اِنَّ فِيْ خَلْقِ السَّمٰوٰتِ وَالْاَرْضِ وَاخْتِلَافِ الَّيْلِ وَالنَّهَارِ وَالْفُلْكِ الَّتِيْ تَجْرِيْ فِى الْبَحْرِ بِمَا يَنْفَعُ النَّاسَ وَمَآ اَنْزَلَ اللّٰهُ مِنَ السَّمَاۤءِ مِنْ مَّاۤءٍ فَاَحْيَا بِهِ الْاَرْضَ بَعْدَ مَوْتِهَا وَبَثَّ فِيْهَا مِنْ كُلِّ دَاۤبَّةٍ ۖ وَّتَصْرِيْفِ الرِّيٰحِ وَالسَّحَابِ الْمُسَخَّرِ بَيْنَ السَّمَاۤءِ وَالْاَرْضِ لَاٰيٰتٍ لِّقَوْمٍ يَّعْقِلُوْنَ
inna fī khalqis-samāwāti wal-arḍi wakhtilāfil-laili wan-nahāri wal-fulkil-latī tajrī fil-baḥri bimā yanfa‘un-nāsa wa mā anzalallāhu minas-samā'i mim mā'in fa aḥyā bihil-arḍa ba‘da mautihā wa baṡṡa fīhā min kulli dābbah(tin), wa taṣrīfir-riyāḥi was-saḥābil-musakhkhari bainas-samā'i wal-arḍi la'āyātil liqaumiy ya‘qilūn(a).
Ampa ara se, esoro ahoroo ne asaase no adebo mu, ne anadwo ne awia a esesa mu, ne po so ahyɛn a ɛde nea ɛboa adesamma fa po mu, ne nsuo a Allah de firi wim sian ba fam, na ɔde ma asaase no nyan bio wɔ ne wuo akyi, na ɔde mmoa ahodoɔ nyinaa petepete mu, ne mframa ne mununkum a wɔsesa wɔn ho wɔ ɔsoro ne mununkum no ntam asase—ampa ara nsɛnkyerɛnne wɔ hɔ ma nkurɔfo a wɔte ase.
اِنَّ فِيْ خَلْقِ السَّمٰوٰتِ وَالْاَرْضِ وَاخْتِلَافِ الَّيْلِ وَالنَّهَارِ لَاٰيٰتٍ لِّاُولِى الْاَلْبَابِۙ
inna fī khalqis-samāwāti wal-arḍi wakhtilāfil-laili wan-nahāri la'āyātil li'ulil-albāb(i).
Ampa ara se, esoro ne asaase no adebo mu, ne anadwo ne awia a esesa mu no, Nsenkyerennee ahoroo (a ekyere Allah kesee) wo ho ma nkurafoa a wote ase no, .
الَّذِيْنَ يَذْكُرُوْنَ اللّٰهَ قِيَامًا وَّقُعُوْدًا وَّعَلٰى جُنُوْبِهِمْ وَيَتَفَكَّرُوْنَ فِيْ خَلْقِ السَّمٰوٰتِ وَالْاَرْضِۚ رَبَّنَا مَا خَلَقْتَ هٰذَا بَاطِلًاۚ سُبْحٰنَكَ فَقِنَا عَذَابَ النَّارِ
al-lażīna yażkurūnallāha qiyāmaw wa qu‘ūdaw wa ‘alā junūbihim wa yatafakkarūna fi khalqis-samāwāti wal-arḍ(i), rabbanā mā khalaqta hāżā bāṭilā(n), subḥānaka fa qinā ‘ażāban-nār(i).
(enye se) nkurafoa a wokae Allah bere a wogyinagyina, wote anaase woda mu, na wodwen esoro ahoroo ne asaase no adebo ho (ka se), "Y'Awurade, Woammɔ wei nyinaa kwa, Anuonyam nka Wo, bɔ yen ho ban firi hell asotwe ho.
قُلْ سِيْرُوْا فِى الْاَرْضِ ثُمَّ انْظُرُوْا كَيْفَ كَانَ عَاقِبَةُ الْمُكَذِّبِيْنَ
qul sīrū fil-arḍi ṡummanẓurū kaifa kāna ‘āqibatul-mukażżibīn(a).
Ka (Muhammad), "Hwehwe asaase no mu, afei hwe deɛ ɛyɛ wɔn a wɔdi atoro no awieeɛ."
وَكَذٰلِكَ نُرِيْٓ اِبْرٰهِيْمَ مَلَكُوْتَ السَّمٰوٰتِ وَالْاَرْضِ وَلِيَكُوْنَ مِنَ الْمُوْقِنِيْنَ
wa każālika nurī ibrāhīma malakūtas-samāwāti wal-arḍi wa liyakūna minal-mūqinīn(a).
Na sei na Yedaa Abraham (Yn tumi) adi wo esoro ahoroo ne asaase no mu, na sedee ebeye na obeka nkurafoa a wogye die no ho
فَلَمَّا جَنَّ عَلَيْهِ الَّيْلُ رَاٰ كَوْكَبًا ۗقَالَ هٰذَا رَبِّيْۚ فَلَمَّآ اَفَلَ قَالَ لَآ اُحِبُّ الْاٰفِلِيْنَ
falammā janna ‘alaihil-lailu ra'ā kaukabā(n), qāla hāżā rabbī, falammā afala qāla lā uḥibbul-āfilīn(a).
