom no bi (awiabere) na moama No ase.
وَيَوْمَ يُنَادِيْهِمْ فَيَقُوْلُ اَيْنَ شُرَكَاۤءِيَ الَّذِيْنَ كُنْتُمْ تَزْعُمُوْنَ
wa yauma yunādīhim fayaqūlu aina syurakā'iyal-lażīna kuntum taz‘umūn(a).
Na (kae) da a 3no (Allah) fr3 won, na okaa se, 'Ehe na M'aboafo a mosusuu won no wo he?
وَنَزَعْنَا مِنْ كُلِّ اُمَّةٍ شَهِيْدًا فَقُلْنَا هَاتُوْا بُرْهَانَكُمْ فَعَلِمُوْٓا اَنَّ الْحَقَّ لِلّٰهِ وَضَلَّ عَنْهُمْ مَّا كَانُوْا يَفْتَرُوْنَ ࣖ
wa naza‘nā min kulli ummatin syahīdan faqulnā hātū burhānakum fa‘alimū annal-ḥaqqa lillāhi wa ḍalla ‘anhum mā kānū yaftarūn(a).
Na Yede adansee bi firii oman biara mu bae, afei Yekaa se, ‘Momfa mo nokore ho adansee mma, ama wahunu se atenenee (nokware) no ye Allah dea na dee na wadi kan no ayera afiri wan so.
۞ اِنَّ قَارُوْنَ كَانَ مِنْ قَوْمِ مُوْسٰى فَبَغٰى عَلَيْهِمْ ۖوَاٰتَيْنٰهُ مِنَ الْكُنُوْزِ مَآ اِنَّ مَفَاتِحَهٗ لَتَنُوْۤاُ بِالْعُصْبَةِ اُولِى الْقُوَّةِ اِذْ قَالَ لَهٗ قَوْمُهٗ لَا تَفْرَحْ اِنَّ اللّٰهَ لَا يُحِبُّ الْفَرِحِيْنَ
inna qārūna kāna min qaumi mūsā fabagā ‘alaihim, wa ātaināhu minal-kunūzi mā inna mafātiḥahū latanū'u bil-‘uṣbati ulil-quwwah(ti), iż qāla lahū qaumuhū lā tafraḥ, innallāha lā yuḥibbul-fariḥīn(a).
Ampa ara se, na Karun ka Mose nkurofoo no ho, nanso odii won bone, na Yede akorade bi a ne nsafe mu ye duru paa ama nnipa a wodi den dodoo bi ama no. (Kae) bere a ne nkurofoo ka kyeree no se, "Mma wo hoahoa wo ho dodo. Ampa ara se, Allah mpɛ nnipa a wɔhoahoa wɔn ho."
وَابْتَغِ فِيْمَآ اٰتٰىكَ اللّٰهُ الدَّارَ الْاٰخِرَةَ وَلَا تَنْسَ نَصِيْبَكَ مِنَ الدُّنْيَا وَاَحْسِنْ كَمَآ اَحْسَنَ اللّٰهُ اِلَيْكَ وَلَا تَبْغِ الْفَسَادَ فِى الْاَرْضِ ۗاِنَّ اللّٰهَ لَا يُحِبُّ الْمُفْسِدِيْنَ
wabtagi fīmā ātākallāhud-dāral-ākhirata wa lā tansa naṣībaka minad-dun-yā wa aḥsin kama aḥsanallāhu ilaika wa lā tabgil-fasāda fil-arḍ(i), innallāha lā yuḥibbul-mufsidīn(a).
Na monhwehwe (akatua a) owuo akyi asetena asaase no mu de dee Allah de ama mo, nanso mma mo werɛ mfiri mo kyɛfa wɔ wiase yi mu na monyɛ papa (ma afoforɔ) sɛdeɛ Allah ayɛ mo papa no, na mma mma ɔsɛeɛ mma asaase so. Ampa ara se, Allah mpɛ nnipa a wɔyɛ ɔsɛeɛ.
قَالَ اِنَّمَآ اُوْتِيْتُهٗ عَلٰى عِلْمٍ عِنْدِيْۗ اَوَلَمْ يَعْلَمْ اَنَّ اللّٰهَ قَدْ اَهْلَكَ مِنْ قَبْلِهٖ مِنَ الْقُرُوْنِ مَنْ هُوَ اَشَدُّ مِنْهُ قُوَّةً وَّاَكْثَرُ جَمْعًا ۗوَلَا يُسْـَٔلُ عَنْ ذُنُوْبِهِمُ الْمُجْرِمُوْنَ
qāla innamā ūtītuhū ‘alā ‘ilmin ‘indī, awalam ya‘lam annallāha qad ahlaka min qablihī minal-qurūni man huwa asyaddu minhu quwwataw wa akṡaru jam‘ā(n), wa lā yus'alu ‘an żunūbihimul-mujrimūn(a).
