Revert to Islam, click here
Islam Al-Haq: Koran ne Hadith
(Nokware Islam)



Topic - Bangsa-bangsa terdahulu Tugas para Nabi Para nabi menyampaikan kabar gembira dan peringatan

Verse Search Results :
Total Verses : 111
6
Q.S Al-Baqarah na ɔkyerɛwee (2:6)

اِنَّ الَّذِيْنَ كَفَرُوْا سَوَاۤءٌ عَلَيْهِمْ ءَاَنْذَرْتَهُمْ اَمْ لَمْ تُنْذِرْهُمْ لَا يُؤْمِنُوْنَ

innal-lażīna kafarū sawā'un ‘alaihim a'anżartahum am lam tunżirhum lā yu'minūn(a).

Ampa ara se, nkurafoa a wannye nni no, saa ara na efa wan ho, se wo (Muhammad) bma wo kɔkɔ anaa woanmmɔ wan kɔkɔ a, wɔrennye nni.


25
Q.S Al-Baqarah na ɔkyerɛwee (2:25)

وَبَشِّرِ الَّذِيْنَ اٰمَنُوْا وَعَمِلُوا الصّٰلِحٰتِ اَنَّ لَهُمْ جَنّٰتٍ تَجْرِيْ مِنْ تَحْتِهَا الْاَنْهٰرُ ۗ كُلَّمَا رُزِقُوْا مِنْهَا مِنْ ثَمَرَةٍ رِّزْقًا ۙ قَالُوْا هٰذَا الَّذِيْ رُزِقْنَا مِنْ قَبْلُ وَاُتُوْا بِهٖ مُتَشَابِهًا ۗوَلَهُمْ فِيْهَآ اَزْوَاجٌ مُّطَهَّرَةٌ وَّهُمْ فِيْهَا خٰلِدُوْنَ

wa basysyiril-lażīna āmanū wa ‘amiluṣ-ṣāliḥāti anna lahum jannātin tajrī min taḥtihal- anhār(u), kullamā ruziqū minhā min ṡamaratir rizqā(n), qālū hāżal-lażī ruziqnā min qablu wa utū bihī mutasyābihā(n), wa lahum fīhā azwājum muṭahharatuw wa hum fīhā khālidūn(a).

Na fa asɛmpa ma wɔn a wogye di na wɔyɛ nnwuma pa no, sɛ (wɔama) turo a nsubɔnten sen fa mu ama wɔn. Bere biara a wɔde nnuaba a efi Ɔsoro bɛma wɔn sɛ aduan no, wɔka sɛ, "Eyi ne nea wɔde maa yɛn kan no." Wɔama wɔn (nnuaba) a ɛte saa ara. Na ɛhɔ na (wonya) ahokafoɔ a wɔn ho tew. Wɔkɔ so tra mu.


119
Q.S Al-Baqarah na ɔkyerɛwee (2:119)

اِنَّآ اَرْسَلْنٰكَ بِالْحَقِّ بَشِيْرًا وَّنَذِيْرًاۙ وَّلَا تُسْـَٔلُ عَنْ اَصْحٰبِ الْجَحِيْمِ

innā arsalnāka bil-ḥaqqi basyīraw wa nażīrā(n), wa lā tus'alu ‘an aṣḥābil-jaḥīm(i).

Ampa ara se, Yeasoma wo (Muhammad) a wode nokore no ka ho, se asem pa soafoa ne obobofoo. Na wɔremmisa wo (abu akontaa) wɔ hell-tefo ho.


213
Q.S Al-Baqarah na ɔkyerɛwee (2:213)

كَانَ النَّاسُ اُمَّةً وَّاحِدَةً ۗ فَبَعَثَ اللّٰهُ النَّبِيّٖنَ مُبَشِّرِيْنَ وَمُنْذِرِيْنَ ۖ وَاَنْزَلَ مَعَهُمُ الْكِتٰبَ بِالْحَقِّ لِيَحْكُمَ بَيْنَ النَّاسِ فِيْمَا اخْتَلَفُوْا فِيْهِ ۗ وَمَا اخْتَلَفَ فِيْهِ اِلَّا الَّذِيْنَ اُوْتُوْهُ مِنْۢ بَعْدِ مَا جَاۤءَتْهُمُ الْبَيِّنٰتُ بَغْيًا ۢ بَيْنَهُمْ ۚ فَهَدَى اللّٰهُ الَّذِيْنَ اٰمَنُوْا لِمَا اخْتَلَفُوْا فِيْهِ مِنَ الْحَقِّ بِاِذْنِهٖ ۗ وَاللّٰهُ يَهْدِيْ مَنْ يَّشَاۤءُ اِلٰى صِرَاطٍ مُّسْتَقِيْمٍ

kānan-nāsu ummataw wāḥidah(tan), fa ba‘aṡallāhun-nabiyyīna mubasysyirīna wa munżirīn(a), wa anzala ma‘ahumul-kitāba bil-ḥaqqi liyaḥkuma bainan-nāsi fīmakhtalafū fīh(i), wa makhtalafa fīhi illal-lażīna ūtūhu mim ba‘di mā jā'athumul-bayyinātu bagyam bainahum, fahadallāhul-lażīna āmanū limakhtalafū fīhi minal-ḥaqqi bi'iżnih(ī), wallāhu yahdī may yasyā'u ilā ṣirāṭim mustaqīm(in).

Ná nnipa yɛ (kan no) nnipa biako. Afei Allah somaa Akɔmhyɛfoɔ (sɛ wɔnkɔ) de asɛmpa ne kɔkɔbɔ mma. Na 3de Nwoma a nokore no ka ho no ne won somaa, se wonsi nkurofoo ntam afa nsem a wogye akyinnyee ho. Na nkurafoa a wonsonsonoe no ye nkurafoa a woama won (Nwoma no) nkoaa, bere a adansedie a eda adie adu wan ho akyi, enam anibere a ewo won mu no nti. Enti enam Ne pe so na Allah kyekyere nkurafoa a wogye die fa nokore a wogye ho akyinnyee no ho. Allah kyekyere obiara a 3pe kwan ko kwan tenenee no so.


50
Q.S Ali Imran na ɔkyerɛwee (3:50)

وَمُصَدِّقًا لِّمَا بَيْنَ يَدَيَّ مِنَ التَّوْرٰىةِ وَلِاُحِلَّ لَكُمْ بَعْضَ الَّذِيْ حُرِّمَ عَلَيْكُمْ وَجِئْتُكُمْ بِاٰيَةٍ مِّنْ رَّبِّكُمْۗ فَاتَّقُوا اللّٰهَ وَاَطِيْعُوْنِ

wa muṣaddiqal limā baina yadayya minat-taurāti wa li'uḥilla lakum ba‘ḍal-lażī ḥurrima ‘alaikum wa ji'tukum bi'āyatim mir rabbikum, fattaqullāha wa aṭī‘ūn(i).