Bere a anadwo no yɛɛ sum no, ɔno (Ibrahim) hunuu nsoromma bi (afei) ɔkaa sɛ, "Oyi ne m'Awurade." Enti bere a nsoromma no kɔe no ɔkae sɛ, "M'ani nnye nea ɛkɔtɔ no ho."
فَلَمَّا رَاَ الْقَمَرَ بَازِغًا قَالَ هٰذَا رَبِّيْ ۚفَلَمَّآ اَفَلَ قَالَ لَىِٕنْ لَّمْ يَهْدِنِيْ رَبِّيْ لَاَكُوْنَنَّ مِنَ الْقَوْمِ الضَّاۤلِّيْنَ
falammā ra'al-qamara bāzigan qāla hāżā rabbī, falammā afala qāla la'illam yahdinī rabbī la'akūnanna minal-qaumiḍ-ḍāllīn(a).
Afei bere a ohui sɛ ɔsram no repue no ɔkae sɛ, “Oyi ne m’Awurade.” Nanso bere a ɔsram no kɔtɔe no ɔkaa sɛ, “Nokwarem no, sɛ m’Awurade ankyerɛ me kwan a, anka mɛyɛ wɔn a wɔyerae no mu biako.”
فَلَمَّا رَاَ الشَّمْسَ بَازِغَةً قَالَ هٰذَا رَبِّيْ هٰذَآ اَكْبَرُۚ فَلَمَّآ اَفَلَتْ قَالَ يٰقَوْمِ اِنِّيْ بَرِيْۤءٌ مِّمَّا تُشْرِكُوْنَ
falammā ra'asy-syamsa bāzigatan qāla hāżā rabbī hāżā akbar(u), falammā afalat qāla yā qaumi innī barī'um mimmā tusyrikūn(a).
Afei bere a ohui sɛ owia repue no, ɔkae sɛ, “Oyi ne m’Awurade, eyi yɛ kɛse.” Nanso bere a owia kɔtɔe no, ɔkae sɛ, "O me nkurɔfo! Nokwarem no, metwe me ho fi nea mo ne no bɔ no ho."
وَهُوَ الَّذِيْٓ اَنْزَلَ مِنَ السَّمَاۤءِ مَاۤءًۚ فَاَخْرَجْنَا بِهٖ نَبَاتَ كُلِّ شَيْءٍ فَاَخْرَجْنَا مِنْهُ خَضِرًا نُّخْرِجُ مِنْهُ حَبًّا مُّتَرَاكِبًاۚ وَمِنَ النَّخْلِ مِنْ طَلْعِهَا قِنْوَانٌ دَانِيَةٌ وَّجَنّٰتٍ مِّنْ اَعْنَابٍ وَّالزَّيْتُوْنَ وَالرُّمَّانَ مُشْتَبِهًا وَّغَيْرَ مُتَشَابِهٍۗ اُنْظُرُوْٓا اِلٰى ثَمَرِهٖٓ اِذَٓا اَثْمَرَ وَيَنْعِهٖ ۗاِنَّ فِيْ ذٰلِكُمْ لَاٰيٰتٍ لِّقَوْمٍ يُّؤْمِنُوْنَ
wa huwal-lażī anzala minas-samā'i mā'ā(n), fa akhrajnā bihī nabāta kulli syai'in fa akhrajnā minhu khaḍiran nukhriju minhu ḥabbam mutarākibā(n), wa minan nakhli min ṭal‘ihā qinwānun dāniyatuw wa jannātim min a‘nābiw waz-zaitūna war-rummāna musytabihaw wa gaira mutasyābih(in), unẓurū ilā ṡamarihī iżā aṡmara wa yan‘ih(ī), inna fī żālikum la'āyātil liqaumiy yu'minūn(a).
Na 3no na 3ma nsuo firi soro ba fam, afei Yema afifidee ahodoɔ nyinaa nyin wɔ mu, enti Yeyi afifideɛ a ɛyɛ ahabammono firi saa afifideɛ no mu, Yɛyi nnɔbaeɛ bebree firi saa afifideɛ a ɛyɛ ahabammono no mu; na yetwaa nkorabata a ɛsensɛn hɔ no fii mmɛdua no so, ne bobe nturo no, ne (Yɛyii nso) ngodua ne granate akutu a ɛte sɛ nea ɛnsɛ. Hwɛ aduaba no yiye bere a ɛsow aba na abere no. Ampa ara se, Nsenkyerennee (Allah tumi) wo ho ma nkurafoa a wogye die no.
وَهُوَ الَّذِيْ يُرْسِلُ الرِّيٰحَ بُشْرًاۢ بَيْنَ يَدَيْ رَحْمَتِهٖۗ حَتّٰٓى اِذَآ اَقَلَّتْ سَحَابًا ثِقَالًا سُقْنٰهُ لِبَلَدٍ مَّيِّتٍ فَاَنْزَلْنَا بِهِ الْمَاۤءَ فَاَخْرَجْنَا بِهٖ مِنْ كُلِّ الثَّمَرٰتِۗ كَذٰلِكَ نُخْرِجُ الْمَوْتٰى لَعَلَّكُمْ تَذَكَّرُوْنَ
wa huwal-lażī yursilur-riyāḥa busyram baina yadai raḥmatih(ī), ḥattā iżā aqallat saḥāban ṡiqālan suqnāhu libaladim mayyitin fa anzalnā bihil-mā'a fa akhrajnā bihī min kulliṡ-ṡamarāt(i), każālika nukhrijul-mautā la‘allakum tażakkarūn(a).
