فَوَجَدَا عَبْدًا مِّنْ عِبَادِنَآ اٰتَيْنٰهُ رَحْمَةً مِّنْ عِنْدِنَا وَعَلَّمْنٰهُ مِنْ لَّدُنَّا عِلْمًا
fa wajadā ‘abdam min ‘ibādinā ātaināhu raḥmatam min ‘indinā wa ‘allamnāhu mil ladunnā ‘ilmā(n).
Afei won baanu nyinaa hyiaa akoa bi wo Yen nkoa no mu, a Yede mmoborohunu firi Yen afã, na Yekyerekyere no nimdee afiri Yen afa.
قَالَ لَهٗ مُوْسٰى هَلْ اَتَّبِعُكَ عَلٰٓى اَنْ تُعَلِّمَنِ مِمَّا عُلِّمْتَ رُشْدًا
qāla lahū mūsā hal attabi‘uka ‘alā an tu‘allimani mimmā ‘ullimta rusydā(n).
Musa ka kyerɛɛ no sɛ, "Metumi adi w'akyi ama woakyerɛkyerɛ me (nokware nimdeɛ) a woakyerɛkyerɛ (sɛ ɛbɛyɛ) akwankyerɛ?"
قَالَ اِنَّكَ لَنْ تَسْتَطِيْعَ مَعِيَ صَبْرًا
qāla innaka lan tastaṭī‘a ma‘iya ṣabrā(n).
Ɔbuaa sɛ, “Ampa ara, worentumi nnya me ho abotare.
وَكَيْفَ تَصْبِرُ عَلٰى مَا لَمْ تُحِطْ بِهٖ خُبْرًا
wa kaifa taṣbiru ‘alā mā lam tuḥiṭ bihī khubrā(n).
Na wobɛyɛ dɛn atumi anya biribi ho abotare, bere a wunni ho nimdeɛ a ɛdɔɔso?”
قَالَ سَتَجِدُنِيْٓ اِنْ شَاۤءَ اللّٰهُ صَابِرًا وَّلَآ اَعْصِيْ لَكَ اَمْرًا
qāla satajidunī in syā'allāhu ṣābiraw wa lā a‘ṣī laka amrā(n).
Ɔno (Mose) kaa sɛ, "Sɛ Onyankopɔn pɛ a, wobɛhunu me abotarefoɔ, na merensɔre ntia wo wɔ asɛm biara mu."
قَالَ فَاِنِ اتَّبَعْتَنِيْ فَلَا تَسْـَٔلْنِيْ عَنْ شَيْءٍ حَتّٰٓى اُحْدِثَ لَكَ مِنْهُ ذِكْرًا ࣖ
qāla fa inittaba‘tanī falā tas'alnī ‘an syai'in ḥattā uḥdiṡa laka minhu żikrā(n).
Ɔkaa sɛ, “Sɛ mudi m’akyi a, ɛnneɛ mommisa me biribiara ho asɛm, kɔsi sɛ mɛkyerɛkyerɛ mu akyerɛ mo.
فَانْطَلَقَاۗ حَتّٰٓى اِذَا رَكِبَا فِى السَّفِيْنَةِ خَرَقَهَاۗ قَالَ اَخَرَقْتَهَا لِتُغْرِقَ اَهْلَهَاۚ لَقَدْ جِئْتَ شَيْـًٔا اِمْرًا
fanṭalaqā, ḥattā iżā rakibā fis-safīnati khara ahā, qāla akharaqtahā litugriqa ahlahā, laqad ji'ta syai'an imrā(n).
Enti wɔn baanu no nantew, kosii sɛ wɔn baanu nyinaa foroo ɔkorow no, ɔtoo mu tokuru. Ɔno (Mose) kaa sɛ, "Adɛn nti na woyɛɛ tokuru wɔ hyɛmma no mu, sɛ wobɛmene akwantufoɔ no?" Nokwarem no, woadi mfomso kɛse.
قَالَ اَلَمْ اَقُلْ اِنَّكَ لَنْ تَسْتَطِيْعَ مَعِيَ صَبْرًا
qāla alam aqul innaka lan tastaṭī‘a ma‘iya ṣabrā(n).
Ɔkaa sɛ, "Manka ankyerɛ wo sɛ ampa ara worentumi nnya me ho abotare?"