Ɔno (Karun) kaa sɛ, "Nokwarem no, wɔmaa me (saa ademude no), esiane nimdeɛ a mewɔ nkutoo nti." Ana onnim se Allah asɛe nkurofoo a woadi kan a na woye den sene no, na waboaboa ahonyadee bebree ano? Na ɛho nhia sɛ wobisa saa nnebɔneyɛfo no wɔn bɔne ho asɛm.
فَخَرَجَ عَلٰى قَوْمِهٖ فِيْ زِيْنَتِهٖ ۗقَالَ الَّذِيْنَ يُرِيْدُوْنَ الْحَيٰوةَ الدُّنْيَا يٰلَيْتَ لَنَا مِثْلَ مَآ اُوْتِيَ قَارُوْنُۙ اِنَّهٗ لَذُوْ حَظٍّ عَظِيْمٍ
fa kharaja ‘alā qaumihī fī zīnatih(ī), qālal-lażīna yurīdūnal-ḥayātad-dun-yā yā laita lanā miṡla mā ūtiya qārūn(u), innahū lażū ḥaẓẓin ‘aẓīm(in).
Enti ɔno (Karun) de n’anuonyam fii adi baa ne nkurɔfo nkyɛn. Nnipa a wɔpɛ wiase asetena ka sɛ, "Yɛwɔ anidaso sɛ yɛwɔ ahonyade te sɛ nea wɔde maa Karun no, ampa ara ɔwɔ anigye kɛse."
وَقَالَ الَّذِيْنَ اُوْتُوا الْعِلْمَ وَيْلَكُمْ ثَوَابُ اللّٰهِ خَيْرٌ لِّمَنْ اٰمَنَ وَعَمِلَ صَالِحًا ۚوَلَا يُلَقّٰىهَآ اِلَّا الصّٰبِرُوْنَ
wa qālal-lażīna ūtul-‘ilma wailakum ṡawābullāhi khairul liman āmana wa ‘amila ṣāliḥā(n), wa lā yulaqqāhā illaṣ-ṣābirūn(a).
Nanso nkurafoa a woama won nimdee no ka se, "Monnue! Monhunu se Allah akatua ye ma nkurafoa a wogye die na woyo nnwuma pa no, na saa (akatua kesee) no, nkurafoa a wonya abotare nkoaa na wonya."
فَخَسَفْنَا بِهٖ وَبِدَارِهِ الْاَرْضَ ۗفَمَا كَانَ لَهٗ مِنْ فِئَةٍ يَّنْصُرُوْنَهٗ مِنْ دُوْنِ اللّٰهِ ۖوَمَا كَانَ مِنَ الْمُنْتَصِرِيْنَ
fakhasafnā bihī wa bidārihil-arḍ(a), famā kāna lahū min fi'atiy yanṣurūnahū min dūnillāh(i), wa mā kāna minal-muntaṣirīn(a).
Enti Yesiee no (Karun) ne ne fie wo asaase mu. Enti ne fam no, kuo biara nni ho a ebeboa no a watwe ne ho afiri Allah ho, na onnye nkurafoa a wabetumi ayi ne ho ban no mu baako.
وَاَصْبَحَ الَّذِيْنَ تَمَنَّوْا مَكَانَهٗ بِالْاَمْسِ يَقُوْلُوْنَ وَيْكَاَنَّ اللّٰهَ يَبْسُطُ الرِّزْقَ لِمَنْ يَّشَاۤءُ مِنْ عِبَادِهٖ وَيَقْدِرُۚ لَوْلَآ اَنْ مَّنَّ اللّٰهُ عَلَيْنَا لَخَسَفَ بِنَا ۗوَيْكَاَنَّهٗ لَا يُفْلِحُ الْكٰفِرُوْنَ ࣖ
wa aṣbaḥal-lażīna tamannau makānahū bil-amsi yaqūlūna waika'annallāha yabsuṭur-rizqa limay yasyā'u min ‘ibādihī wa yaqdir(u), lau lā am mannallāhu ‘alainā lakhasafa binā, waika'annahū lā yufliḥul-kāfirūn(a).
Na saa nnipa no a nnɛra yɛɛ wɔn dibea (Karun) ho mfonini wɔ wɔn adwene mu no kaa sɛ, "Awuo, ɛyɛ nokorɛ sɛ Allah trɛw aduane mu ma obiara a Ɔpɛ wɔ Ne nkoa mu ne anohyetoɔ (wɔn a Ɔpɛ wɔ Ne nkoa mu). Sɛ Allah amfa N'adom amma yɛn a, esi pi sɛ anka ɔbɛsie yɛn nso. Awerɛhosɛm, ɛyɛ nokorɛ sɛ wɔn a wɔpo (Allah adom) no rennyɛ." tiri nkwa."
تِلْكَ الدَّارُ الْاٰخِرَةُ نَجْعَلُهَا لِلَّذِيْنَ لَا يُرِيْدُوْنَ عُلُوًّا فِى الْاَرْضِ وَلَا فَسَادًا ۗوَالْعَاقِبَةُ لِلْمُتَّقِيْنَ
tilkad-dārul-ākhiratu naj‘aluhā lil-lażīna lā yurīdūna ‘uluwwan fil-arḍi wa lā fasādā(n), wal-‘āqibatu lil-muttaqīn(a).