Ɔno na ɔbɔ mframa sɛ asɛmpa soafoɔ, di N’adɔeɛ (osuo) mmaeɛ anim, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a sɛ mframa de mununkum ba a, Yɛpam wɔn kɔ baabi a ɛhɔ yɛ kwae, afei Yema osuo tɔ wɔ saa beaeɛ no. Afei Yenyinii ne saa osuo no nnuaba ahodoɔ. Saa na Yɛnyan awufoɔ, yɛwɔ anidasoɔ sɛ wobɛsua asuadeɛ no.
اِنَّ فِى اخْتِلَافِ الَّيْلِ وَالنَّهَارِ وَمَا خَلَقَ اللّٰهُ فِى السَّمٰوٰتِ وَالْاَرْضِ لَاٰيٰتٍ لِّقَوْمٍ يَّتَّقُوْنَ
inna fikhtilāfil-laili wan-nahāri wa mā khalaqallāhu fis-samāwāti wal-arḍi la'āyātil liqaumiy yattaqūn(a).
Ampa ara se, anadwo ne awia a esesa mu, ne dee Allah abo wo esoro ahoroa ne asaase no mu no, Nsenkyerennee ahoroo wo ho ma nkurafoa a wosuro No.
اِنَّمَا مَثَلُ الْحَيٰوةِ الدُّنْيَا كَمَاۤءٍ اَنْزَلْنٰهُ مِنَ السَّمَاۤءِ فَاخْتَلَطَ بِهٖ نَبَاتُ الْاَرْضِ مِمَّا يَأْكُلُ النَّاسُ وَالْاَنْعَامُ ۗحَتّٰٓى اِذَآ اَخَذَتِ الْاَرْضُ زُخْرُفَهَا وَازَّيَّنَتْ وَظَنَّ اَهْلُهَآ اَنَّهُمْ قٰدِرُوْنَ عَلَيْهَآ اَتٰىهَآ اَمْرُنَا لَيْلًا اَوْ نَهَارًا فَجَعَلْنٰهَا حَصِيْدًا كَاَنْ لَّمْ تَغْنَ بِالْاَمْسِۗ كَذٰلِكَ نُفَصِّلُ الْاٰيٰتِ لِقَوْمٍ يَّتَفَكَّرُوْنَ
innamā maṡalul-ḥayātid-dun-yā kamā'in anzalnāhu minas-samā'i fakhtalaṭa bihī nabātul-arḍi mimmā ya'kulun-nāsu wal-an‘ām(u), ḥattā iżā akhażatil-arḍu zukhrufahā wazzayyanat wa ẓanna ahluhā annahum qādirūna ‘alaihā, atāhā amrunā lailan au nahāran fa ja‘alnāhā ḥaṣīdan ka'allam tagna bil-ams(i), każālika nufaṣṣilul-āyāti liqaumiy yatafakkarūn(a).
Ewiase asetena yi ho nhwɛsoɔ te sɛ nsuo (osuo) a Yede firi soro ba fam, na asaase so afifideɛ nyin bebree, ebinom na nnipa ne mmoa di. Enkosi bere a asaase no bewie pɛyɛ wɔ n’ahoɔfɛ mu na wɔasiesie no, na emufo susuw sɛ esi pi se wɔbɛnya no (atwa ne nnɔbae), Y’asotwe ba no so anadwo anaa awia, na Yɛma no (afifide) te sɛ nkankyee, te sɛ nea ennyinii nnɛra. Saa na Yekyerekyere Nsenkyerennee (Yen tumi) mu ma nkurofoo bi a wodwene ho.
هُوَ الَّذِيْ جَعَلَ لَكُمُ الَّيْلَ لِتَسْكُنُوْا فِيْهِ وَالنَّهَارَ مُبْصِرًا ۗاِنَّ فِيْ ذٰلِكَ لَاٰيٰتٍ لِّقَوْمٍ يَّسْمَعُوْنَ
huwal-lażī ja‘ala lakumul-laila litaskunū fīhi wan-nahāra mubṣirā(n), inna fī żālika la'āyātil liqaumiy yasma‘ūn(a).
3no ne 3no na 3ma anadwo ma mo sedee ebeye na moahome wo mu na wama awia no ahye. Ampa ara se, wei mu no, Nsenkyerennee (Allah tumi) wo ho ma nkurafoa a wote no.
وَكَاَيِّنْ مِّنْ اٰيَةٍ فِى السَّمٰوٰتِ وَالْاَرْضِ يَمُرُّوْنَ عَلَيْهَا وَهُمْ عَنْهَا مُعْرِضُوْنَ
wa ka'ayyim min āyatin fis-samāwāti wal-arḍi yamurrūna ‘alaihā wa hum ‘anhā mu‘rḍūn(a).
Na Nsenkyerennee (Allah kese) dodoo ahe na wotwam wo esoro ahoroa ne asaase so, nanso wodane firii wan ho.
اَللّٰهُ الَّذِيْ رَفَعَ السَّمٰوٰتِ بِغَيْرِ عَمَدٍ تَرَوْنَهَا ثُمَّ اسْتَوٰى عَلَى الْعَرْشِ وَسَخَّرَ الشَّمْسَ وَالْقَمَرَۗ كُلٌّ يَّجْرِيْ لِاَجَلٍ مُّسَمًّىۗ يُدَبِّرُ الْاَمْرَ يُفَصِّلُ الْاٰيٰتِ لَعَلَّكُمْ بِلِقَاۤءِ رَبِّكُمْ تُوْقِنُوْنَ
allāhul-lażī rafa‘as-samāwāti bigairi ‘amadin taraunahā ṡummastawā ‘alal-‘arsyi wa sakhkharasy-syamsa wal-qamar(a), kulluy yajrī li'ajalim musammā(n), yudabbirul-amra yufaṣṣilul-āyāti la‘allakum biliqā'i rabbikum tūqinūn(a).
