Revert to Islam, click here
Islam Al-Haq: Koran ne Hadith
(Nokware Islam)



Topic - Bangsa-bangsa terdahulu Nabi-nabi Kisah-kisah para rasul Hikmah dari kisah umat-umat terdahulu

Verse Search Results :
Total Verses : 208
66
Q.S Al-Baqarah na ɔkyerɛwee (2:66)

فَجَعَلْنٰهَا نَكَالًا لِّمَا بَيْنَ يَدَيْهَا وَمَا خَلْفَهَا وَمَوْعِظَةً لِّلْمُتَّقِيْنَ

faja‘alnāhā nakālal limā baina yadaihā wa mā khalfahā wa mau‘iẓatal lil-muttaqīn(a).

Enti Yeyɛɛ (ɛte saa) kɔkɔbɔ maa saa berɛ no mu nkurofoɔ ne wɔn a wɔbaa akyire no, ne adesua maa nyamesomfoɔ.


252
Q.S Al-Baqarah na ɔkyerɛwee (2:252)

تِلْكَ اٰيٰتُ اللّٰهِ نَتْلُوْهَا عَلَيْكَ بِالْحَقِّ ۗ وَاِنَّكَ لَمِنَ الْمُرْسَلِيْنَ ۔

tilka āyātullāhi natlūhā ‘alaika bil-ḥaqq(i), wa innaka laminal-mursalīn(a).

Weinom ne Allah Nkyemu no, Yekenkan kyere wo yie na wo (Muhammad) ye somafoa ampa.


258
Q.S Al-Baqarah na ɔkyerɛwee (2:258)

اَلَمْ تَرَ اِلَى الَّذِيْ حَاۤجَّ اِبْرٰهٖمَ فِيْ رَبِّهٖٓ اَنْ اٰتٰىهُ اللّٰهُ الْمُلْكَ ۘ اِذْ قَالَ اِبْرٰهٖمُ رَبِّيَ الَّذِيْ يُحْيٖ وَيُمِيْتُۙ قَالَ اَنَا۠ اُحْيٖ وَاُمِيْتُ ۗ قَالَ اِبْرٰهٖمُ فَاِنَّ اللّٰهَ يَأْتِيْ بِالشَّمْسِ مِنَ الْمَشْرِقِ فَأْتِ بِهَا مِنَ الْمَغْرِبِ فَبُهِتَ الَّذِيْ كَفَرَ ۗوَاللّٰهُ لَا يَهْدِى الْقَوْمَ الظّٰلِمِيْنَۚ

alam tara ilal-lażī ḥājja ibrāhīma fī rabbihī an ātāhullāhul-mulk(a), iż qāla ibrāhīmu rabbiyal-lażī yuḥyī wa yumīt(u), qāla ana uḥyī wa umīt(u), qāla ibrāhīmu fa innallāha ya'tī bisy-syamsi minal-masyriqi fa'ti bihā minal-magribi fabuhital-lażī kafar(a), wallāhu lā yahdil-qaumaẓ-ẓālimīn(a).

Ana moanhunu nkurofoo a wo ne Abraham gyee akyinnyee fa n'Awurade ho, efirise Allah ama no ahennie (tumi). Bere a Abraham kaa sɛ, “M’Awurade ne Nea ɔma nkwa na ɔma owu ba” no, ɔkae sɛ, “Me nso metumi ama nkwa na mede owu aba.” Ibrahim kaa sɛ, "Allah maa owia so firii apueeɛ fam, enti ɔmaa so firii atɔeɛ fam." Enti onipa a onnye nni no adwene tu fra. Allah nnkyere adeboneyofoo no kwan.


11
Q.S Ali Imran na ɔkyerɛwee (3:11)

كَدَأْبِ اٰلِ فِرْعَوْنَۙ وَالَّذِيْنَ مِنْ قَبْلِهِمْۗ كَذَّبُوْا بِاٰيٰتِنَاۚ فَاَخَذَهُمُ اللّٰهُ بِذُنُوْبِهِمْ ۗ وَاللّٰهُ شَدِيْدُ الْعِقَابِ

kada'bi āli fir‘aun(a), wal-lażīna min qablihim, każżabū bi'āyātinā, fa'akhażahumullāhu biżunūbihim, wallāhu syadīdul-‘iqāb(i).

(Wɔn tebea) te sɛ Farao akyidifo ne wɔn a wodii wɔn anim no tebea. Wopo Yen Nsenkyerennee ahoroo no, enti Allah twee won aso wo won bone ho. Allah ye den wo asotwe mu.


112
Q.S Ali Imran na ɔkyerɛwee (3:112)

ضُرِبَتْ عَلَيْهِمُ الذِّلَّةُ اَيْنَ مَا ثُقِفُوْٓا اِلَّا بِحَبْلٍ مِّنَ اللّٰهِ وَحَبْلٍ مِّنَ النَّاسِ وَبَاۤءُوْ بِغَضَبٍ مِّنَ اللّٰهِ وَضُرِبَتْ عَلَيْهِمُ الْمَسْكَنَةُ ۗ ذٰلِكَ بِاَنَّهُمْ كَانُوْا يَكْفُرُوْنَ بِاٰيٰتِ اللّٰهِ وَيَقْتُلُوْنَ الْاَنْبِۢيَاۤءَ بِغَيْرِ حَقٍّۗ ذٰلِكَ بِمَا عَصَوْا وَّكَانُوْا يَعْتَدُوْنَ

Ḍuribat ‘alaihimuż-żillatu aina mā ṡuqifū illā biḥablim minallāhi wa ḥablim minan-nāsi wa bā'ū bigaḍabim minallāhi wa ḍuribat ‘alaihimul-maskanah(tu), żālika bi'annahum kānū yakfurūna bi'āyātillāhi wa yaqtulūnal-ambiyā'a bigairi ḥaqq(in), żālika bimā ‘aṣaw wa kānū ya‘tadūn(a).

Aniguaseɛ ahyɛ wɔn ma wɔ baabiara a wɔwɔ, gye sɛ (wokura) Allah hama (nyamesom) ne hama (apam) a wɔne nnipa ayɛ. Wonyaa abufuo firii Allah hɔ na (daa) amanehunu ahyɛ wɔn ma. Wei te saa efirise wopo Allah nkyekyem ahoroo no na wokum adiyifoo no, a wonni ho kwan biara (nteasee a eye). Eyi te saa efisɛ wɔyɛ asoɔdenfo na wobu anohyeto ahorow so.