Yɛayɛ owuo akyi asetena asase ama wɔn a wɔnhoahoa wɔn ho na wɔnyɛ bɔne biara wɔ asase so. Na (papa) a ebefi mu aba no ye ma nkurafoa a wodi nyamesom.
مَنْ جَاۤءَ بِالْحَسَنَةِ فَلَهٗ خَيْرٌ مِّنْهَاۚ وَمَنْ جَاۤءَ بِالسَّيِّئَةِ فَلَا يُجْزَى الَّذِيْنَ عَمِلُوا السَّيِّاٰتِ اِلَّا مَا كَانُوْا يَعْمَلُوْنَ
man jā'a bil-ḥasanati falahū khairum minhā, wa man jā'a bis-sayyi'ati falā yujzal-lażīna ‘amilus-sayyi'āti illā mā kānū ya‘malūn(a).
Obiara a ɔde (de) papayɛ bɛba no, ɛno na ɔbɛnya (akatua) a ɛkyɛn ne papayɛ; na obiara a obede (de) bone aba no, ennee nkurofoo a woayo saa bone no benya akatua (ne nsusuie) nkoaa dee dee wodii kan yee no ho.
اِنَّ الَّذِيْ فَرَضَ عَلَيْكَ الْقُرْاٰنَ لَرَاۤدُّكَ اِلٰى مَعَادٍ ۗقُلْ رَّبِّيْٓ اَعْلَمُ مَنْ جَاۤءَ بِالْهُدٰى وَمَنْ هُوَ فِيْ ضَلٰلٍ مُّبِيْنٍ
innal-lażī faraḍa ‘alaikal-qur'āna larādduka ilā ma‘ād(in), qur rabbī a‘lamu man jā'a bil-hudā wa man huwa fī ḍalālim mubīn(in).
Ampa ara, (Allah) a hwehw wo (Muhammad) se wode (de) Kur'aan no mmara bedi dwuma no, de wo sane wo bea a wosan ba no ampa. Ka (Muhammad), "M'Awurade nim nkurafoa a wode kwankyere ba ne nkurafoa a wodi mfomsoo a eda adi mu."
وَمَا كُنْتَ تَرْجُوْٓا اَنْ يُّلْقٰٓى اِلَيْكَ الْكِتٰبُ اِلَّا رَحْمَةً مِّنْ رَّبِّكَ فَلَا تَكُوْنَنَّ ظَهِيْرًا لِّلْكٰفِرِيْنَ ۖ
wa mā kunta tarjū ay yulqā ilaikal-kitābu illā raḥmatam mir rabbika falā takūnanna ẓahīral lil-kāfirīn(a).
Na wo (Muhammad) annya anidasoɔ da sɛ wɔbɛsoma Nwoma (Al-Qur’an) no aba wo nkyɛn, na mmom wɔyii (daai) sɛ mmɔborɔhunu a ɛfiri w’Awurade hɔ, ɛno nti ɛnsɛ sɛ woyɛ ɔboafoɔ ma atiafoɔ da, .
وَلَا يَصُدُّنَّكَ عَنْ اٰيٰتِ اللّٰهِ بَعْدَ اِذْ اُنْزِلَتْ اِلَيْكَ وَادْعُ اِلٰى رَبِّكَ وَلَا تَكُوْنَنَّ مِنَ الْمُشْرِكِيْنَ ۚ
wa lā yaṣuddunnaka ‘an āyātillāhi ba‘da iż unzilat ilaika wad‘u ilā rabbika wa lā takūnanna minal-musyrikīn(a).
na mma wonnsiw mo (Muhammad) kwan mma (womfa) Allah nkyem ahoroo no, bere a woayi nkyem no akyere mo akyi, na momfre (nnipa) se wonnye (nnye) mo Awurade no nni, na mma monnka moshrikfoa no ho.
وَلَا تَدْعُ مَعَ اللّٰهِ اِلٰهًا اٰخَرَۘ لَآ اِلٰهَ اِلَّا هُوَۗ كُلُّ شَيْءٍ هَالِكٌ اِلَّا وَجْهَهٗ ۗ لَهُ الْحُكْمُ وَاِلَيْهِ تُرْجَعُوْنَ ࣖ
wa lā tad‘u ma‘allāhi ilāhan ākhar(a), lā ilāha illā huw(a), kullu syai'in hālikun illā wajhah(ū), lahul-ḥukmu wa ilaihi turja‘ūn(a).
Na mma (nso) nnsom anyame foforo ka Allah ho. Onyame biara nni hɔ (a ɔwɔ ho kwan sɛ wɔsom no) gyese Ɔno. Ɛsɛ sɛ biribiara sɛe, gye sɛ Allah. Gyinaesi nyinaa yɛ Ne tumi, na Ɔno nko ara na wɔbɛsan de mo aba.