وَنُمَكِّنَ لَهُمْ فِى الْاَرْضِ وَنُرِيَ فِرْعَوْنَ وَهَامٰنَ وَجُنُوْدَهُمَا مِنْهُمْ مَّا كَانُوْا يَحْذَرُوْنَ
wa numakkina lahum fil-arḍi wa nuriya fir‘auna wa hāmāna wa junūdahumā minhum mā kānū yaḥżarūn(a).
na Yede wan gyinabea sii asaase so na Yekyeree Farao ne Haman ne n’asraafoa dee na wosuro fi won ho daa no.
وَاَوْحَيْنَآ اِلٰٓى اُمِّ مُوْسٰٓى اَنْ اَرْضِعِيْهِۚ فَاِذَا خِفْتِ عَلَيْهِ فَاَلْقِيْهِ فِى الْيَمِّ وَلَا تَخَافِيْ وَلَا تَحْزَنِيْ ۚاِنَّا رَاۤدُّوْهُ اِلَيْكِ وَجَاعِلُوْهُ مِنَ الْمُرْسَلِيْنَ
wa auḥainā ilā mūsā an arḍi‘īh(i), fa'iżā khifti ‘alaihi fa'alqīhi fil yammi wa lā takhāfī wa lā taḥzanī, innā rāddūhu ilaiki wa jā‘ilūhu minal-mursalīn(a).
Na Yɛhyɛɛ Mose maame nkuran sɛ, "Su no (Mose), na sɛ wohaw wo ho wɔ ne ho a, ɛnde tow no gu asubɔnten (Nile) mu. Na mma nsuro na mma (anaa) werɛ mmfi, ampa ara Yebɛsan de no aba wo nkyɛn, na yɛama no ayɛ abɔfoɔ no mu baako.
فَالْتَقَطَهٗٓ اٰلُ فِرْعَوْنَ لِيَكُوْنَ لَهُمْ عَدُوًّا وَّحَزَنًاۗ اِنَّ فِرْعَوْنَ وَهَامٰنَ وَجُنُوْدَهُمَا كَانُوْا خٰطِـِٕيْنَ
faltaqaṭahū ālu fir‘auna liyakūna lahum ‘aduwwaw wa ḥazanā(n), inna fir‘auna wa hāmāna wa junūdahumā kānū khāṭi'īn(a).
Enti Farao abusua no faa no sɛnea ɛbɛyɛ a (daakye) ɔbɛdan ɔtamfo ne awerɛhow ama wɔn. Nokwarem no, Farao ne Haman ne wɔn dɔm no na wodii fɔ.