137
Q.S Ali Imran na ɔkyerɛwee (3:137)

قَدْ خَلَتْ مِنْ قَبْلِكُمْ سُنَنٌۙ فَسِيْرُوْا فِى الْاَرْضِ فَانْظُرُوْا كَيْفَ كَانَ عَاقِبَةُ الْمُكَذِّبِيْنَ

qad khalat min qablikum sunan(un), fa sīrū fil-arḍi fanẓurū kaifa kāna ‘āqibatul-mukażżibīn(a).

Ampa ara se, (Allah) sunnah ahorow aba w’anim, enti motu kwan nkɔ (asase no ntwea nyinaa so) na monhwɛ deɛ ɛyɛ wɔn a wɔpo (asomafoɔ) no awieeɛ.


140
Q.S Ali Imran na ɔkyerɛwee (3:140)

اِنْ يَّمْسَسْكُمْ قَرْحٌ فَقَدْ مَسَّ الْقَوْمَ قَرْحٌ مِّثْلُهٗ ۗوَتِلْكَ الْاَيَّامُ نُدَاوِلُهَا بَيْنَ النَّاسِۚ وَلِيَعْلَمَ اللّٰهُ الَّذِيْنَ اٰمَنُوْا وَيَتَّخِذَ مِنْكُمْ شُهَدَاۤءَ ۗوَاللّٰهُ لَا يُحِبُّ الظّٰلِمِيْنَۙ

iy yamsaskum qarḥun faqad massal-qauma qarḥum miṡluh(ū), wa tilkal-ayyāmu nudāwiluhā binan-nās(i), wa liya‘lamallāhul-lażīna āmanū wa yattakhiża minkum syuhadā'(u), wallāhu lā yuḥibbuẓ-ẓālimīn(a).

Sɛ wo (wɔ Uhud ko no mu) nyaa apirakuru a, ɛnde wɔn nso (wɔ Badr ko no mu) nyaa apirakuru a ɛte saa ara. Na saa mmerɛ no (animuonyam ne ɔsɛeɛ), Yetwaa mu wɔ adasamma mu (sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛsua asuadeɛ bi), na ama Allah akyerɛ nsonsonoeɛ a ɛda nkurafoa a wɔgye die no ntam (firi wɔn a wɔnnye nni no ho) na ama mo mu binom (ahwe ase sɛ) agyidifoɔ. Na Allah mpɛ nnebɔneyɛfoɔ, .


146
Q.S Ali Imran na ɔkyerɛwee (3:146)

وَكَاَيِّنْ مِّنْ نَّبِيٍّ قٰتَلَۙ مَعَهٗ رِبِّيُّوْنَ كَثِيْرٌۚ فَمَا وَهَنُوْا لِمَآ اَصَابَهُمْ فِيْ سَبِيْلِ اللّٰهِ وَمَا ضَعُفُوْا وَمَا اسْتَكَانُوْا ۗ وَاللّٰهُ يُحِبُّ الصّٰبِرِيْنَ

wa ka'ayyim min nabiyyin qātal(a), ma‘ahū ribbiyyūna kaṡīr(un), famā wahanū limā aṣābahum fī sabīlillāhi wa mā ḍa‘ufū wa mastakānū, wallāhu yuḥibbuṣ-ṣābirīn(a).

Na sɛnea adiyifo pii kɔɔ ɔko a na akyidifo a wɔyɛ ahofamafo pii ka wɔn ho. Wɔannyɛ (anyɛ) mmerɛw esiane atoyerɛnkyɛm a ɛtoo wɔn wɔ Allah kwan so nti, wɔanhwere wɔn honhom na wɔamfa (anaasɛ) wɔamfa wɔn ho amma (anaa) ɔtamfo no). Na Allah do nkurafoa a wanya abotare.


27
Q.S Al-Ma’idah na ɔkyerɛwee (5:27)

۞ وَاتْلُ عَلَيْهِمْ نَبَاَ ابْنَيْ اٰدَمَ بِالْحَقِّۘ اِذْ قَرَّبَا قُرْبَانًا فَتُقُبِّلَ مِنْ اَحَدِهِمَا وَلَمْ يُتَقَبَّلْ مِنَ الْاٰخَرِۗ قَالَ لَاَقْتُلَنَّكَ ۗ قَالَ اِنَّمَا يَتَقَبَّلُ اللّٰهُ مِنَ الْمُتَّقِيْنَ

watlu ‘alaihim naba'abnai ādama bil-ḥaqqi iż qarrabā qurbānan fa tuqubbila min aḥadihimā wa lam yutaqabbal minal-ākhar(i), qāla la'aqtulannak(a), qāla innamā yataqabbalullāhu minal-muttaqīn(a).

Na ka (Muhammad) nokore no nkyere won fa Adam mma mmienu no ho asem, bere a won mmienu nyinaa de aforedee bi bɔɔ afɔreɛ no, wɔgyee wɔn mu baako (Habil) (afɔrebɔ) na wɔannye ɔfoforo (Qabil) no antom. Ɔno (Qabil) kaa sɛ, “Ampa ara, mɛkum wo ampa!” Ɔno (Habil) kaa sɛ, "Ampa ara, Allah gye (adɔeɛ) firi wɔn a wɔyɛ nyamesomfoɔ nko ara hɔ."


102
Q.S Al-Ma’idah na ɔkyerɛwee (5:102)

قَدْ سَاَلَهَا قَوْمٌ مِّنْ قَبْلِكُمْ ثُمَّ اَصْبَحُوْا بِهَا كٰفِرِيْنَ

qad sa'alahā qaumum min qablikum ṡumma aṣbaḥū bihā kāfirīn(a).

Ampa ara se, wo ansaana na nnipa kuo bi wo ho a wobisa nnoama a etete saa (ma wan diyifo), afei waye atiafoa.


6
Q.S Al-An'am na ɔkyerɛwee (6:6)

اَلَمْ يَرَوْا كَمْ اَهْلَكْنَا مِنْ قَبْلِهِمْ مِّنْ قَرْنٍ مَّكَّنّٰهُمْ فِى الْاَرْضِ مَا لَمْ نُمَكِّنْ لَّكُمْ وَاَرْسَلْنَا السَّمَاۤءَ عَلَيْهِمْ مِّدْرَارًا ۖوَّجَعَلْنَا الْاَنْهٰرَ تَجْرِيْ مِنْ تَحْتِهِمْ فَاَهْلَكْنٰهُمْ بِذُنُوْبِهِمْ وَاَنْشَأْنَا مِنْۢ بَعْدِهِمْ قَرْنًا اٰخَرِيْنَ

alam yarau kam ahlaknā min qablihim min qarnim makkanāhum fil-arḍi mā lam numakkil lakum wa arsalnas-samā'a ‘alaihim midrārā(n), wa ja‘alnal-anhāra tajrī min taḥtihim fa ahlaknāhum biżunūbihim wa ansya'nā mim ba‘dihim qarnan ākharīn(a).