Allah maa esoro a enni adum (sedee) wohunu no so, afei 3tenaa Ahennwa no so. Ɔbrɛɛ owia ne ɔsram ase; emu biara di akɔneaba sɛnea bere a wɔahyɛ ato hɔ te. Ɔhyehyɛ (N’abɔde) nsɛm, na ɔkyerɛkyerɛ Nsɛnkyerɛnne (Ne kɛseyɛ) mu, sɛnea ɛbɛyɛ a wubetumi anya awerɛhyem sɛ wubehyia w’Awurade.
وَهُوَ الَّذِيْ مَدَّ الْاَرْضَ وَجَعَلَ فِيْهَا رَوَاسِيَ وَاَنْهٰرًا ۗوَمِنْ كُلِّ الثَّمَرٰتِ جَعَلَ فِيْهَا زَوْجَيْنِ اثْنَيْنِ يُغْشِى الَّيْلَ النَّهَارَۗ اِنَّ فِيْ ذٰلِكَ لَاٰيٰتٍ لِّقَوْمٍ يَّتَفَكَّرُوْنَ
wa huwal-lażī maddal-arḍa wa ja‘ala fīhā rawāsiya wa anhārā(n), wa min kulliṡ-ṡamarāti ja‘ala fīhā zaujainiṡnaini yugsyil-lailan-nahār(a), inna fī żālika la'āyātil liqaumiy yatafakkarūn(a).
Na Ɔtrɛw asaase no mu na ɔyɛɛ mmepɔ ne nsubɔnten wɔ so. Na ne mu na Ɔyɛɛ aduaba no nyinaa mmienu mmienu; Ɔdan anadwo yɛ awia. Ampa ara se, nsenkyerennee ahoroo (a Allah kesee) wo ho ma nkurafoa a wodwene ho.
وَفِى الْاَرْضِ قِطَعٌ مُّتَجٰوِرٰتٌ وَّجَنّٰتٌ مِّنْ اَعْنَابٍ وَّزَرْعٌ وَّنَخِيْلٌ صِنْوَانٌ وَّغَيْرُ صِنْوَانٍ يُّسْقٰى بِمَاۤءٍ وَّاحِدٍۙ وَّنُفَضِّلُ بَعْضَهَا عَلٰى بَعْضٍ فِى الْاُكُلِۗ اِنَّ فِيْ ذٰلِكَ لَاٰيٰتٍ لِّقَوْمٍ يَّعْقِلُوْنَ
wa fil-arḍi qiṭa‘um mutajāwirātuw wa jannātum min a‘nābiw wa zar‘uw wa nakhīlun ṣinwānuw wa gairu ṣinwāniy yusqā bimā'iw wāḥid(in), wa nufaḍḍilu ba‘ḍahā ‘alā ba‘ḍin fil-ukul(i), inna fī żālika la'āyātil liqaumiy ya‘qilūn(a).
Na asaase no so no, nkyɛmu, bobe nturo, afifideɛ, mmɛdua a nkorabata, ne deɛ enni nkorabata wɔ hɔ; wɔde nsu koro no ara gugu so nsu, nanso Yepɛ afifide biako sen foforo wɔ ne dɛ mu. Ampa ara se, Nsenkyerennee ahoroo (a Allah kesee) wo ho ma nkurafoa a wote ase.
وَالْاَرْضَ مَدَدْنٰهَا وَاَلْقَيْنَا فِيْهَا رَوَاسِيَ وَاَنْۢبَتْنَا فِيْهَا مِنْ كُلِّ شَيْءٍ مَّوْزُوْنٍ
wal-arḍa madadnāhā wa alqainā fīhā rawāsiya wa ambatnā fīhā min kulli syai'im mauzūn(in).
Na Yetrɛw asaase no mu na Yedua mmepɔ wɔ so na Yedua biribiara wɔ hɔ sɛdeɛ ne kɛseɛ teɛ.
وَاَرْسَلْنَا الرِّيٰحَ لَوَاقِحَ فَاَنْزَلْنَا مِنَ السَّمَاۤءِ مَاۤءً فَاَسْقَيْنٰكُمُوْهُۚ وَمَآ اَنْتُمْ لَهٗ بِخٰزِنِيْنَ
wa arsalnar-riyāḥa lawāqiha fa anzalnā minas-samā'i mā'an fa asqainākumūh(u), wa mā antum lahū bikhāzinīn(a).
Na Yesomaa mframa no maa awaree na Yemaa osuo firi soro, afei Yemaa mo nomee firii mu (nsuo), na ennye mo na wokoraa so.
يُنْۢبِتُ لَكُمْ بِهِ الزَّرْعَ وَالزَّيْتُوْنَ وَالنَّخِيْلَ وَالْاَعْنَابَ وَمِنْ كُلِّ الثَّمَرٰتِۗ اِنَّ فِيْ ذٰلِكَ لَاٰيَةً لِّقَوْمٍ يَّتَفَكَّرُوْنَ
yumbitu lakum bihiz-zar‘a waz-zaitūna wan-nakhīla wal-a‘nāba wa min kulliṡ-ṡamarāt(i), inna fī żālika la'āyatal liqaumiy yatafakkarūn(a).