Na se obi a osi Torah a edii m'anim kan no so dua, na sedee ebeye na mema dee wabra mo no bi ho mmara ama mo. Na meba wo nkyɛn de Nsenkyerennee (anwanwadeɛ) bi a ɛfiri w’Awurade hɔ reba. Enti monsuro Allah na montie me.


164
Q.S Ali Imran na ɔkyerɛwee (3:164)

لَقَدْ مَنَّ اللّٰهُ عَلَى الْمُؤْمِنِيْنَ اِذْ بَعَثَ فِيْهِمْ رَسُوْلًا مِّنْ اَنْفُسِهِمْ يَتْلُوْا عَلَيْهِمْ اٰيٰتِهٖ وَيُزَكِّيْهِمْ وَيُعَلِّمُهُمُ الْكِتٰبَ وَالْحِكْمَةَۚ وَاِنْ كَانُوْا مِنْ قَبْلُ لَفِيْ ضَلٰلٍ مُّبِيْنٍ

laqad mannallāhu ‘alal-mu'minīna iż ba‘aṡa fīhim rasūlam min anfusihim yatlū ‘alaihim āyātihī wa yuzakkīhim wa yu‘allimuhumul-kitāba wal-ḥikmah(ta), wa in kānū min qablu lafī ḍalālim mubīn(in).

Ampa ara se Allah de adom ama agyidifoa no bere a (Allah) somaa Somafoa (Muhammad) bi baa won mu firii won mu, a okenkan Ne nkyekyem kyere won, tew won (akra) ho, na okyerekyere won Nwoma (Kur’aan) ne Nyansa (Sunnah) no, ewom se kan no, na wodi mfomsoo a eda adi pefee mu.


194
Q.S Ali Imran na ɔkyerɛwee (3:194)

رَبَّنَا وَاٰتِنَا مَا وَعَدْتَّنَا عَلٰى رُسُلِكَ وَلَا تُخْزِنَا يَوْمَ الْقِيٰمَةِ ۗ اِنَّكَ لَا تُخْلِفُ الْمِيْعَادَ

rabbanā wa ātinā mā wa‘attanā ‘alā rusulika wa lā tukhzinā yaumal-qiyāmah(ti), innaka lā tukhliful-mī‘ād(a).

O y'Awurade, ma yen dee Wonam W'asomafoo so de ahye yen bo. Na mma nnhwe yen ase Owusore Da no. Nokwarem no, Wonsɛe bɔhyɛ bi da."


165
Q.S An-Nisa na ɔkyerɛwee (4:165)

رُسُلًا مُّبَشِّرِيْنَ وَمُنْذِرِيْنَ لِئَلَّا يَكُوْنَ لِلنَّاسِ عَلَى اللّٰهِ حُجَّةٌ ۢ بَعْدَ الرُّسُلِ ۗوَكَانَ اللّٰهُ عَزِيْزًا حَكِيْمًا

rusulam mubasysyirīna wa munżirīna li'allā yakūna lin-nāsi ‘alallāhi ḥujjatum ba‘dar-rusul(i), wa kānallāhu ‘azīzan ḥakīmā(n).

Na asomafoɔ no yɛ asɛmpa kurafoɔ ne kɔkɔbɔfoɔ, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a biribiara nni hɔ a ɛbɛma nnipa ne Allah agye akyinnyeɛ wɔ asomafoɔ no akyi. Allah ye tumi nyinaa, onyansafo nyinaa.


19
Q.S Al-Ma’idah na ɔkyerɛwee (5:19)

يٰٓاَهْلَ الْكِتٰبِ قَدْ جَاۤءَكُمْ رَسُوْلُنَا يُبَيِّنُ لَكُمْ عَلٰى فَتْرَةٍ مِّنَ الرُّسُلِ اَنْ تَقُوْلُوْا مَا جَاۤءَنَا مِنْۢ بَشِيْرٍ وَّلَا نَذِيْرٍۗ فَقَدْ جَاۤءَكُمْ بَشِيْرٌ وَّنَذِيْرٌ ۗوَاللّٰهُ عَلٰى كُلِّ شَيْءٍ قَدِيْرٌ ࣖ

yā ahlal-kitābi qad jā'akum rasūlunā yubayyinu lakum ‘alā fatratim minar-rusuli an taqūlū mā jā'anā mim basyīriw wa lā nażīr(in), faqad jā'akum basyīruw wa nażīr(un), wallāhu ‘alā kulli syai'in qadīr(un).

O Nwoma no Nkurofoɔ! Ampa ara se, Yen Somafoa aba mo nkyen, na wakyerekyere (Yen mmara) mu akyere mo bere a wotwaa asomafoo no (asomafoo) no mu, sedee ebeye na monnka se, "Obiara mma yen nkyen a onye anigyefo anaase obobofoo." Ampa ara, asɛmpa kurafoɔ ne ɔbɔfoɔ aba mo nkyɛn. Na Allah ye ade nyinaa so Tumfoɔ wɔ biribiara so.


67
Q.S Al-Ma’idah na ɔkyerɛwee (5:67)

۞ يٰٓاَيُّهَا الرَّسُوْلُ بَلِّغْ مَآ اُنْزِلَ اِلَيْكَ مِنْ رَّبِّكَ ۗوَاِنْ لَّمْ تَفْعَلْ فَمَا بَلَّغْتَ رِسٰلَتَهٗ ۗوَاللّٰهُ يَعْصِمُكَ مِنَ النَّاسِۗ اِنَّ اللّٰهَ لَا يَهْدِى الْقَوْمَ الْكٰفِرِيْنَ

yā ayyuhar-rasūlu ballig mā unzila ilaika mir rabbik(a), wa illam taf‘al famā ballagta risālatah(ū), wallāhu ya‘ṣimuka minan-nās(i), innallāha lā yahdil-qaumal-kāfirīn(a).

O Ɔsomafo! Fa dee w’Awurade ayi akyere wo no adi. Sɛ woannyɛ (nea wɔhyɛɛ wo sɛ yɛ) a ɛkyerɛ sɛ womfa Ne nkrasɛm no nkɔ. Na Allah bɔ wo ho ban firi onipa (apira) ho. Ampa ara se Allah nnkyere atiafoa no kwan.