Ana wonnhunuu awo ntoatoaso dodow a edii won anim kan Yeasɛee, ɛwom mpo sɛ (saa awo ntoatoaso no) Yɛde wɔn gyinabea asi hɔ wɔ asaase so, a ɛne pintinnyɛ bi a Yɛmfa mmaa mo da. Yehwiee osuo kɛseɛ guu wɔn so na yɛmaa nsubɔnten sen faa wɔn ase, afei Yesɛee wɔn maa wɔn ankasa bɔne, na Yɛbɔɔ awoɔ ntoatoasoɔ foforɔ wɔ wɔn awoɔ ntoatoasoɔ akyi.


10
Q.S Al-An'am na ɔkyerɛwee (6:10)

وَلَقَدِ اسْتُهْزِئَ بِرُسُلٍ مِّنْ قَبْلِكَ فَحَاقَ بِالَّذِيْنَ سَخِرُوْا مِنْهُمْ مَّا كَانُوْا بِهٖ يَسْتَهْزِءُوْنَ ࣖ

wa laqadistuhzi'a birusulim min qablika fa ḥāqa bil-lażīna sakhirū minhum mā kānū bihī yastahzi'ūn(a).

Na ampa ara se, wodii asomafoa a wodii w'anim (Muhammad) no bi ho fɛw, enti asotwe sian baa wɔn a wɔdi wɔn ho fɛw de buaa wɔn fɛwdi no so.


11
Q.S Al-An'am na ɔkyerɛwee (6:11)

قُلْ سِيْرُوْا فِى الْاَرْضِ ثُمَّ انْظُرُوْا كَيْفَ كَانَ عَاقِبَةُ الْمُكَذِّبِيْنَ

qul sīrū fil-arḍi ṡummanẓurū kaifa kāna ‘āqibatul-mukażżibīn(a).

Ka (Muhammad), "Hwehwe asaase no mu, afei hwe deɛ ɛyɛ wɔn a wɔdi atoro no awieeɛ."


34
Q.S Al-An'am na ɔkyerɛwee (6:34)

وَلَقَدْ كُذِّبَتْ رُسُلٌ مِّنْ قَبْلِكَ فَصَبَرُوْا عَلٰى مَا كُذِّبُوْا وَاُوْذُوْا حَتّٰٓى اَتٰىهُمْ نَصْرُنَا ۚوَلَا مُبَدِّلَ لِكَلِمٰتِ اللّٰهِ ۚوَلَقَدْ جَاۤءَكَ مِنْ نَّبَإِ۟ى الْمُرْسَلِيْنَ

wa laqad kużżibat rusulum min qablika fa ṣabarū ‘alā mā kużżibū wa ūżū ḥattā atāhum naṣrunā, wa lā mubaddila likalimātillāh(i), wa laqad jā'aka min naba'il-mursalīn(a).

Na ampa ara wodii atoro kyeree asomafoa a wodii mo anim no, nanso wonyaa abotare wo atoro ne otaa (a woyo) won so no ho, kopem se Yen mmoa baa wan so. Na biribiara ntumi nsesa Allah kasamu (ahyedee) no. Na ampa ara, asomafo no nkra no fã bi aba mo nkyɛn.


42
Q.S Al-An'am na ɔkyerɛwee (6:42)

وَلَقَدْ اَرْسَلْنَآ اِلٰٓى اُمَمٍ مِّنْ قَبْلِكَ فَاَخَذْنٰهُمْ بِالْبَأْسَاۤءِ وَالضَّرَّاۤءِ لَعَلَّهُمْ يَتَضَرَّعُوْنَ

wa laqad arsalnā ilā umamim min qablika fa akhażnāhum bil-ba'sā'i waḍ-ḍarrā'i la‘allahum yataḍarra‘ūn(a).

Na ampa ara se, Yeasoma (Asomafoa no) nkurofoo a wodii mo anim kan no nkyɛn, afei Yede (de) ohia ne amanehunu ayayadee won, sedee ebeye na wode ahobrasee besre (Allah).


148
Q.S Al-An'am na ɔkyerɛwee (6:148)

سَيَقُوْلُ الَّذِيْنَ اَشْرَكُوْا لَوْ شَاۤءَ اللّٰهُ مَآ اَشْرَكْنَا وَلَآ اٰبَاۤؤُنَا وَلَا حَرَّمْنَا مِنْ شَيْءٍۗ كَذٰلِكَ كَذَّبَ الَّذِيْنَ مِنْ قَبْلِهِمْ حَتّٰى ذَاقُوْا بَأْسَنَاۗ قُلْ هَلْ عِنْدَكُمْ مِّنْ عِلْمٍ فَتُخْرِجُوْهُ لَنَاۗ اِنْ تَتَّبِعُوْنَ اِلَّا الظَّنَّ وَاِنْ اَنْتُمْ اِلَّا تَخْرُصُوْنَ

sayaqūlul-lażīna asyrakū lau syā'allāhu mā asyraknā wa lā ābā'unā wa lā ḥarramnā min syai'(in), każālika każżabal-lażīna min qablihim ḥattā żāqū ba'sanā, qul hal ‘indakum min ‘ilmin fa tukhrijūhu lanā, in tattabi‘ūna illaẓ-ẓanna wa in antum illā takhruṣūn(a).

Mushrikfoɔ no bɛka sɛ, "Sɛ Allah pɛ a, anka yɛremfa ahokafoɔ nka No, na yɛn nananom nso anyɛ saa, na anka yɛrenbara biribiara." Saa ara nso na nkurofoo a wodii wan anim a wodii atoro (asomafoo no) kosii se wokaa Yen asotwe no. Ka (Muhammad), "So wowɔ nimdeɛ bi a wobɛtumi de akyerɛ yɛn? Nea wodi akyi no yɛ nsusuiɛ nko ara, na wodwene nko ara."


4
Q.S Al-A'raf na ɔkyerɛwee (7:4)

وَكَمْ مِّنْ قَرْيَةٍ اَهْلَكْنٰهَا فَجَاۤءَهَا بَأْسُنَا بَيَاتًا اَوْ هُمْ قَاۤىِٕلُوْنَ

wa kam min qaryatin ahlaknāhā fa jā'ahā ba'sunā bayātan au hum qā'ilūn(a).

Nsaase dodow ahe na Yeasɛe, Y'amanehunu baa (wɔ mufo so) anadwo, anaa bere a na wɔregye wɔn ahome awiabere.