Ɔde ma nnɔbae, ngodua, date nnua, bobe, ne nnuaba ahorow biara nyin ma mo. Nokwarem no, eyi mu no, nsɛnkyerɛnne wɔ hɔ ma nnipa a wosusuw nneɛma ho.
وَسَخَّرَ لَكُمُ الَّيْلَ وَالنَّهَارَۙ وَالشَّمْسَ وَالْقَمَرَ ۗوَالنُّجُوْمُ مُسَخَّرٰتٌۢ بِاَمْرِهٖ ۗاِنَّ فِيْ ذٰلِكَ لَاٰيٰتٍ لِّقَوْمٍ يَّعْقِلُوْنَۙ
wa sakhkhara lakumul-laila wan-nahār(a), wasy-syamsa wal-qamar(a), wan-nujūmu musakhkharātum bi'amrih(ī), inna fī żālika la'āyātil liqaumiy ya‘qilūn(a).
Wade anadwo ne awia, owia ne bosome ahyɛ wo ase, na nsoromma ahyɛ N’ahyɛde ase. Nokwarem no, eyi mu na nsɛnkyerɛnne wɔ hɔ ma nnipa a wɔte ase, .
وَمَا ذَرَاَ لَكُمْ فِى الْاَرْضِ مُخْتَلِفًا اَلْوَانُهٗ ۗاِنَّ فِيْ ذٰلِكَ لَاٰيَةً لِّقَوْمٍ يَّذَّكَّرُوْنَ
wa mā żara'a lakum fil-arḍi mukhtalifan alwānuh(ū), inna fī żālika la'āyatal liqaumiy yażżakkarūn(a).
na (Ɔsan nso di so) dee Wabɔ ama mo wɔ asaase so wɔ ne ahodoɔ ne ne kɔla ahodoɔ mu. Ampa ara, nsenkyerennee ahoroo wo yei mu ma nkurofoo a wokae.
وَهُوَ الَّذِيْ سَخَّرَ الْبَحْرَ لِتَأْكُلُوْا مِنْهُ لَحْمًا طَرِيًّا وَّتَسْتَخْرِجُوْا مِنْهُ حِلْيَةً تَلْبَسُوْنَهَاۚ وَتَرَى الْفُلْكَ مَوَاخِرَ فِيْهِ وَلِتَبْتَغُوْا مِنْ فَضْلِهٖ وَلَعَلَّكُمْ تَشْكُرُوْنَ
wa huwal-lażī sakhkharal-baḥra lita'kulū minhu laḥman ṭariyyaw wa tastakhrijū minhu ḥilyatan talbasūnahā, wa taral-fulka mawākhira fīhi wa litabtagū min faḍlihī wa la‘allakum tasykurūn(a).
Na eye 3no na Wade epo no ahwe ase (ma mo), sedee ebeye na moadi nam (mpataa) foforo afiri mu, na (firi mu) moayi adorn a mohye. Wo (so) wohunu ahyɛn a ɛretu fa mu, na ama moahwehwɛ N’adom, na mobɛda ase.
وَاَلْقٰى فِى الْاَرْضِ رَوَاسِيَ اَنْ تَمِيْدَ بِكُمْ وَاَنْهٰرًا وَّسُبُلًا لَّعَلَّكُمْ تَهْتَدُوْنَۙ
wa alqā fil-arḍi rawāsiya an tamīda bikum wa anhāraw wa subulal la‘allakum tahtadūn(a).
Na Ɔde mmepɔ asisi asase so pintinn na annwosow ne mo, ne nsubɔnten ne akwan ama wɔakyerɛ mo kwan, .
وَاللّٰهُ اَنْزَلَ مِنَ السَّمَاۤءِ مَاۤءً فَاَحْيَا بِهِ الْاَرْضَ بَعْدَ مَوْتِهَاۗ اِنَّ فِيْ ذٰلِكَ لَاٰيَةً لِّقَوْمٍ يَّسْمَعُوْنَ ࣖ
wallāhu anzala minas-samā'i mā'an fa aḥyā bihil-arḍa ba‘da mautihā, inna fī żālika la'āyatal liqaumiy yasma‘ūn(a).
Na Allah somaa nsuo (osuo) firi esoro mu na 3de saa nsuo no maa asaase a adi kan awuo no nkwa. Ampa ara se, ampa ara se Nsenkyerennee ahoroo (Allah- kesee) wo ho ma nkurafoa a wotie (adesua no).
وَاِنَّ لَكُمْ فِى الْاَنْعَامِ لَعِبْرَةً ۚ نُسْقِيْكُمْ مِّمَّا فِيْ بُطُوْنِهٖ مِنْۢ بَيْنِ فَرْثٍ وَّدَمٍ لَّبَنًا خَالِصًا سَاۤىِٕغًا لِّلشّٰرِبِيْنَ
wa inna lakum fil-an‘āmi la‘ibrah(tan), nusqīkum mimmā fī buṭūnihī mim baini farṡiw wa damil labanan khāliṣan sā'igal lisy-syāribīn(a).
Na nokwarem no, wɔ mmoa mu no, asuade bi wɔ hɔ ma wo ankasa. Yɛma wo nom deɛ ɛwɔ ne yafunu mu (wɔn su mu) nufusuo a ɛho tew wɔ efĩ ne mogya ntam, a ɛnyɛ den sɛ wɔbɛmene ama wɔn a wɔnom no.