19
Q.S Al-An'am na ɔkyerɛwee (6:19)

قُلْ اَيُّ شَيْءٍ اَكْبَرُ شَهَادَةً ۗ قُلِ اللّٰهُ ۗشَهِيْدٌۢ بَيْنِيْ وَبَيْنَكُمْ ۗوَاُوْحِيَ اِلَيَّ هٰذَا الْقُرْاٰنُ لِاُنْذِرَكُمْ بِهٖ وَمَنْۢ بَلَغَ ۗ اَىِٕنَّكُمْ لَتَشْهَدُوْنَ اَنَّ مَعَ اللّٰهِ اٰلِهَةً اُخْرٰىۗ قُلْ لَّآ اَشْهَدُ ۚ قُلْ اِنَّمَا هُوَ اِلٰهٌ وَّاحِدٌ وَّاِنَّنِيْ بَرِيْۤءٌ مِّمَّا تُشْرِكُوْنَ

qul ayyu syai'in akbaru syahādah(tan), qulillāhu syahīdum bainī wa bainakum, wa ūḥiya ilayya hāżal-qur'ānu li'unżirakum bihī wa man balag(a), a'innakum latasyhadūna anna ma‘allāhi ālihatan ukhrā, qul lā asyhad(u), qul innamā huwa ilāhuw wāḥiduw wa innanī barī'um mimmā tusyrikūn(a).

Ka (Muhammad) sɛ, "Hena na adanseɛ yɛ den sene no?" Ka se, "Allah, 3ye danseni wo me ne wo ntam. Woyii saa Kur'aan yi adi kyeree me sedee ebeye na mema wo ne nkurafoa a woba (Kur'aan no ho) no kɔkɔ. So wubetumi adi adansee ampa se anyame foforo bi ka Allah ho?" Ka sɛ, “Mintumi nni adanse.” Ka se, "Ampa ara se, 3no nkoaa ne Otumfoo Nyankopon na mede me ho afiri biribiara a wode bata (ne Allah) ho."


48
Q.S Al-An'am na ɔkyerɛwee (6:48)

وَمَا نُرْسِلُ الْمُرْسَلِيْنَ اِلَّا مُبَشِّرِيْنَ وَمُنْذِرِيْنَۚ فَمَنْ اٰمَنَ وَاَصْلَحَ فَلَا خَوْفٌ عَلَيْهِمْ وَلَا هُمْ يَحْزَنُوْنَ

wa mā nursilul-mursalīna illā mubasysyirīna wa munżirīn(a), faman āmana wa aṣlaḥa falā khaufun ‘alaihim wa lā hum yaḥzanūn(a).

Na Asomafoɔ a Yesomaa wɔn no de asɛmpa ma na wɔma kɔkɔbɔ. Obiara a ogye di na osiesie no, ehu biara nni ho mma wan na wondi awerɛhow.


51
Q.S Al-An'am na ɔkyerɛwee (6:51)

وَاَنْذِرْ بِهِ الَّذِيْنَ يَخَافُوْنَ اَنْ يُّحْشَرُوْٓا اِلٰى رَبِّهِمْ لَيْسَ لَهُمْ مِّنْ دُوْنِهٖ وَلِيٌّ وَّلَا شَفِيْعٌ لَّعَلَّهُمْ يَتَّقُوْنَ

wa anżir bihil-lażīna yakhāfūna ay yuḥsyarū ilā rabbihim laisa lahum min dūnihī waliyyuw wa lā syafī‘ul la‘allahum yattaqūn(a).

Fa no (Kur’aan) bɔ nkurafoa a wosuro sɛ wɔbɛboaboa wɔn ano wɔ wɔn Awurade anim (Owusɔreɛ Da no) kɔkɔ sɛ, ɔbɔfoɔ anaa ntamgyinafoɔ (boa) biara nni hɔ mma wɔn gyese Allah, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔbɛnya nyamesom pa.


90
Q.S Al-An'am na ɔkyerɛwee (6:90)

اُولٰۤىِٕكَ الَّذِيْنَ هَدَى اللّٰهُ فَبِهُدٰىهُمُ اقْتَدِهْۗ قُلْ لَّآ اَسْـَٔلُكُمْ عَلَيْهِ اَجْرًاۗ اِنْ هُوَ اِلَّا ذِكْرٰى لِلْعٰلَمِيْنَ ࣖ

ulā'ikal-lażīna hadallāhu fa bihudāūhumuqtadih, qul lā as'alukum ‘alaihi ajrā(n), in huwa illā żikrā lil-‘ālamīn(a).

Ɛyɛ wɔn (Akɔmhyɛfoɔ no) na Allah akyerɛ wɔn kwan, enti di wan kwankyerɛ akyi. Ka (Muhammad), "Memmisa wo biribiara mfa ntua (Kur'aan) no ho ka." Kur’aan no nnyɛ hwee sɛ kɔkɔbɔ ma (nnipa nyinaa) wɔ wiase nyinaa.


92
Q.S Al-An'am na ɔkyerɛwee (6:92)

وَهٰذَا كِتٰبٌ اَنْزَلْنٰهُ مُبٰرَكٌ مُّصَدِّقُ الَّذِيْ بَيْنَ يَدَيْهِ وَلِتُنْذِرَ اُمَّ الْقُرٰى وَمَنْ حَوْلَهَاۗ وَالَّذِيْنَ يُؤْمِنُوْنَ بِالْاٰخِرَةِ يُؤْمِنُوْنَ بِهٖ وَهُمْ عَلٰى صَلَاتِهِمْ يُحٰفِظُوْنَ

wa hāżā kitābun anzalnāhu mubārakum muṣaddiqul-lażī baina yadaihi wa litunżira ummal-qurā wa man ḥaulahā, wal-lażīna yu'minūna bil-ākhirati yu'minūna bihī wa hum ‘alā ṣalātihim yuḥāfiẓūn(a).

Na wei (Al-Qur’an), nwoma a Yede nhyira kesee asoma no, si nwoma a (wodaa) adi kane no so dua na sedee ebeye na wode kɔkɔbɔ ama (wɔn a wɔte) Ummul Qura (Mecca) ne nnipa a wɔatwa ho ahyia no so dua. Ampa ara se nnipa a wogye owuo akyi asetena di no gye di (Kur’aan), na wodi won mpaebo so daa.


130
Q.S Al-An'am na ɔkyerɛwee (6:130)

يٰمَعْشَرَ الْجِنِّ وَالْاِنْسِ اَلَمْ يَأْتِكُمْ رُسُلٌ مِّنْكُمْ يَقُصُّوْنَ عَلَيْكُمْ اٰيٰتِيْ وَيُنْذِرُوْنَكُمْ لِقَاۤءَ يَوْمِكُمْ هٰذَاۗ قَالُوْا شَهِدْنَا عَلٰٓى اَنْفُسِنَا وَغَرَّتْهُمُ الْحَيٰوةُ الدُّنْيَا وَشَهِدُوْا عَلٰٓى اَنْفُسِهِمْ اَنَّهُمْ كَانُوْا كٰفِرِيْنَ

yā ma‘syaral-jinni wal-insi alam ya'tikum rusulum minkum yaquṣṣūna ‘alaikum āyātī wa yunżirūnakum liqā'a yaumikum hāżā, qālū syahidnā ‘alā anfusinā wa garrathumul-ḥayātud-un-yā wa syahidū ‘alā anfusihim annahum kānū kāfirīn(a).