5
Q.S Al-A'raf na ɔkyerɛwee (7:5)

فَمَا كَانَ دَعْوٰىهُمْ اِذْ جَاۤءَهُمْ بَأْسُنَآ اِلَّآ اَنْ قَالُوْٓا اِنَّا كُنَّا ظٰلِمِيْنَ

famā kāna da‘wāhum iż jā'ahum ba'sunā illā an qālū innā kunnā ẓālimīn(a).

Enti bere a Yɛn ayayade baa wɔn so no, na wɔn anwiinwii no nyɛ hwee sɛ wɔbɛka sɛ, "Nokwarem no, na yɛyɛ abɔnefo no."


64
Q.S Al-A'raf na ɔkyerɛwee (7:64)

فَكَذَّبُوْهُ فَاَنْجَيْنٰهُ وَالَّذِيْنَ مَعَهٗ فِى الْفُلْكِ وَاَغْرَقْنَا الَّذِيْنَ كَذَّبُوْا بِاٰيٰتِنَاۗ اِنَّهُمْ كَانُوْا قَوْمًا عَمِيْنَ ࣖ

fa każżabūhu fa anjaināhu wal-lażīna ma‘ahū fil-fulki wa agraqnal-lażīna każżabū bi'āyātinā, innahum kānū qauman ‘amīn(a).

Enti wɔpoo no (Noa). Afei Yegyee no nkwa ne nkurafoa a woka ne ho wo hyɛn no mu. Yɛmene wɔn a wɔpo Yɛn nkyekyem ahorow no. Ampa ara, wɔyɛ nnipa a wɔn ani afura (wɔn akoma aniwa).


72
Q.S Al-A'raf na ɔkyerɛwee (7:72)

فَاَنْجَيْنٰهُ وَالَّذِيْنَ مَعَهٗ بِرَحْمَةٍ مِّنَّا وَقَطَعْنَا دَابِرَ الَّذِيْنَ كَذَّبُوْا بِاٰيٰتِنَا وَمَا كَانُوْا مُؤْمِنِيْنَ ࣖ

fa anjaināhu wal-lażīna ma‘ahū biraḥmatim minnā wa qaṭa‘nā dābiral-lażīna każżabū bi'āyātinā wa mā kānū mu'minīn(a).

Enti Yegyee no (Hud) ne nkurafoa a woka ne ho no Yen mmoborohunu na Yeseee wanom a wodii Yen Nsenkyerennee ahoroo no kosii won nhini so. Wɔnnyɛ agyidifo.


78
Q.S Al-A'raf na ɔkyerɛwee (7:78)

فَاَخَذَتْهُمُ الرَّجْفَةُ فَاَصْبَحُوْا فِيْ دَارِهِمْ جٰثِمِيْنَ

fa akhażathumur-rajfatu fa aṣbaḥū fī dārihim jāṡimīn(a).

Afei asasewosow bi sii wɔn, na wowuwui deda wɔn fie amamfõ mu.


79
Q.S Al-A'raf na ɔkyerɛwee (7:79)

فَتَوَلّٰى عَنْهُمْ وَقَالَ يٰقَوْمِ لَقَدْ اَبْلَغْتُكُمْ رِسَالَةَ رَبِّيْ وَنَصَحْتُ لَكُمْ وَلٰكِنْ لَّا تُحِبُّوْنَ النّٰصِحِيْنَ

fa tawallā ‘anhum wa qāla yā qaumi laqad ablagtukum risālata rabbī wa naṣaḥtu lakum wa lākil lā tuḥibbūnan-nāṣiḥīn(a).

Afei ɔgyaa wɔn hɔ kaa sɛ, "O me nkurɔfoɔ! Ampa ara, mede m'Awurade nkrasɛm akɔma mo na matu mo fo. Nanso mompɛ nnipa a wɔma afotuo."


84
Q.S Al-A'raf na ɔkyerɛwee (7:84)

وَاَمْطَرْنَا عَلَيْهِمْ مَّطَرًاۗ فَانْظُرْ كَيْفَ كَانَ عَاقِبَةُ الْمُجْرِمِيْنَ ࣖ

wa amṭarnā ‘alaihim maṭarā(n), fanẓur kaifa kāna ‘āqibatul-mujrimīn(a).

Na Yede osuo (abo) guu won so. Enti hwɛ nea ɛto onipa a ɔyɛ bɔne no yiye.


86
Q.S Al-A'raf na ɔkyerɛwee (7:86)

وَلَا تَقْعُدُوْا بِكُلِّ صِرَاطٍ تُوْعِدُوْنَ وَتَصُدُّوْنَ عَنْ سَبِيْلِ اللّٰهِ مَنْ اٰمَنَ بِهٖ وَتَبْغُوْنَهَا عِوَجًاۚ وَاذْكُرُوْٓا اِذْ كُنْتُمْ قَلِيْلًا فَكَثَّرَكُمْۖ وَانْظُرُوْا كَيْفَ كَانَ عَاقِبَةُ الْمُفْسِدِيْنَ

wa lā taq‘udū bikulli ṣirāṭin tū‘idūna wa taṣuddūna ‘an sabīlillāhi man āmana bihī wa tabgūnahā ‘iwajā(n), ważkurū iż kuntum qalīlan fa kaṡṡarakum, wanẓurū kaifa kāna ‘āqibatul-mufsidīn(a).

Na mma ntena kwan biara so denam ehu ne agyidifoa a mobesiw kwan afiri Allah kwan no so na mope se modane no. Kae bere a na moyɛ kakraa bi no, afei Allah maa mo dodow no yɛɛ kɛse. Na hwɛ nea ɛto wɔn a wɔsɛe ade no yiye.


92
Q.S Al-A'raf na ɔkyerɛwee (7:92)

الَّذِيْنَ كَذَّبُوْا شُعَيْبًا كَاَنْ لَّمْ يَغْنَوْا فِيْهَاۚ اَلَّذِيْنَ كَذَّبُوْا شُعَيْبًا كَانُوْا هُمُ الْخٰسِرِيْنَ

al-lażīna każżabū syu‘aiban ka'allam yagnau fīhā, al-lażīna każżabū syu‘aiban kānū humul-khāsirīn(a).

Nnipa a wɔpoo Suaib no yɛɛ te sɛ nea wɔntenaa saa (ɔman) no mu da. Wɔn a wɔpo Shuaib no ne wɔn a wɔhwere.