وَمِنْ ثَمَرٰتِ النَّخِيْلِ وَالْاَعْنَابِ تَتَّخِذُوْنَ مِنْهُ سَكَرًا وَّرِزْقًا حَسَنًاۗ اِنَّ فِيْ ذٰلِكَ لَاٰيَةً لِّقَوْمٍ يَّعْقِلُوْنَ
wa min ṡamarātin nakhīli wal-a‘nābi tattakhiżūna minhu sakaraw wa rizqan ḥasanā(n), inna fī żālika la'āyatal liqaumiy ya‘qilūn(a).
Na wode date ne bobe aba na ɛyɛ anonne a ɛma obi bow ne anigye. Ampa ara se, enam mu no, Nsenkyerennee ahoroo (Allah- kesee) wo ho ampa ma nkurafoa a wote ase.
وَاَوْحٰى رَبُّكَ اِلَى النَّحْلِ اَنِ اتَّخِذِيْ مِنَ الْجِبَالِ بُيُوْتًا وَّمِنَ الشَّجَرِ وَمِمَّا يَعْرِشُوْنَۙ
wa auḥā rabbuka ilan-naḥli anittakhiżī minal-jibāli buyūtaw wa minasy-syajari wa mimmā ya‘risyūn(a).
Na w’Awurade kaa ntɛtea no sɛ, “Monyɛ berebuw wɔ mmepɔw so, nnua mu, ne mmeae a nnipa ayɛ, .
ثُمَّ كُلِيْ مِنْ كُلِّ الثَّمَرٰتِ فَاسْلُكِيْ سُبُلَ رَبِّكِ ذُلُلًاۗ يَخْرُجُ مِنْۢ بُطُوْنِهَا شَرَابٌ مُّخْتَلِفٌ اَلْوَانُهٗ ۖفِيْهِ شِفَاۤءٌ لِّلنَّاسِۗ اِنَّ فِيْ ذٰلِكَ لَاٰيَةً لِّقَوْمٍ يَّتَفَكَّرُوْنَ
Ṡumma kulī min kulliṡ-ṡamarāti faslukī subula rabbiki żululā(n), yakhruju mim buṭūnihā syarābum mukhtalifun alwānuhū fīhi syifā'ul lin-nās(i), inna fī żālika la'āyatal liqaumiy yatafakkarūn(a).
afei di nnuaba (ahorow) nyinaa bi na nantew w’Awurade kwan a wɔayɛ no mmerɛw (ama wo) no so.” Ntɛtea yafunu mu na anonne (ɛwo) a ɛwɔ kɔla ahorow ba, a aduru bi wɔ mu a ɛsa nnipa yare ampa, eyi mu na ɛyɛ sɛnkyerɛnne ma wɔn a wosusuw nneɛma ho.
وَاللّٰهُ اَخْرَجَكُمْ مِّنْۢ بُطُوْنِ اُمَّهٰتِكُمْ لَا تَعْلَمُوْنَ شَيْـًٔاۙ وَّجَعَلَ لَكُمُ السَّمْعَ وَالْاَبْصَارَ وَالْاَفْـِٕدَةَ ۙ لَعَلَّكُمْ تَشْكُرُوْنَ
wallāhu akhrajakum mim buṭūni ummahātikum lā ta‘lamūna syai'ā(n), wa ja‘ala lakumus-sam‘a wal-abṣāra wal-af'idah(ta), la‘allakum tasykurūn(a).
Na Allah yii mo firii mo maamenom awo mu a wonnim hwee, na 3maa mo aso, ahunu, ne akoma, sedee ebeye na mobeda ase.
وَجَعَلْنَا الَّيْلَ وَالنَّهَارَ اٰيَتَيْنِ فَمَحَوْنَآ اٰيَةَ الَّيْلِ وَجَعَلْنَآ اٰيَةَ النَّهَارِ مُبْصِرَةً لِّتَبْتَغُوْا فَضْلًا مِّنْ رَّبِّكُمْ وَلِتَعْلَمُوْا عَدَدَ السِّنِيْنَ وَالْحِسَابَۗ وَكُلَّ شَيْءٍ فَصَّلْنٰهُ تَفْصِيْلًا
wa ja‘alnal-laila wan-nahāra āyataini fa maḥaunā āyatal-laili wa ja‘alnā āyatan-nahāri mubṣiratal litabtagū faḍlam mir rabbikum wa lita‘lamū ‘adadas-sinīna wal-ḥisāb(a), wa kulla syai'in faṣṣalnāhu tafṣīlā(n).
Na Yede anadwo ne awia no yɛɛ Nsɛnkyerɛnneɛ mmienu (Yɛn kɛseɛ ho), afei Yepopaa anadwo nsɛnkyerɛnneɛ no na Yemaa awia nsɛnkyerɛnneɛ no daa adi pefee, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a mobɛhwehwɛ adom afiri w’Awurade hɔ, na ama moahunu mfeɛ dodoɔ ne akontabuo (bere) no. Na adee nyinaa Yeama ada adi pefee.
كُلُوْا وَارْعَوْا اَنْعَامَكُمْ ۗاِنَّ فِيْ ذٰلِكَ لَاٰيٰتٍ لِّاُولِى النُّهٰى ࣖ
kulū war‘au an‘āmakum, inna fī żālika la'āyātil li'ulin-nuhā.
Di na di wo mmoa. Ampa ara se, saa mu no, Nsenkyerennee (Allah kesee) wo ho ma nkurofoo a wote ase.
وَمَا خَلَقْنَا السَّمَاۤءَ وَالْاَرْضَ وَمَا بَيْنَهُمَا لٰعِبِيْنَ
wa mā khalaqnas-samā'a wal-arḍa wa mā bainahumā lā‘ibīn(a).