O jinn ne nnipa kuw! Ana abɔfoɔ mfirii mo mu mmaa mo nkyɛn, wɔde Me nkyekyɛmu no kɔmaa mo na wɔbɔɔ mo kɔkɔ wɔ nhyiamu no ho wɔ saa da yi? Wobuaa se, "(Yiw), yɛyɛ yɛn ho adansefo." Nanso ewiase asetena daadaa won na waye adansefoa atia won ho, se waye atiafoa.


147
Q.S Al-An'am na ɔkyerɛwee (6:147)

فَاِنْ كَذَّبُوْكَ فَقُلْ رَّبُّكُمْ ذُوْ رَحْمَةٍ وَّاسِعَةٍۚ وَلَا يُرَدُّ بَأْسُهٗ عَنِ الْقَوْمِ الْمُجْرِمِيْنَ

fa in każżabūka faqur rabbukum żū raḥmatiw wāsi‘ah(tin), wa lā yuraddu ba'suhū ‘anil-qaumil-mujrimīn(a).

Enti sɛ wodi atoro kyerɛ wo a, ka sɛ, "W'Awurade wɔ mmɔborohunu kɛse, na N'asotwe ma nnebɔneyɛfo no yɛ nea wontumi nkwati."


2
Q.S Al-A'raf na ɔkyerɛwee (7:2)

كِتٰبٌ اُنْزِلَ اِلَيْكَ فَلَا يَكُنْ فِيْ صَدْرِكَ حَرَجٌ مِّنْهُ لِتُنْذِرَ بِهٖ وَذِكْرٰى لِلْمُؤْمِنِيْنَ

kitābun unzila ilaika falā yakun fī ṣadrika ḥarajum minhu litunżira bihī wa żikrā lil-mu'minīn(a).

(Wei ne) Nwoma a woyii no adi kyerɛɛ wo (Muhammad); Enti mma wo ho nnhyem enam nti, sedee ebeye na wode saa (Nwoma) yi de kɔkɔbɔ ama na abɛyɛ asuadeɛ ama wɔn a wɔgye die no.


62
Q.S Al-A'raf na ɔkyerɛwee (7:62)

اُبَلِّغُكُمْ رِسٰلٰتِ رَبِّيْ وَاَنْصَحُ لَكُمْ وَاَعْلَمُ مِنَ اللّٰهِ مَا لَا تَعْلَمُوْنَ

uballigukum risālāti rabbī wa anṣaḥu lakum wa a‘lamu minallāhi mā lā ta‘lamūn(a).

Mede m'Awurade nkrasɛm ma mo, mema mo afotuo, na menim firi Allah hɔ dee monnim."


63
Q.S Al-A'raf na ɔkyerɛwee (7:63)

اَوَعَجِبْتُمْ اَنْ جَاۤءَكُمْ ذِكْرٌ مِّنْ رَّبِّكُمْ عَلٰى رَجُلٍ مِّنْكُمْ لِيُنْذِرَكُمْ وَلِتَتَّقُوْا وَلَعَلَّكُمْ تُرْحَمُوْنَ

awa‘ajibtum an jā'akum żikrum mir rabbikum ‘alā rajulim minkum liyunżirakum wa litattaqū wa la‘allakum turḥamūn(a).

Na ɛyɛ mo nwonwa sɛ kɔkɔbɔ bi firii mo Awurade hɔ nam onipa bi so firii mo mu, sɛ ɔbɛbɔ mo kɔkɔ na ama moabɛyɛ nyamesomfoɔ, ama moanya mmɔborɔhunu?


69
Q.S Al-A'raf na ɔkyerɛwee (7:69)

اَوَعَجِبْتُمْ اَنْ جَاۤءَكُمْ ذِكْرٌ مِّنْ رَّبِّكُمْ عَلٰى رَجُلٍ مِّنْكُمْ لِيُنْذِرَكُمْۗ وَاذْكُرُوْٓا اِذْ جَعَلَكُمْ خُلَفَاۤءَ مِنْۢ بَعْدِ قَوْمِ نُوْحٍ وَّزَادَكُمْ فِى الْخَلْقِ بَصْۣطَةً ۚفَاذْكُرُوْٓا اٰلَاۤءَ اللّٰهِ لَعَلَّكُمْ تُفْلِحُوْنَ

awa‘ajibtum an jā'akum żikrum mir rabbikum ‘alā rajulim minkum liyunżirakum, ważkurū iż ja‘alakum khulafā'a mim ba‘di qaumi nūḥiw wa zādakum fil-khalqi basṭah(tan), fażkurū ālā'allāhi la‘allakum tufliḥūn(a).

Na ɛyɛ mo nwonwa sɛ kɔkɔbɔ bi aba mo nkyɛn afiri mo Awurade hɔ denam onipa bi a ɔfiri mo mu, sɛ ɔbɛbɔ mo kɔkɔ? Kae berɛ a Ɔyɛɛ mo adedifoɔ wɔ Noa nkurɔfoɔ no akyi, na Ɔpɛɛ mo wɔ ahoɔden ne ne kɛseɛ mu. Enti monkae Allah adom no sedee ebeye na moadi nkonim.


73
Q.S Al-A'raf na ɔkyerɛwee (7:73)

وَاِلٰى ثَمُوْدَ اَخَاهُمْ صٰلِحًاۘ قَالَ يٰقَوْمِ اعْبُدُوا اللّٰهَ مَا لَكُمْ مِّنْ اِلٰهٍ غَيْرُهٗۗ قَدْ جَاۤءَتْكُمْ بَيِّنَةٌ مِّنْ رَّبِّكُمْۗ هٰذِهٖ نَاقَةُ اللّٰهِ لَكُمْ اٰيَةً فَذَرُوْهَا تَأْكُلْ فِيْٓ اَرْضِ اللّٰهِ وَلَا تَمَسُّوْهَا بِسُوْۤءٍ فَيَأْخُذَكُمْ عَذَابٌ اَلِيْمٌ

wa ilā ṡamūda akhāhum ṣāliḥā(n), qāla yā qaumi‘budullāha mā lakum min ilāhin gairuh(ū), qad jā'atkum bayyinatum mir rabbikum, hāżihī nāqatullāhi lakum āyatan fa żarūhā ta'kul fī arḍillāhi wa lā tamassūhā bisū'in fa ya'khużakum ‘ażābun alīm(un).