93
Q.S Al-A'raf na ɔkyerɛwee (7:93)

فَتَوَلّٰى عَنْهُمْ وَقَالَ يٰقَوْمِ لَقَدْ اَبْلَغْتُكُمْ رِسٰلٰتِ رَبِّيْ وَنَصَحْتُ لَكُمْۚ فَكَيْفَ اٰسٰى عَلٰى قَوْمٍ كٰفِرِيْنَ ࣖ

fa tawallā ‘anhum wa qāla yā qaumi laqad ablagtukum risālāti rabbī wa naṣaḥtu lakum, fa kaifa āsā ‘alā qaumin kāfirīn(a).

Enti Shuaib gyaw wɔn hɔ kaa sɛ, "O me nkurɔfo! Ampa ara, mede m'Awurade nkrasɛm akɔma mo na matu mo fo. Enti ɛbɛyɛ dɛn na mɛdi awerɛhoɔ ama atiafoɔ no?"


94
Q.S Al-A'raf na ɔkyerɛwee (7:94)

وَمَآ اَرْسَلْنَا فِيْ قَرْيَةٍ مِّنْ نَّبِيٍّ اِلَّآ اَخَذْنَآ اَهْلَهَا بِالْبَأْسَاۤءِ وَالضَّرَّاۤءِ لَعَلَّهُمْ يَضَّرَّعُوْنَ

wa mā arsalnā fī qaryatim min nabiyyin illā akhażnā ahlahā bil-ba'sā'i waḍ-ḍarrā'i la‘allahum yaḍḍarra‘ūn(a).

Na Yeannsoma odiyifoo bi annko asaase bi so, (na emufo no poo saa odiyifoo no), na mmom Yede ahokyere ne amanehunu baa emu tefo so sedee ebeye na wobe (denam) ahobrasee so.


95
Q.S Al-A'raf na ɔkyerɛwee (7:95)

ثُمَّ بَدَّلْنَا مَكَانَ السَّيِّئَةِ الْحَسَنَةَ حَتّٰى عَفَوْا وَّقَالُوْا قَدْ مَسَّ اٰبَاۤءَنَا الضَّرَّاۤءُ وَالسَّرَّاۤءُ فَاَخَذْنٰهُمْ بَغْتَةً وَّهُمْ لَا يَشْعُرُوْنَ

Ṡumma baddalnā makānas-sayyi'atil-ḥasanata ḥattā ‘afau wa qālū qad massa ābā'anaḍ-ḍarrā'u was-sarrā'u fa akhażnāhum bagtataw wa hum lā yasy‘urūn(a).

Afei Yede anigye besii amanehunu no ananmu (sedee ebeye na won mma ne ahonyade) benyaa abere, afei wokaa se, "Ampa ara, yen nananom nyaa amanehunu ne anigyee," enti Yede ayayadee baa won so mpofirim a wanhunu.


100
Q.S Al-A'raf na ɔkyerɛwee (7:100)

اَوَلَمْ يَهْدِ لِلَّذِيْنَ يَرِثُوْنَ الْاَرْضَ مِنْۢ بَعْدِ اَهْلِهَآ اَنْ لَّوْ نَشَاۤءُ اَصَبْنٰهُمْ بِذُنُوْبِهِمْۚ وَنَطْبَعُ عَلٰى قُلُوْبِهِمْ فَهُمْ لَا يَسْمَعُوْنَ

awalam yahdi lil-lażīna yariṡūnal-arḍa mim ba‘di ahlihā allau nasyā'u aṣabnāhum biżunūbihim, wa naṭba‘u ‘alā qulūbihim fahum lā yasma‘ūn(a).

Anaasɛ ɛnyɛ nea ɛda adi pefee mma nnipa a wonya asase bi agyapade bere a emufo (yera) akyi? Se se Yepee a, anka Yebetwe won aso wo won bone ho; na Yetoo won akoma mu sedee ebeye na woantumi ate (adesua no).


101
Q.S Al-A'raf na ɔkyerɛwee (7:101)

تِلْكَ الْقُرٰى نَقُصُّ عَلَيْكَ مِنْ اَنْۢبَاۤىِٕهَاۚ وَلَقَدْ جَاۤءَتْهُمْ رُسُلُهُمْ بِالْبَيِّنٰتِۚ فَمَا كَانُوْا لِيُؤْمِنُوْا بِمَا كَذَّبُوْا مِنْ قَبْلُۗ كَذٰلِكَ يَطْبَعُ اللّٰهُ عَلٰى قُلُوْبِ الْكٰفِرِيْنَ

tilkal-qurā naquṣṣu ‘alaika min ambā'ihā, wa laqad jā'athum rusuluhum bil-bayyināt(i), famā kānū liyu'minū bimā każżabū min qabl(u), każālika yaṭba‘ullāhu ‘alā qulūbil-kāfirīn(a).

Weinom ne nsase (a Yeseee no), Yeka won nsem no bi kyere mo. Ná wɔn abɔfo no de adanse a emu da hɔ aba wɔn nkyɛn ankasa. Nanso wannye (nso) nea wodii kan poo no nni. Saa na Allah to atiafoa no akoma ano.


103
Q.S Al-A'raf na ɔkyerɛwee (7:103)

ثُمَّ بَعَثْنَا مِنْۢ بَعْدِهِمْ مُّوْسٰى بِاٰيٰتِنَآ اِلٰى فِرْعَوْنَ وَمَلَا۟ىِٕهٖ فَظَلَمُوْا بِهَاۚ فَانْظُرْ كَيْفَ كَانَ عَاقِبَةُ الْمُفْسِدِيْنَ

Ṡumma ba‘aṡnā mim ba‘dihim mūsā bi'āyātinā ilā fir‘auna wa mala'ihī fa ẓalamū bihā, fanẓur kaifa kāna ‘āqibatul-mufsidīn(a).

Wonom akyi no, Yesomaa Mose de Yen adansedie kaa Farao ne ne nkurofoo akannifoo no ho, afei wopoo adansedie no. Enti hwɛ nea ɛto wɔn a wɔsɛe ade no yiye.


175
Q.S Al-A'raf na ɔkyerɛwee (7:175)

وَاتْلُ عَلَيْهِمْ نَبَاَ الَّذِيْٓ اٰتَيْنٰهُ اٰيٰتِنَا فَانْسَلَخَ مِنْهَا فَاَتْبَعَهُ الشَّيْطٰنُ فَكَانَ مِنَ الْغَاوِيْنَ

watlu ‘alaihim naba'al-lażī ātaināhu āyātinā fansalakha minhā fa atba‘ahusy-syaiṭānu fa kāna minal-gāwīn(a).

Na kenkan (Muhammad) kyere won, onipa a Yede Yen nkyekyem no ama no no ho nsem, afei 3twe ne ho firi nkyekyem no ho, afei Satan di n'akyi (kopem se wobehwe no ahwe), afei obeye nkurafoa a woayera no mu baako.