Na Yeammɔ esoro ahoroa ne asaase no ne biribiara a eda won ntam no de gyee anigyee ara kwa.
وَجَعَلْنَا فِى الْاَرْضِ رَوَاسِيَ اَنْ تَمِيْدَ بِهِمْۖ وَجَعَلْنَا فِيْهَا فِجَاجًا سُبُلًا لَّعَلَّهُمْ يَهْتَدُوْنَ
wa ja‘alnā fil-arḍi rawāsiya an tamīda bihim, wa ja‘anā fīhā fijājan subulal la‘allahum yahtadūn(a).
Na Yeaye mmepo a eye pintinn wo asaase yi so sedee ebeye na (ann) woso ne won, na Yeaye (aso) akwan a etrɛw wɔ hɔ, sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛkyerɛ wɔn kwan.
وَجَعَلْنَا السَّمَاۤءَ سَقْفًا مَّحْفُوْظًاۚ وَهُمْ عَنْ اٰيٰتِهَا مُعْرِضُوْنَ
wa ja‘alnas-samā'a saqfam maḥfūẓā(n), wa hum ‘an āyātihā mu‘riḍūn(a).
Na Yeyee esoro dan atifi a woabo ho ban, nanso woda so ara dane firi Nsenkyerennee (Allah ne kese) (owia, bosome, mframa, mununkum, ne nea ekeka ho) ho.
وَهُوَ الَّذِيْ خَلَقَ الَّيْلَ وَالنَّهَارَ وَالشَّمْسَ وَالْقَمَرَۗ كُلٌّ فِيْ فَلَكٍ يَّسْبَحُوْنَ
wa huwal-lażī khalaqal-laila wan-nahāra wasy-syamsa wal-qamar(a), kullun fī falakiy yasbaḥūn(a).
Na 3no na 3boo anadwo ne adekyee, owia ne bosome. Wɔn mu biara di akɔneaba wɔ ne kyinhyia mu.
قُلْ لِّمَنِ الْاَرْضُ وَمَنْ فِيْهَآ اِنْ كُنْتُمْ تَعْلَمُوْنَ
qul limanil-arḍu wa man fīhā in kuntum ta‘lamūn(a).
Ka (Muhammad), "Hwan na asaase no ye ne dea, ne dee ewo mu nyinaa, se monim a?"
قُلْ مَنْ رَّبُّ السَّمٰوٰتِ السَّبْعِ وَرَبُّ الْعَرْشِ الْعَظِيْمِ
qul mar rabbus-samāwātis-sab‘i wa rabbul-‘arsyil-‘aẓīm(i).
Ka se, "Hwan ne Awurade a owo soro nson no na owo Ahennwa kesee no?"
قُلْ مَنْۢ بِيَدِهٖ مَلَكُوْتُ كُلِّ شَيْءٍ وَّهُوَ يُجِيْرُ وَلَا يُجَارُ عَلَيْهِ اِنْ كُنْتُمْ تَعْلَمُوْنَ
qul mam biyadihī malakūtu kulli syai'iw wa huwa yujīru wa lā yujāru ‘alaihi in kuntum ta‘lamūn(a).
Ka se, "Hwan na adee nyinaa tumi wo ne nsam. 3bo ho ban, na biribiara ntumi mfa ho ban mfiri (N'asotwe) ho, se monim nkoaa a?"
يُقَلِّبُ اللّٰهُ الَّيْلَ وَالنَّهَارَۗ اِنَّ فِيْ ذٰلِكَ لَعِبْرَةً لِّاُولِى الْاَبْصَارِ
yuqallibullāhul-laila wan-nahār(a), inna fī żālika la‘ibratal li'ulil-abṣār(i).
Allah si ananmu anadwo ne awia. Nokwarem no, wɔ ɛno mu no, ɛsɛ sɛ asuade bi wɔ hɔ ma wɔn a wɔwɔ anisoadehu (a ɛyɛ nnam).
تَبٰرَكَ الَّذِيْ جَعَلَ فِى السَّمَاۤءِ بُرُوْجًا وَّجَعَلَ فِيْهَا سِرٰجًا وَّقَمَرًا مُّنِيْرًا
tabārakal-lażī ja‘ala fis-samā'i burūjaw wa ja‘ala fīhā sirājaw wa qamaram munīrā(n).
Animuonyam nka Allah a 3maa nsoromma a ewo soro na 3maa owia ne bosome nso hyerɛn.
وَهُوَ الَّذِيْ جَعَلَ الَّيْلَ وَالنَّهَارَ خِلْفَةً لِّمَنْ اَرَادَ اَنْ يَّذَّكَّرَ اَوْ اَرَادَ شُكُوْرًا
wa huwal-lażī ja‘alal-laila wan-nahāra khilfatal liman arāda ay yażżakkara au arāda syukūrā(n).
Na Ɔma (nso) ma anadwo ne awia sesa ma nnipa a wɔpɛ sɛ wɔsua asuadeɛ anaa wɔpɛ sɛ wɔda ase.
قَالَ رَبُّ السَّمٰوٰتِ وَالْاَرْضِ وَمَا بَيْنَهُمَاۗ اِنْ كُنْتُمْ مُّوْقِنِيْنَ
qāla rabbus-samāwāti wal-arḍi wa mā bainahumā, in kuntum mūqinīn(a).
Ɔno (Mose) buaa sɛ, "Onyankopɔn a ɔbɔɔ ɔsoro ne asase ne nea ɛwɔ wɔn ntam (ɛno ne mo Nyankopɔn), sɛ mugye no di a."
