قَالُوْا يٰذَا الْقَرْنَيْنِ اِنَّ يَأْجُوْجَ وَمَأْجُوْجَ مُفْسِدُوْنَ فِى الْاَرْضِ فَهَلْ نَجْعَلُ لَكَ خَرْجًا عَلٰٓى اَنْ تَجْعَلَ بَيْنَنَا وَبَيْنَهُمْ سَدًّا
qālū yā żal-qarnaini inna ya'jūja wa ma'jūja mufsidūna fil-arḍi fahal naj‘alu laka kharjan ‘alā an taj‘alā bainanā wa bainahum saddā(n).
Wɔkaa sɛ, "O Zulkarnain! Ampa ara, Yagjuj ne Makjuj (abɔdeɛ a) wɔyɛ ɔsɛeɛ wɔ asase so, enti yɛbɛtumi atua mo akatua sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wobɛsi akwansideɛ wɔ yɛn ne wɔn ntam?"
قَالَ مَا مَكَّنِّيْ فِيْهِ رَبِّيْ خَيْرٌ فَاَعِيْنُوْنِيْ بِقُوَّةٍ اَجْعَلْ بَيْنَكُمْ وَبَيْنَهُمْ رَدْمًا ۙ
qāla mā makkannī fīhi rabbī fa a‘īnūnī biquwwatin aj‘al bainakum wa bainahum radmā(n).
Ɔno (Zulkarnain) kaa sɛ, “Deɛ Onyankopɔn de ama me no ye (sen w’akatua), enti boa me wɔ ahoɔden mu, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a mɛtumi de akwansideɛ aba wo ne wɔn ntam.”
اٰتُوْنِيْ زُبَرَ الْحَدِيْدِۗ حَتّٰىٓ اِذَا سَاوٰى بَيْنَ الصَّدَفَيْنِ قَالَ انْفُخُوْا ۗحَتّٰىٓ اِذَا جَعَلَهٗ نَارًاۙ قَالَ اٰتُوْنِيْٓ اُفْرِغْ عَلَيْهِ قِطْرًا ۗ
Ātūnī zubaral-ḥadīd(i), ḥattā iżā sāwā bainaṣ-ṣadafaini qālanfukhū, ḥattā iżā ja‘alahū nārā(n), qāla ātūnī ufrig ‘alaihi qiṭrā(n).
Ma me dade asinasin!” Kosii sɛ (wɔde) dade asinasin no (bata) bepɔw no (atifi) abien no ho pɛpɛɛpɛ no, ɔno (Zulkarnain) kae sɛ, "Bɔ (ogya no)!" Bere a (dade no) abɛyɛ (kɔkɔɔ te sɛ) ogya no, ɔkae sɛ, "Ma me kɔbere (a ɛrefɔw) sɛnea ɛbɛyɛ a metumi ahwie agu (dade a ɛyɛ hyew no) so."
فَمَا اسْطَاعُوْٓا اَنْ يَّظْهَرُوْهُ وَمَا اسْتَطَاعُوْا لَهٗ نَقْبًا
famasṭā‘ū ay yaẓharūhu wa mastaṭā‘ū lahū naqbā(n).
Enti wɔn (Yakjuj ne Makjuj) antumi anforo no na wɔantumi (asan nso) anyɛ tokuru wɔ mu.
قَالَ هٰذَا رَحْمَةٌ مِّنْ رَّبِّيْۚ فَاِذَا جَاۤءَ وَعْدُ رَبِّيْ جَعَلَهٗ دَكَّاۤءَۚ وَكَانَ وَعْدُ رَبِّيْ حَقًّا ۗ
qāla hāżā raḥmatum mir rabbī, fa iżā jā'a wa‘du rabbī ja‘alahū dakkā'(a), wa kāna wa‘du rabbī ḥaqqā(n).
Ɔno (Zulkarnain) kaa sɛ, "Saa (fasuo) yi yɛ nhyira a ɛfiri m'Awurade hɔ, enti sɛ m'Awurade bɔhyɛ no ba a, ɔbɛsɛe no; na m'Awurade bɔhyɛ no yɛ nokorɛ."
حَتّٰىٓ اِذَا فُتِحَتْ يَأْجُوْجُ وَمَأْجُوْجُ وَهُمْ مِّنْ كُلِّ حَدَبٍ يَّنْسِلُوْنَ
Ḥattā iżā futiḥat ya'jūju wa ma'jūju wa hum min kulli ḥadabiy yansilūn(a).
Kosii sɛ wobuee Yakjuj ne Makjuj (afasu) no na wɔsiane ntɛmntɛm firii sorɔnsorɔmmea nyinaa.
وَاقْتَرَبَ الْوَعْدُ الْحَقُّ فَاِذَا هِيَ شَاخِصَةٌ اَبْصَارُ الَّذِيْنَ كَفَرُوْاۗ يٰوَيْلَنَا قَدْ كُنَّا فِيْ غَفْلَةٍ مِّنْ هٰذَا بَلْ كُنَّا ظٰلِمِيْنَ
waqtarabal-wa‘dul-ḥaqqu fa iżā hiya syākhiṣatun abṣārul-lażīna kafarū, yā wailanā qad kunnā fī gaflatim min hāżā bal kunnā ẓālimīn(a).
Na (bere a) nokore bohye (owusɔre da) no abɛn a, ɛnde mpofirim ara nkurafoa a wannye nni no ani bɛtrɛw. (Wɔkaa sɛ), "Hwɛ sɛnea yɛyɛ mmɔbɔ! Yɛyɛ anibiannaso koraa wɔ eyi ho, nokwarem no yɛyɛ nnipa a yɛnteɛ ampa."