Na Samud nkurofoo no (Yesomaa) won nua Saleh. 3kaa se, "O me nkurofoo! Monsom Allah! Onyame (som) biara nni ho mma mo gyese 3no. Ampa ara se, adansee a eda adi pefee aba mo nkyen firi mo Awurade ho. Saa (a) yoma-berewa a efiri Allah ho yi ye nsenkyerennee ma mo. Ma enni Allah asaase so, mma no mpira, anyɛ saa nti mobɛhunu ayayadeɛ a ɛyɛ yaw."


79
Q.S Al-A'raf na ɔkyerɛwee (7:79)

فَتَوَلّٰى عَنْهُمْ وَقَالَ يٰقَوْمِ لَقَدْ اَبْلَغْتُكُمْ رِسَالَةَ رَبِّيْ وَنَصَحْتُ لَكُمْ وَلٰكِنْ لَّا تُحِبُّوْنَ النّٰصِحِيْنَ

fa tawallā ‘anhum wa qāla yā qaumi laqad ablagtukum risālata rabbī wa naṣaḥtu lakum wa lākil lā tuḥibbūnan-nāṣiḥīn(a).

Afei ɔgyaa wɔn hɔ kaa sɛ, "O me nkurɔfoɔ! Ampa ara, mede m'Awurade nkrasɛm akɔma mo na matu mo fo. Nanso mompɛ nnipa a wɔma afotuo."


86
Q.S Al-A'raf na ɔkyerɛwee (7:86)

وَلَا تَقْعُدُوْا بِكُلِّ صِرَاطٍ تُوْعِدُوْنَ وَتَصُدُّوْنَ عَنْ سَبِيْلِ اللّٰهِ مَنْ اٰمَنَ بِهٖ وَتَبْغُوْنَهَا عِوَجًاۚ وَاذْكُرُوْٓا اِذْ كُنْتُمْ قَلِيْلًا فَكَثَّرَكُمْۖ وَانْظُرُوْا كَيْفَ كَانَ عَاقِبَةُ الْمُفْسِدِيْنَ

wa lā taq‘udū bikulli ṣirāṭin tū‘idūna wa taṣuddūna ‘an sabīlillāhi man āmana bihī wa tabgūnahā ‘iwajā(n), ważkurū iż kuntum qalīlan fa kaṡṡarakum, wanẓurū kaifa kāna ‘āqibatul-mufsidīn(a).

Na mma ntena kwan biara so denam ehu ne agyidifoa a mobesiw kwan afiri Allah kwan no so na mope se modane no. Kae bere a na moyɛ kakraa bi no, afei Allah maa mo dodow no yɛɛ kɛse. Na hwɛ nea ɛto wɔn a wɔsɛe ade no yiye.


93
Q.S Al-A'raf na ɔkyerɛwee (7:93)

فَتَوَلّٰى عَنْهُمْ وَقَالَ يٰقَوْمِ لَقَدْ اَبْلَغْتُكُمْ رِسٰلٰتِ رَبِّيْ وَنَصَحْتُ لَكُمْۚ فَكَيْفَ اٰسٰى عَلٰى قَوْمٍ كٰفِرِيْنَ ࣖ

fa tawallā ‘anhum wa qāla yā qaumi laqad ablagtukum risālāti rabbī wa naṣaḥtu lakum, fa kaifa āsā ‘alā qaumin kāfirīn(a).

Enti Shuaib gyaw wɔn hɔ kaa sɛ, "O me nkurɔfo! Ampa ara, mede m'Awurade nkrasɛm akɔma mo na matu mo fo. Enti ɛbɛyɛ dɛn na mɛdi awerɛhoɔ ama atiafoɔ no?"


184
Q.S Al-A'raf na ɔkyerɛwee (7:184)

اَوَلَمْ يَتَفَكَّرُوْا مَا بِصَاحِبِهِمْ مِّنْ جِنَّةٍۗ اِنْ هُوَ اِلَّا نَذِيْرٌ مُّبِيْنٌ

awalam yatafakkarū mā biṣāḥibihim min jinnah(tin), in huwa illā nażīrum mubīn(un).

Na so wonnsusu se won adamfo (Muhammad) no nnye dam. Ɔno (Muhammad) yɛ kɔkɔbɔfoɔ a ɛda adi pefee nko ara.


188
Q.S Al-A'raf na ɔkyerɛwee (7:188)

قُلْ لَّآ اَمْلِكُ لِنَفْسِيْ نَفْعًا وَّلَا ضَرًّا اِلَّا مَا شَاۤءَ اللّٰهُ ۗوَلَوْ كُنْتُ اَعْلَمُ الْغَيْبَ لَاسْتَكْثَرْتُ مِنَ الْخَيْرِۛ وَمَا مَسَّنِيَ السُّوْۤءُ ۛاِنْ اَنَا۠ اِلَّا نَذِيْرٌ وَّبَشِيْرٌ لِّقَوْمٍ يُّؤْمِنُوْنَ ࣖ

qul lā amliku linafsī naf‘aw wa lā ḍarran illā mā syā'allāh(u), wa lau kuntu a‘lamul gaiba-lastakṡartu minal-khair(i) - wa mā massaniyas-sū'(u) - in ana illā nażīruw wa basyīrul liqaumiy yu'minūn(a).

Ka (Muhammad), "Menni tumi biara sɛ mede mfasoɔ bɛba me ho anaasɛ mɛsiw ɔhaw ano gyese deɛ Allah pɛ. Sɛ menim deɛ ɛnhunu a, anka mɛyɛ papa sɛdeɛ mɛtumi biara na bɔne biara rento me. Meyɛ kɔkɔbɔfoɔ nko ara, ne asɛmpa soafoɔ ma wɔn a wɔgye die no."


2
Q.S Yona (10:2)

اَكَانَ لِلنَّاسِ عَجَبًا اَنْ اَوْحَيْنَآ اِلٰى رَجُلٍ مِّنْهُمْ اَنْ اَنْذِرِ النَّاسَ وَبَشِّرِ الَّذِيْنَ اٰمَنُوْٓا اَنَّ لَهُمْ قَدَمَ صِدْقٍ عِنْدَ رَبِّهِمْ ۗ قَالَ الْكٰفِرُوْنَ اِنَّ هٰذَا لَسٰحِرٌ مُّبِيْنٌ

akāna lin-nāsi ‘ajaban an auḥainā ilā rajulim minhum an anżirin-nāsa wa basysyiril-lażīna āmanū anna lahum qadama ṣidqin ‘inda rabbihim, qālal-kāfirūna inna hāżā lasāḥirum mubīn(un).

Ɛnyɛ nwonwa sɛ ɛsɛ sɛ ɛyɛ nkurɔfo nwonwa sɛ Yɛde adiyisɛm bi maa ɔbarima bi a ɔwɔ wɔn mu sɛ, "Momma nkurɔfo kɔkɔ na momma agyidifo no ani nnye sɛ wɔwɔ dibea a ɛkorɔn wɔ Onyankopɔn anim." Atiafoɔ no kaa sɛ, "Saa ɔbarima yi (Muhammad) yɛ nkonyaayifoɔ ampa."