قَالَ رَبُّ الْمَشْرِقِ وَالْمَغْرِبِ وَمَا بَيْنَهُمَاۗ اِنْ كُنْتُمْ تَعْقِلُوْنَ
qāla rabbul-masyriqi wal-magribi wa mā bainahumā, in kuntum ta‘qilūn(a).
Ɔno (Mose) kaa sɛ, "(Ɔno ne) Awurade (a ɔdi) apueeɛ ne atɔeɛ ne deɛ ɛwɔ wɔn ntam so; sɛ mote aseɛ a."
وَمِنْ رَّحْمَتِهٖ جَعَلَ لَكُمُ الَّيْلَ وَالنَّهَارَ لِتَسْكُنُوْا فِيْهِ وَلِتَبْتَغُوْا مِنْ فَضْلِهٖ وَلَعَلَّكُمْ تَشْكُرُوْنَ
wa mir raḥmatihī ja‘ala lakumul-laila wan-nahāra litaskunū fīhi wa litabtagū min faḍlihī wa la‘allakum tasykurūn(a).
Na enam N'amoborohunu nti na Dye maa mo anadwo ne awia, sedee ebeye na moahome anadwo na moahwehwe N'adom no bi (awiabere) na moama No ase.
خَلَقَ اللّٰهُ السَّمٰوٰتِ وَالْاَرْضَ بِالْحَقِّۗ اِنَّ فِيْ ذٰلِكَ لَاٰيَةً لِّلْمُؤْمِنِيْنَ ࣖ ۔
khalaqallāhus-samāwāti wal-arḍa bil-ḥaqq(i), inna fī żālika la'āyatal lil-mu'minīn(a).
Allah de tenenee bɔɔ esoro ahoroa ne asaase no. Ampa ara se, esi pi se Nsenkyerennee (Allah- kesee) wo ho ma nkurafoa a wogye die no.
وَلَىِٕنْ سَاَلْتَهُمْ مَّنْ خَلَقَ السَّمٰوٰتِ وَالْاَرْضَ وَسَخَّرَ الشَّمْسَ وَالْقَمَرَ لَيَقُوْلُنَّ اللّٰهُ ۗفَاَنّٰى يُؤْفَكُوْنَ
wa la'in sa'altahum man khalaqas-samāwāti wal-arḍa wa sakhkharasy-syamsa wal-qamara layaqūlunnallāh(u), fa'annā yu'fakūn(a).
Na se wobisa won se, “Hena na 3boo esoro ne asaase, na odii owia ne bosome ase?” Ampa ara se wobebua se, "Allah." Enti adɛn nti na wobetumi adan wɔn (afi nokware no ho).
وَمِنْ اٰيٰتِهٖٓ اَنْ خَلَقَ لَكُمْ مِّنْ اَنْفُسِكُمْ اَزْوَاجًا لِّتَسْكُنُوْٓا اِلَيْهَا وَجَعَلَ بَيْنَكُمْ مَّوَدَّةً وَّرَحْمَةً ۗاِنَّ فِيْ ذٰلِكَ لَاٰيٰتٍ لِّقَوْمٍ يَّتَفَكَّرُوْنَ
wa min āyātihī an khalaqa lakum min anfusikum azwājal litaskunū ilaihā wa ja‘ala bainakum mawaddataw wa raḥmah(tan), inna fī żālika la'āyātil liqaumiy yatafakkarūn(a).
Na Ne Nsenkyerennee (Ne kɛseyɛ) no bi ne sɛ Ɔbɔɔ ahokafoɔ maa mo firii mo ankasa su mu, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a mobɛpɛ na moate nka sɛ mo ho adwo mo wɔ wɔn nkyɛn, na Ɔbɔɔ ɔdɔ ne ɔdɔ atenka wɔ mo ntam. Nokwarem no, ɛno mu na nsɛnkyerɛnne wɔ ampa ma nkurɔfo a wosusuw nneɛma ho.
وَمِنْ اٰيٰتِهٖ خَلْقُ السَّمٰوٰتِ وَالْاَرْضِ وَاخْتِلَافُ اَلْسِنَتِكُمْ وَاَلْوَانِكُمْۗ اِنَّ فِيْ ذٰلِكَ لَاٰيٰتٍ لِّلْعٰلِمِيْنَ
wa min āyātihī khalqus-samāwāti wal-arḍi wakhtilāfu alsinatikum wa alwānikum, inna fī żālika la'āyātil lil-‘ālimīn(a).
Na Ne Nsɛnkyerɛnneɛ no bi ne ɔsoro ne asaase no abɔ, ne nsonsonoeɛ a ɛwɔ mo kasa ne mo kɔla mu. Nokwarem no, ɛno mu na nsɛnkyerɛnne wɔ ampa ma nnipa a wonim.
وَمِنْ اٰيٰتِهٖ مَنَامُكُمْ بِالَّيْلِ وَالنَّهَارِ وَابْتِغَاۤؤُكُمْ مِّنْ فَضْلِهٖۗ اِنَّ فِيْ ذٰلِكَ لَاٰيٰتٍ لِّقَوْمٍ يَّسْمَعُوْنَ
wa min āyātihī manāmukum bil-laili wan-nahāri wabtigā'ukum min faḍlih(ī), inna fī żālika la'āyātil liqaumiy yasma‘ūn(a).
Na Ne Nsenkyerennee ahoroa no bi ne mo nna anadwo ne awia, ne N'adom a mohwehwe. Nokwarem no, ɛno mu na nsɛnkyerɛnne wɔ ampa ma nkurɔfo a wotie.