176
Q.S Al-A'raf na ɔkyerɛwee (7:176)

وَلَوْ شِئْنَا لَرَفَعْنٰهُ بِهَا وَلٰكِنَّهٗٓ اَخْلَدَ اِلَى الْاَرْضِ وَاتَّبَعَ هَوٰىهُۚ فَمَثَلُهٗ كَمَثَلِ الْكَلْبِۚ اِنْ تَحْمِلْ عَلَيْهِ يَلْهَثْ اَوْ تَتْرُكْهُ يَلْهَثْۗ ذٰلِكَ مَثَلُ الْقَوْمِ الَّذِيْنَ كَذَّبُوْا بِاٰيٰتِنَاۚ فَاقْصُصِ الْقَصَصَ لَعَلَّهُمْ يَتَفَكَّرُوْنَ

wa lau syi'nā larafa‘nāhu bihā wa lākinnahū akhlada ilal-arḍi wattaba‘a hawāh(u), fa maṡaluhū kamaṡalil-kalb(i), in taḥmil ‘alaihi yalhaṡ au tatrukūhu yalhaṡ, żālika maṡalul-qaumil-lażīna każżabū bi'āyātinā, faqṣuṣil-qaṣaṣa la‘allahum yatafakkarūn(a).

Na se Yepee a, anka Yede saa (nkyekyem) no so (ne level) so, nanso na n'ani si wiase no so na odii n'akɔnnɔ (a ɛba fam) akyi, ɛnde ne nhwɛsoɔ te sɛ ɔkraman, sɛ wopam no a wobɛtwe ne tɛkrɛma na sɛ woma no kwan a ɔtwe ne tɛkrɛma (no nso). Saa na wɔn a wɔpo Yɛn nkyekyem ahorow no mfatoho no te. Enti ka saa nsɛm no na ama wɔasusuw ho.


177
Q.S Al-A'raf na ɔkyerɛwee (7:177)

سَاۤءَ مَثَلًا ۨالْقَوْمُ الَّذِيْنَ كَذَّبُوْا بِاٰيٰتِنَا وَاَنْفُسَهُمْ كَانُوْا يَظْلِمُوْنَ

sā'a maṡalanil-qaumul-lażīna każżabū bi'āyātinā wa anfusahum kānū yaẓlimūn(a).

Bɔne paa ne wɔn a wɔpo Yɛn nkyekyem ahorow no nhwɛso; wɔyɛ wɔn ho bɔne.


52
Q.S Al-Anfal na ɔkyerɛwee (8:52)

كَدَأْبِ اٰلِ فِرْعَوْنَۙ وَالَّذِيْنَ مِنْ قَبْلِهِمْۗ كَفَرُوْا بِاٰيٰتِ اللّٰهِ فَاَخَذَهُمُ اللّٰهُ بِذُنُوْبِهِمْۗ اِنَّ اللّٰهَ قَوِيٌّ شَدِيْدُ الْعِقَابِ

kada'bi āli fir‘aun(a), wal-lażīna min qablihim, kafarū bi'āyātillāhi fa akhażahumullāhu biżunūbihim, innallāha qawiyyun syadīdul-‘iqāb(i).

(Wɔn tebea) te sɛ Farao akyidifo ne wɔn a wodii wɔn anim no tebea no. Wopoo Allah nkyekyem ahoroo no, enti Allah twee won aso wo won bone ho. Ampa ara se Allah ye Otumfoo na N'asotwe no mu ye den paa.


54
Q.S Al-Anfal na ɔkyerɛwee (8:54)

كَدَأْبِ اٰلِ فِرْعَوْنَۙ وَالَّذِيْنَ مِنْ قَبْلِهِمْۚ كَذَّبُوْا بِاٰيٰتِ رَبِّهِمْ فَاَهْلَكْنٰهُمْ بِذُنُوْبِهِمْ وَاَغْرَقْنَآ اٰلَ فِرْعَوْنَۚ وَكُلٌّ كَانُوْا ظٰلِمِيْنَ

kada'bi āli fir‘aun(a), wal-lażīna min qablihim, każżabū bi'āyāti rabbihim fa ahlaknāhum biżunūbihim wa agraqnā āla fir‘aun(a), wa kullun kānū ẓālimīn(a).

(Wɔn tebea) te sɛ Farao akyidifo ne wɔn a wodii wɔn anim no tebea no. Wopoo wan Awurade nkyekyem ahoroo no, enti Yeseee won enam won bone nti na Yemenee Farao ne n'akyidifoo; efisɛ wɔyɛ nnipa a wɔnteɛ.


69
Q.S At-Tawbah na ɛwɔ hɔ (9:69)

كَالَّذِيْنَ مِنْ قَبْلِكُمْ كَانُوْٓا اَشَدَّ مِنْكُمْ قُوَّةً وَّاَكْثَرَ اَمْوَالًا وَّاَوْلَادًاۗ فَاسْتَمْتَعُوْا بِخَلَاقِهِمْ فَاسْتَمْتَعْتُمْ بِخَلَاقِكُمْ كَمَا اسْتَمْتَعَ الَّذِيْنَ مِنْ قَبْلِكُمْ بِخَلَاقِهِمْ وَخُضْتُمْ كَالَّذِيْ خَاضُوْاۗ اُولٰۤىِٕكَ حَبِطَتْ اَعْمَالُهُمْ فِى الدُّنْيَا وَالْاٰخِرَةِ ۚوَاُولٰۤىِٕكَ هُمُ الْخٰسِرُوْنَ

kal-lażīna min qablikum kānū asyadda minkum quwwataw wa akṡara amwālaw wa aulādā(n), fastamta‘ū bikhalāqihim fastamta‘tum bikhalāqikum kamastamta‘al-lażīna min qablikum bikhalāqihim wa khuḍtum kal-lażī khāḍū, ulā'ika ḥabiṭat a‘māluhum fid-dun-yā wal-ākhirah(ti), ulā'ika humul-khāsirūn(a).

(mo nyaatwomfoo ne mo nyaatwomfoo tebea) te se nkurofoo a wodii mo anim no, won ho den sene mo, na wowo ahonyadee ne mma pii. Enti wɔn ani agye wɔn kyɛfa ho, na wo nso w’ani agye wo kyɛfa ho sɛ wɔn a wodii kan no ani gyee wɔn kyɛfa ho, na woka (atoro nneɛma) ho asɛm bere a wɔreka ho asɛm no. Wɔn nneyɛe wɔ ewiase yi mu ne Daankwamma no sɛe. Wɔn na wɔhwere.