87
Q.S Yona (10:87)

وَاَوْحَيْنَآ اِلٰى مُوْسٰى وَاَخِيْهِ اَنْ تَبَوَّاٰ لِقَوْمِكُمَا بِمِصْرَ بُيُوْتًا وَّاجْعَلُوْا بُيُوْتَكُمْ قِبْلَةً وَّاَقِيْمُوا الصَّلٰوةَۗ وَبَشِّرِ الْمُؤْمِنِيْنَ

wa auḥainā ilā mūsā wa akhīhi an tabawwa'ā liqaumikumā bimiṣra buyūtaw waj‘alū buyūtakum qiblataw wa aqīmuṣ-ṣalāh(ta), wa basysyiril-mu'minīn(a).

Na Yeyii no adi kyerɛɛ Mose ne ne nua sɛ, "Monnye afie bebree wɔ Misraim sɛ (trabea) mma mo nkurɔfoɔ na monyɛ mo afie som mmeaeɛ na mommɔ mpaeɛ na momma agyidifoɔ no ani nnye."


2
Q.S Mpɔtam (11:2)

اَلَّا تَعْبُدُوْٓا اِلَّا اللّٰهَ ۗاِنَّنِيْ لَكُمْ مِّنْهُ نَذِيْرٌ وَّبَشِيْرٌۙ

allā ta‘budū illallāh(a), innanī lakum minhu nażīruw wa basyīr(un).

enti monnsom obiara gyese Allah. Ampa ara se, me (Muhammad) meye obobofoo na mede nsem-pa a efiri Ne ho ba mo.


12
Q.S Mpɔtam (11:12)

فَلَعَلَّكَ تَارِكٌۢ بَعْضَ مَا يُوْحٰىٓ اِلَيْكَ وَضَاۤىِٕقٌۢ بِهٖ صَدْرُكَ اَنْ يَّقُوْلُوْا لَوْلَآ اُنْزِلَ عَلَيْهِ كَنْزٌ اَوْ جَاۤءَ مَعَهٗ مَلَكٌ ۗ اِنَّمَآ اَنْتَ نَذِيْرٌ ۗ وَاللّٰهُ عَلٰى كُلِّ شَيْءٍ وَّكِيْلٌ ۗ

fa la‘allaka tārikum ba‘ḍa mā yūḥā ilaika wa ḍā'ikum bihī ṣadruka ay yaqūlū lau lā unzila ‘alaihi kanzun au jā'a ma‘ahū malak(un), innamā anta nażīr(un), wallāhu ‘alā kulli syai'in wakīl(un).

Enti ebetumi aba sɛ wo (Muhammad) pɛ sɛ wogyae nea wɔayi no adi akyerɛ wo no bi na wo moma so ayɛ hihiaa esiane ɛno nti, efisɛ wɔbɛka sɛ, “Adɛn nti na wɔamfa ademude (ahonyade) ankɔ fam ankɔ ne nkyɛn anaasɛ ɔbɔfo bi ne no amma?” Ampa ara se, woye obobofoo nkoaa na Allah ne adee nyinaa sobofoa.


25
Q.S Mpɔtam (11:25)

وَلَقَدْ اَرْسَلْنَا نُوْحًا اِلٰى قَوْمِهٖٓ اِنِّيْ لَكُمْ نَذِيْرٌ مُّبِيْنٌ ۙ

wa laqad arsalnā nūḥan ilā qaumihī innī lakum nażīrum mubīn(un).

Na ampa ara, Yɛsomaa Noa kɔɔ ne nkurɔfoɔ nkyɛn, (ɔkaa sɛ), “Nokorɛ, meyɛ kɔkɔbɔ a ɛda adi pefee ma mo, .


26
Q.S Mpɔtam (11:26)

اَنْ لَّا تَعْبُدُوْٓا اِلَّا اللّٰهَ ۖاِنِّيْٓ اَخَافُ عَلَيْكُمْ عَذَابَ يَوْمٍ اَلِيْمٍ

allā ta‘budū illallāh(a), innī akhāfu ‘alaikum ‘ażāba yaumin alīm(in).

enti monnsom obiara gyese Allah. Ɛhaw me ankasa sɛ asotwe bɛbɔ wo (wɔ) da a ɛyɛ yaw paa.”


110
Q.S Yosef (12:110)

حَتّٰٓى اِذَا اسْتَيْـَٔسَ الرُّسُلُ وَظَنُّوْٓا اَنَّهُمْ قَدْ كُذِبُوْا جَاۤءَهُمْ نَصْرُنَاۙ فَنُجِّيَ مَنْ نَّشَاۤءُ ۗوَلَا يُرَدُّ بَأْسُنَا عَنِ الْقَوْمِ الْمُجْرِمِيْنَ

Ḥattā iżastai'asar-rusulu wa ẓannū annahum qad kużibū jā'ahum naṣrunā, fa nujjiya man nasyā'(u), wa lā yuraddu ba'sunā ‘anil-qaumil-mujrimīn(a).

Enti se asomafoo no nni anidaso bio (fa won nkurofoo gyidie ho) na wogye di se woadi atoro akyere won a, ennee won (asomafoo no) ba Yen mmoa mu a, ennee obiara a Yepe no begye won nkwa. Na Yen asotwe no ntumi nnye ntom mfiri nneboneyofoo ho


7
Q.S Ar-Ra'd na ɔkyerɛwee (13:7)

وَيَقُوْلُ الَّذِيْنَ كَفَرُوْا لَوْلَآ اُنْزِلَ عَلَيْهِ اٰيَةٌ مِّنْ رَّبِّهٖۗ اِنَّمَآ اَنْتَ مُنْذِرٌ وَّلِكُلِّ قَوْمٍ هَادٍ ࣖ

wa yaqūlul-lażīna kafarū lau lā unzila ‘alaihi āyatum mir rabbih(ī), innamā anta munżiruw wa likulli qaumin hād(in).

Na atiafoa no kaa se, "Aden nti na wonnsomaa nsenkyerennee (anwonwade) bi amfiri n'Awurade no so ankyene no (Muhammad)?' Ampa ara, woyɛ kɔkɔbɔfo ara kwa; na nnipa biara deɛ, obi wɔ hɔ a ɔma akwankyerɛ.