قَالَ لَا تُؤَاخِذْنِيْ بِمَا نَسِيْتُ وَلَا تُرْهِقْنِيْ مِنْ اَمْرِيْ عُسْرًا
qāla lā tu'ākhiżnī bimā nasītu wa lā turhiqnī min amrī ‘usrā(n).
Ɔno (Mose) kaa sɛ, "Mma ntwe m'aso wɔ me werɛ a mafiri no ho na mfa nsɛnnennen biara nto me so wɔ me nsɛm mu."
فَانْطَلَقَا ۗحَتّٰٓى اِذَا لَقِيَا غُلٰمًا فَقَتَلَهٗ ۙقَالَ اَقَتَلْتَ نَفْسًا زَكِيَّةً؈ۢبِغَيْرِ نَفْسٍۗ لَقَدْ جِئْتَ شَيْـًٔا نُّكْرًا ۔
fanṭalaqā, ḥattā iżā laqiyā gulāman fa qatalah(ū), qāla aqatalta nafsan zakiyyatam bigairi nafs(in), laqad ji'ta syai'an nukrā(n).
Enti wɔn baanu nyinaa nantew; kosii sɛ wɔn baanu hyia aberante bi no, okum no. Ɔno (Mose) kaa sɛ, "Adɛn nti na wokum ɔkra kronn, ɛnyɛ sɛ okum onipa foforɔ nti? Ampa ara, woayɛ bɔne kɛseɛ."
۞ قَالَ اَلَمْ اَقُلْ لَّكَ اِنَّكَ لَنْ تَسْتَطِيْعَ مَعِيَ صَبْرًا
qāla alam aqul laka innaka lan tastaṭī‘a ma‘iya ṣabrā(n).
Ɔkaa sɛ, "Manka ankyerɛ wo sɛ worentumi nnya me ho abotare anaa?"
قَالَ اِنْ سَاَلْتُكَ عَنْ شَيْءٍۢ بَعْدَهَا فَلَا تُصٰحِبْنِيْۚ قَدْ بَلَغْتَ مِنْ لَّدُنِّيْ عُذْرًا
qāla in sa'altuka ‘an syai'im ba‘dahā falā tuṣāḥibnī, qad balagta mil ladunnī ‘użrā(n).
Ɔno (Mose) kaa sɛ, "Sɛ mibisa wo biribi ho asɛm wɔ yei akyi a, ɛnde mma me kwan mma me ne wo nkɔ bio, nokwarem no, woanya (boasetɔ) a ɛdɔɔso a wode begye me anoyi ahorow atom."
فَانْطَلَقَا ۗحَتّٰىٓ اِذَآ اَتَيَآ اَهْلَ قَرْيَةِ ِۨاسْتَطْعَمَآ اَهْلَهَا فَاَبَوْا اَنْ يُّضَيِّفُوْهُمَا فَوَجَدَا فِيْهَا جِدَارًا يُّرِيْدُ اَنْ يَّنْقَضَّ فَاَقَامَهٗ ۗقَالَ لَوْ شِئْتَ لَتَّخَذْتَ عَلَيْهِ اَجْرًا
fanṭalaqā, ḥattā iżā atayā ahla qaryatinistaṭ‘amā ahlahā fa abau ay yuḍayyifūhumā fa wajadā fīhā jidāray yurīdu ay yaqaḍḍa fa aqāmah(ū), qāla lau syi'ta lattakhażta ‘alaihi ajrā(n).
Enti wɔn baanu no toaa so; enti sɛ wɔn baanu no baa ɔman bi mu nnipa nkyɛn a, wɔn baanu nyinaa srɛɛ sɛ nnipa no nnye wɔn ani, nanso wɔn (saa ɔman no mufo) mpɛ sɛ wɔbɛgye wɔn ani, afei wɔn baanu nyinaa huu afie a ɛkame ayɛ sɛ ɛrebubu (wɔ saa ɔman no mu) no afasu, afei ɔteɛɛ wɔn. Ɔno (Mose) kaa sɛ, "Sɛ wopɛ a, wobɛtumi abisa akatua wɔ ho."
قَالَ هٰذَا فِرَاقُ بَيْنِيْ وَبَيْنِكَۚ سَاُنَبِّئُكَ بِتَأْوِيْلِ مَا لَمْ تَسْتَطِعْ عَّلَيْهِ صَبْرًا
qāla hāżā firāqu bainī wa bainik(a), sa'unabbi'uka bita'wīli mā lam tastaṭī‘ ‘alaihi ṣabrā(n).