70
Q.S At-Tawbah na ɛwɔ hɔ (9:70)

اَلَمْ يَأْتِهِمْ نَبَاُ الَّذِيْنَ مِنْ قَبْلِهِمْ قَوْمِ نُوْحٍ وَّعَادٍ وَّثَمُوْدَ ەۙ وَقَوْمِ اِبْرٰهِيْمَ وَاَصْحٰبِ مَدْيَنَ وَالْمُؤْتَفِكٰتِۗ اَتَتْهُمْ رُسُلُهُمْ بِالْبَيِّنٰتِۚ فَمَا كَانَ اللّٰهُ لِيَظْلِمَهُمْ وَلٰكِنْ كَانُوْٓا اَنْفُسَهُمْ يَظْلِمُوْنَ

alam ya'tihim naba'ul-lażīna min qablihim qaumi nūḥiw wa ‘ādiw wa ṡamūd(a), wa qaumi ibrāhīma wa aṣḥābi madyana wal-mu'tafikāt(i), atathum rusuluhum bil-bayyināt(i), famā kānallāhu liyaẓlimahum wa lākin kānū anfusahum yaẓlimūn(a).

So atesɛm ankɔ wɔn nkyɛn (a ɛfa) wɔn a wodii wɔn anim, (a ɛne) Noa nkurɔfo, ‘Ad, Samud, Abraham nkurɔfo, Madyan nkurɔfo, ne (wɔn a wɔte) aman a wɔasɛe wɔn no so? Na abɔfoɔ aba wɔn nkyɛn de adanseɛ a ɛda adi pefee reba; Allah amfa bone, na mmom wodii won ho afom.


13
Q.S Yona (10:13)

وَلَقَدْ اَهْلَكْنَا الْقُرُوْنَ مِنْ قَبْلِكُمْ لَمَّا ظَلَمُوْاۙ وَجَاۤءَتْهُمْ رُسُلُهُمْ بِالْبَيِّنٰتِ وَمَا كَانُوْا لِيُؤْمِنُوْا ۗ كَذٰلِكَ نَجْزِى الْقَوْمَ الْمُجْرِمِيْنَ

wa laqad ahlaknal-qurūna min qablikum lammā ẓalamū, wa jā'athum rusuluhum bil-bayyināti wa mā kānū liyu'minū, każālika najzil-qaumal-mujrimīn(a).

Na ampa ara se, Yeseee nkurofoo a wodii w’anim kan no, bere a woyo ntwenee no, ewom se na wan somafoa no de nsem (nokware) aba de, nanso na wampe se wobegye adi koraa. Saa na Yetua nkurafoa a wodi bone no so ka.


39
Q.S Yona (10:39)

بَلْ كَذَّبُوْا بِمَا لَمْ يُحِيْطُوْا بِعِلْمِهٖ وَلَمَّا يَأْتِهِمْ تَأْوِيْلُهٗۗ كَذٰلِكَ كَذَّبَ الَّذِيْنَ مِنْ قَبْلِهِمْ فَانْظُرْ كَيْفَ كَانَ عَاقِبَةُ الظّٰلِمِيْنَ

bal każżabū bimā lam yuḥīṭū bi‘ilmihī wa lammā ya'tihim ta'wīluh(ū), każālika każżabal-lażīna min qablihim fanẓur kaifa kāna ‘āqibatuẓ-ẓālimīn(a).

Nokwarem no (nokware no ne sɛ), wɔpow nea wonnya nnim no pɛpɛɛpɛ na wonnya nnyaa nkyerɛkyerɛmu biara wɔ ho. Saa ara nso na na nnipa a na wɔwɔ hɔ ansa na wɔredi wɔn anim no apo (ɔsomafo no). Enti hwɛ nea nnipa a wɔnteɛ de ba no yiye.


73
Q.S Yona (10:73)

فَكَذَّبُوْهُ فَنَجَّيْنٰهُ وَمَنْ مَّعَهٗ فِى الْفُلْكِ وَجَعَلْنٰهُمْ خَلٰۤىِٕفَ وَاَغْرَقْنَا الَّذِيْنَ كَذَّبُوْا بِاٰيٰتِنَاۚ فَانْظُرْ كَيْفَ كَانَ عَاقِبَةُ الْمُنْذَرِيْنَ

fa każżabūhu fa najjaināhu wa mam ma‘ahū fil-fulki wa ja‘alnāhum khalā'ifa wa agraqnal-lażīna każżabū bi'āyātinā, fanẓur kaifa kāna ‘āqibatul-munżarīn(a).

Afei wodii atoro faa ne (Noa) ho, afei Yegyee no ne nkurafoa a woka ne ho wo ehye no mu, na Yede won caliphs na Yememee nkurofoo a wodii Yen nkyekyem atoro. Enti hwɛ nea ebefi wɔn a wɔbɔɔ wɔn kɔkɔ no mu aba no yiye.


92
Q.S Yona (10:92)

فَالْيَوْمَ نُنَجِّيْكَ بِبَدَنِكَ لِتَكُوْنَ لِمَنْ خَلْفَكَ اٰيَةً ۗوَاِنَّ كَثِيْرًا مِّنَ النَّاسِ عَنْ اٰيٰتِنَا لَغٰفِلُوْنَ ࣖ

fal yauma nunajjīka bibadanika litakūna liman khalfaka āyah(tan), wa inna kaṡīram minan-nāsi ‘an āyātinā lagāfilūn(a).

Enti ɛnnɛ Yɛgyee wo nipadua nkwa sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wobɛtumi ayɛ asuadeɛ ama wɔn a wɔba w’akyi, nanso nnipa dodoɔ no ara nte Yɛn Nsɛnkyerɛnneɛ (tumi) so.


102
Q.S Yona (10:102)

فَهَلْ يَنْتَظِرُوْنَ اِلَّا مِثْلَ اَيَّامِ الَّذِيْنَ خَلَوْا مِنْ قَبْلِهِمْۗ قُلْ فَانْتَظِرُوْٓا اِنِّيْ مَعَكُمْ مِّنَ الْمُنْتَظِرِيْنَ

fahal yantaẓirūna illā miṡla ayyāmil-lażīna khalau min qablihim, qul fantaẓirū innī ma‘akum minal-muntaẓirīn(a).

Enti wonntwɛn biribiara gyese (nsɛm a esisi) a ɛne nsɛm a esisii (a ɛtoo) wɔn a wodii wɔn anim bae no yɛ pɛ. Ka se, "Enti twɛn, me nso meyɛ wɔn a wɔne wo retwɛn no mu biako."