30
Q.S Ar-Ra'd na ɔkyerɛwee (13:30)

كَذٰلِكَ اَرْسَلْنٰكَ فِيْٓ اُمَّةٍ قَدْ خَلَتْ مِنْ قَبْلِهَآ اُمَمٌ لِّتَتْلُوَا۟ عَلَيْهِمُ الَّذِيْٓ اَوْحَيْنَآ اِلَيْكَ وَهُمْ يَكْفُرُوْنَ بِالرَّحْمٰنِۗ قُلْ هُوَ رَبِّيْ لَآ اِلٰهَ اِلَّا هُوَۚ عَلَيْهِ تَوَكَّلْتُ وَاِلَيْهِ مَتَابِ

każālika arsalnāka fī ummatin qad khalat min qablihā umamul litatluwa ‘alaihimul-lażī auḥainā ilaika wa hum yakfurūna bir-raḥmān(i), qul huwa rabbī lā ilāha illā huw(a), ‘alaihi tawakkaltu wa ilaihi matāb(i).

Enti, Yeasoma wo (Muhammad) akɔ nkurafoa bi a nnipa dodoɔ bi atwa wɔn mu afiri wɔn nkyɛn, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wobɛkenkan akyerɛ wɔn (Kur’aan) a Yeayi akyerɛ mo no, ɛwom mpo sɛ wɔnnye Onyankopɔn a ɔyɛ Mmaborahunufoɔ no nni. Ka se, "Ono ne m'Awurade, onyame biara nni ho gyese No; Ne nko ara mu na mede me ho to no so na Ne nko ara na mesakyera."


44
Q.S Ibrahim (14:44)

وَاَنْذِرِ النَّاسَ يَوْمَ يَأْتِيْهِمُ الْعَذَابُۙ فَيَقُوْلُ الَّذِيْنَ ظَلَمُوْا رَبَّنَآ اَخِّرْنَآ اِلٰٓى اَجَلٍ قَرِيْبٍۙ نُّجِبْ دَعْوَتَكَ وَنَتَّبِعِ الرُّسُلَۗ اَوَلَمْ تَكُوْنُوْٓا اَقْسَمْتُمْ مِّنْ قَبْلُ مَا لَكُمْ مِّنْ زَوَالٍۙ

wa anżirin-nāsa yauma ya'tīhimul-‘ażāb(u), fa yaqūlul-lażīna ẓalamū rabbanā akhkhirnā ilā ajalin qarīb(in), nujib da‘wataka wa nattabi‘ir-rusul(a), awalam takūnū aqsamtum min qablu mā lakum min zawāl(in).

Na ma kɔkɔbɔ (Muhammad) ma nkurɔfoɔ da no (bere a) asotwe no bɛba wɔn so no, afei nnebɔneyɛfoɔ no bɛka sɛ, "Yɛn Awurade, ma yɛn hokwan (sɛ yɛbɛsan akɔ wiase) kakra mpo, yɛbɛtie Wo frɛ na yɛbɛdi asomafoɔ no akyi.' (Wɔka kyerɛɛ wɔn sɛ), "So moanka ntam kane (asase so) sɛ morensɛe da?


52
Q.S Ibrahim (14:52)

هٰذَا بَلٰغٌ لِّلنَّاسِ وَلِيُنْذَرُوْا بِهٖ وَلِيَعْلَمُوْٓا اَنَّمَا هُوَ اِلٰهٌ وَّاحِدٌ وَّلِيَذَّكَّرَ اُولُوا الْاَلْبَابِ ࣖ

hāżā balāgul lin-nāsi wa liyunżarū bihī wa liya‘lamū annamā huwa ilāhuw wāḥiduw wa liyażżakkara ulul-albāb(i).

Na wei (Al-Qur’an) ye nkyerekyeree (a edi mu) ma nnipa, sedee ebeye na wode bebo won kɔkɔ, sedee ebeye na wobehunu se 3no ne Otumfoo Nyankopon na ama nnipa a wowo nteasee asua asuadee.


49
Q.S Al-Hijr na ɔkyerɛwee (15:49)

۞ نَبِّئْ عِبَادِيْٓ اَنِّيْٓ اَنَا الْغَفُوْرُ الرَّحِيْمُۙ

nabbi' ‘ibādī annī anal-gafūrur-raḥīm(u).

Ka kyerɛ M’asomfo sɛ Mene Bɔnefakyefo, Mmɔborɔhunufo, .


50
Q.S Al-Hijr na ɔkyerɛwee (15:50)

وَاَنَّ عَذَابِيْ هُوَ الْعَذَابُ الْاَلِيْمُ

wa anna ‘ażābī huwal-‘ażābul-alīm(u).

na ampa ara se M'asotwe ye asotwe a eye yaw paa.


89
Q.S Al-Hijr na ɔkyerɛwee (15:89)

وَقُلْ اِنِّيْٓ اَنَا النَّذِيْرُ الْمُبِيْنُۚ

wa qul innī anan-nażīrul-mubīn(u).

Na ka (Muhammad) sɛ, "Ampa ara meyɛ kɔkɔbɔfoɔ a ɛda adi pefee."


2
Q.S An-Nahl na ɔkyerɛwee (16:2)

يُنَزِّلُ الْمَلٰۤىِٕكَةَ بِالرُّوْحِ مِنْ اَمْرِهٖ عَلٰى مَنْ يَّشَاۤءُ مِنْ عِبَادِهٖٓ اَنْ اَنْذِرُوْٓا اَنَّهٗ لَآ اِلٰهَ اِلَّآ اَنَا۠ فَاتَّقُوْنِ

yunazzilul-malā'ikata bir-rūḥi min amrihī ‘alā may yasyā'u min ‘ibādihī an anżirū annahū lā ilāha illā ana fattaqūn(i).

Ɔnam N'ahyɛdeɛ so de adiyisɛm soma abɔfoɔ no sian kɔ obiara a Ɔpɛ wɔ N'asomfo mu, (ɔka sɛ), "Mommɔ (M'asomfo) kɔkɔ sɛ onyame biara nni hɔ gye Me, enti monhwɛ Me so."


63
Q.S An-Nahl na ɔkyerɛwee (16:63)

تَاللّٰهِ لَقَدْ اَرْسَلْنَآ اِلٰٓى اُمَمٍ مِّنْ قَبْلِكَ فَزَيَّنَ لَهُمُ الشَّيْطٰنُ اَعْمَالَهُمْ فَهُوَ وَلِيُّهُمُ الْيَوْمَ وَلَهُمْ عَذَابٌ اَلِيْمٌ

tallāhi laqad arsalnā ilā umamim min qablika fa zayyana lahumusy-syaiṭānu a‘mālahum fa huwa waliyyuhumul-yauma wa lahum ‘ażābun alīm(un).

Allah ka ho, ampa ara Yeasoma (asomafoo) aba nkurofoo a wodii w'anim (Muhammad) no nkyɛn, nanso Satan maa won nnwuma (bone) no yɛɛ fɛ maa wɔn, enti ɔno (Satan) bɛyɛɛ wɔn kannifoɔ nnɛ na wɔbɛhunu asotweɛ a ɛyɛ yaw paa.