Ɔkaa sɛ, "Eyi ne mpaepaemu a ɛda me ne wo ntam; mɛma mo nkyerɛkyerɛmu wɔ nneyɛeɛ a moantumi ansoa no ho."
اَمَّا السَّفِيْنَةُ فَكَانَتْ لِمَسٰكِيْنَ يَعْمَلُوْنَ فِى الْبَحْرِ فَاَرَدْتُّ اَنْ اَعِيْبَهَاۗ وَكَانَ وَرَاۤءَهُمْ مَّلِكٌ يَّأْخُذُ كُلَّ سَفِيْنَةٍ غَصْبًا
ammas-safīnatu fa kānat limasākīna ya‘malūna fil-baḥri fa arattu an a‘ībahā, wa kāna warā'ahum malikuy ya'khużu kulla safīnatin gaṣbā(n).
Ɛdefa ɔkorow no ho no, na ɛyɛ ahiafo a wɔyɛ adwuma wɔ po so dea; Meyɛɛ m’adwene sɛ mɛsɛe no, ɛfiri sɛ na ɔhene bi wɔ wɔn anim a ɔbɛfa hyɛmma biara.
وَاَمَّا الْغُلٰمُ فَكَانَ اَبَوَاهُ مُؤْمِنَيْنِ فَخَشِيْنَآ اَنْ يُّرْهِقَهُمَا طُغْيَانًا وَّكُفْرًا ۚ
wa ammal-gulāmu fa kāna abawāhu mu'minaini fa khasyīnā ay yurhiqahumā ṭugyānaw wa kufrā(n).
Na aberanteɛ (ɔtiafoɔ) no deɛ, na n’awofoɔ yɛ agyidifoɔ, na na yɛsuro sɛ ɔbɛhyɛ wɔn ma wɔadi mfomsoɔ ne wɔn a wɔnnye nni.
فَاَرَدْنَآ اَنْ يُّبْدِلَهُمَا رَبُّهُمَا خَيْرًا مِّنْهُ زَكٰوةً وَّاَقْرَبَ رُحْمًا
fa aradnā ay yubdilahumā rabbuhumā khairam minhu zakātaw wa aqraba ruḥmā(n).
Afei yɛpɛe sɛ wɔn Awurade de obi foforo a ne ho tew sen no na ɔwɔ ayamhyehye (ma n’awofo) besi n’ananmu.
وَاَمَّا الْجِدَارُ فَكَانَ لِغُلٰمَيْنِ يَتِيْمَيْنِ فِى الْمَدِيْنَةِ وَكَانَ تَحْتَهٗ كَنْزٌ لَّهُمَا وَكَانَ اَبُوْهُمَا صَالِحًا ۚفَاَرَادَ رَبُّكَ اَنْ يَّبْلُغَآ اَشُدَّهُمَا وَيَسْتَخْرِجَا كَنْزَهُمَا رَحْمَةً مِّنْ رَّبِّكَۚ وَمَا فَعَلْتُهٗ عَنْ اَمْرِيْۗ ذٰلِكَ تَأْوِيْلُ مَا لَمْ تَسْطِعْ عَّلَيْهِ صَبْرًاۗ ࣖ
wa ammal-jidāru fa kāna ligulāmaini yatīmaini fil-madīnati wa kāna taḥtahū kanzul lahumā wa kāna abūhumā ṣāliḥā(n), fa arāda rabbuka ay yablugā asyuddahumā wa yastakhrijā kanzahumā raḥmatam mir rabbik(a), wa mā fa‘altuhū ‘an amrī, żālika ta'wīlu mā lam tasṭī‘ ‘alaihi ṣabrā(n).
Na ɔfasuo no deɛ, na ɛyɛ mmarimaa nyisaa mmienu a wɔwɔ kuro no mu dea, na akoradeɛ a ɛyɛ wɔn dea ahintaw wɔ aseɛ no, na wɔn agya yɛ ɔtreneeni. Enti w’Awurade pee se wodu onyin ho na woyi won ademude no ba se mmɔborɔhunu a efi w’Awurade hɔ. Ɛnyɛ m’ankasa me pɛ na meyɛɛ saa. Ɛno ne nneyɛe a moannya abotare wɔ ho no ho nkyerɛkyerɛmu.”