49
Q.S Mpɔtam (11:49)

تِلْكَ مِنْ اَنْۢبَاۤءِ الْغَيْبِ نُوْحِيْهَآ اِلَيْكَ ۚمَا كُنْتَ تَعْلَمُهَآ اَنْتَ وَلَا قَوْمُكَ مِنْ قَبْلِ هٰذَاۚ فَاصْبِرْۚ اِنَّ الْعَاقِبَةَ لِلْمُتَّقِيْنَ ࣖ

tilka min ambā'il-gaibi nūḥīhā ilaik(a), mā kunta ta‘lamuhā anta wa lā qaumuka min qabli hāżā, faṣbir, innal-‘āqibata lil-muttaqīn(a).

Ɛno ne nsɛm a wɔnhunu a Yeayi akyerɛ wo (Muhammad) no bi; na wunnim da na saa ara nso na wo nkurɔfo nso nnim ansa na eyi reba. Enti nya abotare, ampa, nea ebefi mu aba (pa) no yɛ ma nyamesomfo.


89
Q.S Mpɔtam (11:89)

وَيٰقَوْمِ لَا يَجْرِمَنَّكُمْ شِقَاقِيْٓ اَنْ يُّصِيْبَكُمْ مِّثْلُ مَآ اَصَابَ قَوْمَ نُوْحٍ اَوْ قَوْمَ هُوْدٍ اَوْ قَوْمَ صٰلِحٍ ۗوَمَا قَوْمُ لُوْطٍ مِّنْكُمْ بِبَعِيْدٍ

wa yā qaumi lā yajrimannakum syiqāqī ay yuṣībakum miṡlu mā aṣāba qauma nūḥin au qauma hūdin au qauma ṣāliḥ(in), wa mā qaumu lūṭim minkum biba‘īd(in).

Na O me nkurɔfoɔ! Mma me (ne mo) ntam ntawntawdie no mma monyɛ bɔne, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔbɛyɛ mo ayayadeɛ te sɛ deɛ ɛtoo Noa nkurɔfoɔ, Hudfoɔ anaa Saleh nkurofoɔ no, berɛ a na Lut nkurɔfoɔ no nnware mo.


100
Q.S Mpɔtam (11:100)

ذٰلِكَ مِنْ اَنْۢبَاۤءِ الْقُرٰى نَقُصُّهٗ عَلَيْكَ مِنْهَا قَاۤىِٕمٌ وَّحَصِيْدٌ

Żālika min ambā'il-qurā naquṣṣuhū ‘alaika minhā qā'imuw wa ḥaṣīd(un).

Eyinom ne aman (a wɔasɛe) no ho nsɛm bi a Yɛaka akyerɛ mo (Muhammad). Aman yi bi da so ara wɔ wɔn ho nsɛnkyerɛnne na wɔasɛe ebinom nso.


101
Q.S Mpɔtam (11:101)

وَمَا ظَلَمْنٰهُمْ وَلٰكِنْ ظَلَمُوْٓا اَنْفُسَهُمْ فَمَآ اَغْنَتْ عَنْهُمْ اٰلِهَتُهُمُ الَّتِيْ يَدْعُوْنَ مِنْ دُوْنِ اللّٰهِ مِنْ شَيْءٍ لَّمَّا جَاۤءَ اَمْرُ رَبِّكَۗ وَمَا زَادُوْهُمْ غَيْرَ تَتْبِيْبٍ

wa mā ẓalamnāhum wa lākin ẓalamū anfusahum famā agnat ‘anhum ālihatuhumul-latī yad‘ūna min dūnillāhi min syai'il lammā jā'a amru rabbik(a), wa mā zādūhum gaira tatbīb(in).

Na Yeannnye wan bone, na mmom wanom na wodii won ho afom, efirise ennye mfasoo ketewa biara mmaa nkurafoa a wosom kaa Allah ho, wa abere a w’Awurade ayayadee no bae no. Saa ɔsom yi ma wɔn sɛe no yɛ kɛse.


102
Q.S Mpɔtam (11:102)

وَكَذٰلِكَ اَخْذُ رَبِّكَ اِذَآ اَخَذَ الْقُرٰى وَهِيَ ظَالِمَةٌ ۗاِنَّ اَخْذَهٗٓ اَلِيْمٌ شَدِيْدٌ

wa każālika akhżu rabbika iżā akhażal-qurā wa hiya ẓālimah(tun), inna akhżahū alīmun syadīd(un).

Na ɛno ne w’Awurade asotwe bere a Ɔyɛ (nnipa) aman a wɔyɛ atirimɔdensɛm ayayade no. Ampa ara se, N'asotwe no ye yaw paa, emu ye duru paa.


103
Q.S Mpɔtam (11:103)

اِنَّ فِيْ ذٰلِكَ لَاٰيَةً لِّمَنْ خَافَ عَذَابَ الْاٰخِرَةِ ۗذٰلِكَ يَوْمٌ مَّجْمُوْعٌۙ لَّهُ النَّاسُ وَذٰلِكَ يَوْمٌ مَّشْهُوْدٌ

inna fī żālika la'āyatal liman khāfa ‘ażābal-ākhirah(ti), żālika yaumum majmū‘(un), lahun-nāsu wa żālika yaumum masyhūd(un).

Nokwarem no, ɛsɛ sɛ asuade bi wɔ eyi mu ma wɔn a wosuro owu akyi asotwe no. Ɛno ne da a wɔboaboa nnipa nyinaa ano (sɛ wobu akontaa), na ɛno ne da a (abɔde nyinaa di ho adanse).


120
Q.S Mpɔtam (11:120)

وَكُلًّا نَّقُصُّ عَلَيْكَ مِنْ اَنْۢبَاۤءِ الرُّسُلِ مَا نُثَبِّتُ بِهٖ فُؤَادَكَ وَجَاۤءَكَ فِيْ هٰذِهِ الْحَقُّ وَمَوْعِظَةٌ وَّذِكْرٰى لِلْمُؤْمِنِيْنَ

wa kullan naquṣṣu ‘alaika min ambā'ir-rusuli mā nuṡabbitu bihī fu'ādaka wa jā'aka fī hāżihil-ḥaqqu wa mau‘iẓatuw wa żikrā lil-mu'minīn(a).

Na asomafoɔ no nsɛm nyinaa, Yɛka kyerɛ mo (Muhammad), sɛdeɛ ɛbɛyɛ a yɛde saa nsɛm no bɛhyɛ mo akoma den; na emu na wɔama mo nokorɛ, afotuo ne kɔkɔbɔ ama mo (nyina) ama wɔn a wɔgye die no.