89
Q.S An-Nahl na ɔkyerɛwee (16:89)

وَيَوْمَ نَبْعَثُ فِيْ كُلِّ اُمَّةٍ شَهِيْدًا عَلَيْهِمْ مِّنْ اَنْفُسِهِمْ وَجِئْنَا بِكَ شَهِيْدًا عَلٰى هٰٓؤُلَاۤءِۗ وَنَزَّلْنَا عَلَيْكَ الْكِتٰبَ تِبْيَانًا لِّكُلِّ شَيْءٍ وَّهُدًى وَّرَحْمَةً وَّبُشْرٰى لِلْمُسْلِمِيْنَ ࣖ

wa yauma nab‘aṡu fī kulli ummatin syahīdan ‘alaihim min anfusihim wa ji'nā bika syahīdan ‘alā hā'ulā'(i), wa nazzalnā ‘alaikal-kitāba tibyānal likulli syai'iw wa hudaw wa raḥmataw wa busyrā lil-muslimīn(a).

Na (kae) eda no (bere a) Yemaa odanseni bi soo wonom so firii won mu, na Yede wo (Muhammad) brɛɛ sɛ wobɛyɛ ɔdansefoɔ wɔ wɔn so. Na Yeasoma Nwoma (Al-Qur’an) ama mo se momkyerekyere biribiara mu, se kwankyere, ne mmɔborɔhunu ne asɛmpa nso mma wɔn a wɔbrɛ wɔn ho ase (Nkramofoɔ).


15
Q.S Al-Isra na ɔkyerɛwee (17:15)

مَنِ اهْتَدٰى فَاِنَّمَا يَهْتَدِيْ لِنَفْسِهٖۚ وَمَنْ ضَلَّ فَاِنَّمَا يَضِلُّ عَلَيْهَاۗ وَلَا تَزِرُ وَازِرَةٌ وِّزْرَ اُخْرٰىۗ وَمَا كُنَّا مُعَذِّبِيْنَ حَتّٰى نَبْعَثَ رَسُوْلًا

manihtadā fa innamā yahtadī linafsih(ī), wa man ḍalla fa innamā yaḍillu ‘alaihā, wa lā taziru wāziratuw wizra ukhrā, wa mā kunnā mu‘ażżibīna ḥattā nab‘aṡa rasūlā(n).

Obiara a ɔbɛyɛ ade sɛnea (Allah) akwankyerɛ te no, ɛnde ampa ara ɛyɛ n’ankasa (ahobammɔ) nti; na obiara a obeyera no, (adehwere) ankasa no ye ne ho. Na ɔdebɔneyɛfoɔ ntumi nsoa ɔfoforo bɔne, nanso Yerentwe n’aso kɔsi sɛ Yebesoma ɔbɔfoɔ.


105
Q.S Al-Isra na ɔkyerɛwee (17:105)

وَبِالْحَقِّ اَنْزَلْنٰهُ وَبِالْحَقِّ نَزَلَۗ وَمَآ اَرْسَلْنٰكَ اِلَّا مُبَشِّرًا وَّنَذِيْرًاۘ

wa bil-ḥaqqi anzalnāhu wa bil-ḥaqqi nazal(a), wa mā arsalnāka illā mubasysyiraw wa nażīrā(n).

Na Yesomaa (Kur'aan no) nokore mu na (Kur'aan no) esian bae ne (de) nokore no. Na Yesomaa wo (Muhammad), se asem pa soafo ne obobofoo nkoaa.


2
Q.S Al-Kahf na ɔkyerɛwee (18:2)

قَيِّمًا لِّيُنْذِرَ بَأْسًا شَدِيْدًا مِّنْ لَّدُنْهُ وَيُبَشِّرَ الْمُؤْمِنِيْنَ الَّذِيْنَ يَعْمَلُوْنَ الصّٰلِحٰتِ اَنَّ لَهُمْ اَجْرًا حَسَنًاۙ

qayyimal liyunżira ba'san syadīdam mil ladunhu wa yubasysyiral-mu'minīnal-lażīna ya‘malūnaṣ-ṣāliḥāti anna lahum ajran ḥasanā(n).

sɛ akwankyerɛ a ɛtene, de bɔ kɔkɔ wɔ asotwe a ɛyɛ yaw a efi Ne hɔ ho, na wɔde asɛmpa bɛma agyidifo a wɔyɛ nnwuma pa no sɛ wobenya akatua pa, .


4
Q.S Al-Kahf na ɔkyerɛwee (18:4)

وَّيُنْذِرَ الَّذِيْنَ قَالُوا اتَّخَذَ اللّٰهُ وَلَدًاۖ

wa yunżiral-lażīna qāluttakhażallāhu waladā(n).

Na sɛ wɔbɛbɔ wɔn a wɔka sɛ, "Allah agye ɔbabarima" kɔkɔ.


56
Q.S Al-Kahf na ɔkyerɛwee (18:56)

وَمَا نُرْسِلُ الْمُرْسَلِيْنَ اِلَّا مُبَشِّرِيْنَ وَمُنْذِرِيْنَۚ وَيُجَادِلُ الَّذِيْنَ كَفَرُوْا بِالْبَاطِلِ لِيُدْحِضُوْا بِهِ الْحَقَّ وَاتَّخَذُوْٓا اٰيٰتِيْ وَمَآ اُنْذِرُوْا هُزُوًا

wa mā nursilul-mursalīna illā mubasysyirīna wa munżirīn(a), wa yujādilul-lażīna kafarū bil-bāṭili liyudḥiḍū bihil-ḥaqqa wattakhażū āyātī wa mā unżirū huzuwā(n).

Na Yeannsoma asomafoa gyese se asem pa soafoo ne akobo-mafoo; nanso nkurafoa a wannye nni no gye akyinnyee wo atoro (kwan) so sedee ebeye na wobetumi asɛe nokore (nokware) no, na wodi Me nkyekyem ne dee wobo won ho ko tia won ho asere.


97
Q.S Maryam (19:97)

فَاِنَّمَا يَسَّرْنٰهُ بِلِسَانِكَ لِتُبَشِّرَ بِهِ الْمُتَّقِيْنَ وَتُنْذِرَ بِهٖ قَوْمًا لُّدًّا

fa innamā yassarnāhu bilisānika litubasysyira bihil-muttaqīna wa tunżira bihī qaumal luddā(n).

Enti ampa ara, Yeama no (Kur’aan) ayɛ mmerɛw wɔ wo kasa (Muhammad) mu, sɛnea ɛbɛyɛ a wode no bɛtumi de asɛmpa ama nkurafoa a wɔyɛ nyamesomfoɔ, na sɛnea ɛbɛyɛ a wobɛtumi de kɔkɔbɔ ama nnipa asoɔmmerɛfoɔ no.